Innocent Mahamadu Yahaya

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Innocent Mahamadu YahayaGhana amanyɔni. Na ɔka Ghana mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmienu wɔ 4th Republic mu. Na ogyina hɔ ma Chereponi abatow mpesua a na ɛwɔ Ghana Atifi Mantam.

Alhaji Innocent Mahamadu Yahaya
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Chereponi
Bere
7 January 1993 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJohn Jerry Rawlings
Ne ho asɛm
Awo bere(1954-04-17)17 April 1954
Chereponi, Northern Region Ghana)
Owu bere12 September 2000(2000-09-12) (aged 46)
Ne manGhanaGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔBulgarian Academy of Sciences in Sofia, Bulgaria, Gbewaah Training College
N'adwumaAmanyɔni
N'adwumaTeacher

Ne mmofraberem sesa

Wɔwoo Yahaya Oforisuo da a ɛtɔ so dunsɔn afe 1954 mu wɔ Chereponi a ɛwɔ Ghana Atifi Mantam.[1] Ɔkɔɔ sukuu wɔ Academy of Social Sciences. Ɛhɔ na onyaa abodin krataa wɔ Political Economy mu.[1] Ɔsan nyaa abodin krataa wɔ adekyerɛ mu fi Gbewaah Training College.

Amanyɔsɛm sesa

Wɔtoo aba maa Yahaya kɔɔ mmarahyɛbadwam wɔ National Democratic Congress(NDC) din mu. Wɔpaw no de ma Chereponi abatow mpesua wɔ Ɔpɛnimaa 1996 Ghana abatoɔ mu.[2] Onyaa 9092 mma efi 17158 mma a wɔtoo nyinaa mu; eyi gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm aduasa akron (39.6%). Wɔn a wɔne no gyinaa wɔ saa abatow no mu ne Jakpa Samson Mariba, Bawa Ali Manshi ne Tabi Anthony Bondo Yaw. Wonyaa mma 3825, mma 2794 ne mma 1510.[3]

Wotuu no wɔ 2000 National Democratic Congress(NDC) amanyɔkuw abatow no mu. Wotuu no de Mohammed Seidu Abah sii n'ananmu wɔ 200 Ghana abatow no mu.[4]

N'adwuma mu nsɛm sesa

Ná Yahaya yɛ ɔkyerɛkyerɛni.

N'abrabɔ mu nsɛm sesa

Yahaya yɛ Nkramoni.[1] Ofii mu Ɛbɔ da a ɛtɔ so dumien afe 2000 mu.

Beae a minyaa mmoa fii sesa

  1. 1.0 1.1 1.2 https://ghanamps.com/mp/mahamadu-yahaya-innocent/
  2. https://www.primidi.com/mps_elected_in_the_ghanaian_parliamentary_election_1996/list_of_mps_elected_in_the_general_election/northern_region_-_23_seats
  3. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/northern/141/
  4. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/northern/141/