John Frank Abu

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

John Frank Abu yɛ Ghanani amanyɔnii a na ogyina mu ma Amenfi Central mansini wɔ Atoeɛ Mantam wɔ Ghana mmarahyɛbadwafie a na edikan ne deɛ na ɛtɔ so mmienu na afei ɛsan tɔ so mmiɛnsa mu wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan. Na ɔyɛ mansoafoɔ a ɔhwɛ sika kɔkɔɔ adwuma so ne nkanea na afei nso na ɔyɛ mansoafoɔ a ɔhwɛ dwadie ne nnwumakuo so. Na ɔyɛ Mansoafoɔ wɔ Atɔeɛ Mantam a na ogyina mu ma kyiniiɛ (NDC) amanyɔkuo wɔ aban mu.[1][2]

Hon.
John Frank Abu
Bere
7 January 1993 – 6 January 1997
AnanmusiniGeorge Kofi Arthur
MP for Amenfi Central
Bere
7 january 1997 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJohn Agyekum Kufour
Bere
7 January 2001 – 6 january 2005
Ne ho asɛm
Awo bereAmenfi Central, Western Region
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaPolitician
N'adwumaMinister

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Sukuu sesa

Wɔwoo Abu wɔ Amenfi Central wɔ Atɔeɛ MantamGhana. Ɔkɔɔ ne ntoasoɔ Sukuu wɔ "University of Guelph" Suapɔn mu wɔ Canada, ɛhɔ na ɔnyaa abɔdini krataa a ɔfrɛ no Dɔkota wɔ Filɔsɔfi a brɔfo kasa mu no ɔfrɛ no (Doctor of Philosophy), (PhD). Ɔkɔ suaa 'Agriculture wɔ 'University of Ghana' Suapɔn mu na onyaa abɔdini krataa a ɔfrɛ no 'Master of Science and Bachelor of Science degrees'.

Amanyɔsɛm sesa

Wɔ afe apem aha-nkron ne aduokron nson (1997) mu no, Ɔmanpanin Jerry John Rawlings too ne nsa frɛɛ no sɛ ɔmɛyɛ mansoafoɔ ma nkanea ne sika kɔkɔɔ tuo ho adwuma.[3] Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nson (2007) mu no, ɔtoo aba yii no sɛ NDC oti tena nii ma Atoeɛ mantam, ɔde mma aduosia nnwɔtwe (68) na etuu Mr Seidu Adamu a ɔne no sii akan a ɔno nso nyaa mma aduosia (60).

Odii kan too aba yii Abu maa no kɔɔ mmarahyɛbadwafie sɛ mmarahyɛbadwani wɔ mmarahyɛbadwafie a edikan wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan wɔ 1992 Ghana mmarahyɛbadwam abatoɔ a ogyinaa mu maa Kyiniiɛ (NDC) amanyɛkuo no. Ɔbaa mmarahyɛbadwam wɔ mmarahyɛbadwafie a ɛtɔ so mmienu mu wɔ Ɔpɛpɔn bosome wɔ afe apem aha-nkron aduokron nsia mu (1996) Ghana abatoɔ kɛseɛ no mu. Ɔnyaa mma 18,644 a ɛkyerɛ ɔha nkyenkyemu 67.7% a efiri 27, 551 mu. Deɛ ɔne no sii akan a ne din de Emmanuel O.K Duah a ɔno nso nyaa 8,136 mma a ɛkyerɛ ɔha nkyekyemu 25.9% nna Kofi Osei nso nyaa 624 mma a ɛno nso kyerɛ ɔha nkekyemu 2.3%, Lawrence K. Afari nso nyaa 147 mma nna Kwame Adjei-Amoahene nso nyaa 0 mma.[4][5]

Adwuma sesa

Abu yɛ Oti tena nii ma Tema Oil Refinery Limited.[6] Na ɔyɛ mansoafoɔ ma sika kɔkɔɔ tuo adwuma ne anyinam nkanea. Na ɔsan nso yɛ adwuma sɛ mansoafoɔ ma dwadie ne nnwumakuo ahodoɔ. Ɔsan nso yɛ obi a ɔhwɛ kuayɔ nsɛm so.

Beaɛ a me nyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Dr-Abu-elected-W-R-Chairman-of-NDC-95049
  2. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/republic/ndc_ministers.php
  3. http://www.reportingoilandgas.org/review-of-ghanas-energy-petroleum-ministry/
  4. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/parliament/western/210/index.php
  5. https://books.google.com.gh/books?id=opodAQAAMAAJ&q=John+Frank+Abu&redir_esc=y
  6. https://www.bloomberg.com/profile/person/16629977