Jollof rice

Ɛmoo a yɛde stew afra
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Jollof (About this soundpronounciation of "Jollof" ) yɛ, ɛmoo aduane a agyedin wɔ Abibirem atɔeɛ na agyedin wɔ Aman a abibiremfoɔ te pa ara wɔ wiase aman nyinaa so. Wɔde ɛmoo a ɛyɛ tenten, ntoosi, gyeene, spices, nhaban ɛne mogya nam nua bom wɔ kyɛnsen baako mu, Ɔkwan ne neɛma a wɔde yɛ da nso wɔ nnuane ahoro nyinaa mu.

Abakɔsɛm ne ne farebae sesa

Jollof fi Senegambian mantamu a Wolof anaa Jolof Empire dii wɔn so14th century mu, ɛne Senegal, The Gambia ne Mauritania, a wɔ dua ɛmoo. Aduane no firi amammerɛ aduane bi a yɛfrɛ no thieboudienne, a yɛde ɛmoo, nsuomnam, nsuomnam a nwura hyɛ ho ne nhaban ayɛ. Aduane ne kuadwuma mu abakɔsemkafoɔ James C. McCann ka sɛ ɛmoo firi upper Niger valley, nanso ɔnnye nni sɛ aduane yi terɛɛ firi Senegal kɔ sii baabiara a edu nnɛ efirisɛ ɔnhu ɔkwan a ɛbɛtumi aterɛ saa wɔ "kasahodoɔ ho nimdepɛ, abakɔsem anaa amanyɔsem mu". Na ɛmom ɔkaa sɛ aduane no trɛɛ wɔ Mali empire, ne titirew ne Djula adetɔnfo a wɔn hyeta wiase mmea beberee a wɔ tɔn ade wɔ kuro keseɛ mu, nketewa ne baabiara a wɔdi ɛmoo ho dwa ne Nkremo. Marc Dufumier, Emeritus twerɛtwerɛ payin ma ɔkwan a wɔde abɔdeɛmu nyansapɛ ne abɛɛfo ne nnua yɛ kuadwuma susu baabi a aduane yi firi sɛ ɛnam nsunsuansoɔ a ɛfiri ɔkwan a abrɔfo a na wɔdi yɛn so no fa so bɔ nkatedua ho dawuro wɔ Senegal mfimfinii ma French ngo adwuma no, ne baabi a wɔ te te atoko ne sorghum aduane ahoroɔ di so no ma wɔde ɔhyɛ kraa ɛmoo a ebubu firi Anaafoɔ apueɛ mamtamu wɔ Asia. Ɛno na ɛterɛeɛ wɔ abakɔsem adetɔn, ammamerɛ ne ɔsom kwan so ka Senegal bɔ Ghana, Nigeria ne aman ahodoɔ mu kɔsi nnɛ, te sɛ Tijāniyyah Sufi fekuo a ɛde amanfoɔ mpempem efi Abibirem Atɔeɛ kɔ Senegal afi afi no.

Asaase ho ntentensoɔ ne nsesaeɛ sesa

Jollof yɛ aduane a agye din wɔ Abibirem atɔeɛ. Yɛ wɔ mantamu nsesaeɛ wɔ din ne neɛma a wɔ nua , wɔ Mali wɔ frɛ no zaamè wɔ Bamanankan. Aduane ne din a yɛ frɛ no Jollof no firi Wolof foɔ,din mu,ɛmom wɔ Senegal ne Gambia no, wɔ frɛ Wolof sɛ ceebu jën anaa benachin. Wɔ aman a wɔ ka french kasa no ,wɔ frɛ no riz au gras. Ɛnsesaeɛ no nyinaa akyi no , aduane no wɔ "pɛmesibea baakɔ" wɔ mamtamu ahoro nyinaa na ɛyɛ aduane a ɛwɔ Abibirem ha a agye din wɔ Abibirem asaasetam abɔnten so .

Nneɛma a wɔ de yɛ sesa

 
ɛmoo a yɛ de nhaban afra akye, jollof ɛmoo ne nhaban ahoro,a yɛde akokɔ nam aka ho .

Jollof ɛmoo wɔ amammerɛ mu no yɛ, ɛmoo, angwa, atɔsodeɛ te sɛ ntosu,gyeene,mako kɔkɔɔ, galik , akakaduro ne mako a ano yɛ den. Sɛ neɛ aduane no ahosuo no bɛ yɛ fɛ nti, wɔ de ntosu a ɛwɔ konkomu ka ho. Nneɛma a wɔde ka ho ma no yɛ dɛ ne nkyen,magi, nutmeg,ne nhaban te sɛ rosemary, nketenkete ne nea ɛke ka ho,ne curry powder . Sɛ nea aduane no be di mu nti , wɔ de akokɔ nam , kurokuro nam,nantwi nam, aponkye nam ne nsuomu nam ka ho.

Mantam nsonsonoeɛ ne kuratwe sesa

Aman a ɛwɔ Abibirem atɔeɛ mantam nyinaa wɔ biribi soronko a ɛma aduane no da nso, Wɔ Ghana, Nigeria, Sierra Leone, Liberia ne Cameroon si akan wɔ nea ne jollof yɛ dɛ ho. Aman a ɛhyɛ mu kena ne Nigeria ne Ghana, wa to ne din sɛ Jollof kuratwe ".

Nigeriafoɔ Jollof

Ɛwɔ mu nsonsonoeɛ da aduane nyinaa mu, neɛma a Nigeriafoɔ de yɛ wɔn jollof no ne ɛmoo atenten, ntoosi ne ntoosi a ɛwɔ konko mu,mako,, angwa,gyeene,ne magi. Yɛ noa neɛma no beberee wɔ kyensen baako mu, a mako ne ntoosi a ya yam na edi kan. Ɛno ben ansa yɛ de nsuo ne ɛmoo no agu mu ama no aben. Aduane no ben a na yɛ de enam aka ho edi. Nnipa bi nso kye brɔdeɛ a abere ka ho, anaa moi moi, atosodeɛ a ya noa anaa sɛ nea yɛ twetwa ne nea ɛkekaho [1]

Ɛwɔ bia a nsutene da wɔ Nigeria no a nsuomunam na agye din wɔ hɔ no, nsuomunam na wɔ de di aduane no.

Wɔ de atosodeɛ angwa, gyeene, mako akɛse no, garlic, mako a ano yɛ ya, ntoosi a ɛwɔ konko mu, nantwi anaa aponkye anaa akokɔ nam ne Ghana ɛmoo anaa amanɔne deɛ na ɛyɛ Ghana jollof, ne mako tumtum. Sɛ wɔ nua aduane no a, wɔ di kan nua enam no na wakye. Wɔ kye nam no wie a na wɔ de neɛma no a aka no agu be kyɛnsen no mu anoa ama no aben ansa wɔ de ɛmoo no agu mu anua ma na ben. Wɔ de aponkye, akokɔ , nsuo mu nam anaa nantwi nam anaa atosodeɛ na edi Ghana jollof .

Wɔ de shito nso de Ghana jollof, (shito yɛ meko bi a efi Ghana) ne atɔsodeɛ wɔ abere a wɔ de dwumadie bi wɔ Ghana.

Edingye wɔ wiase afanaa nyinaa sesa

Fiti mfeɛ mpem mmienu ne du (2010) mu no, amanfo bebree a ɛwɔ amanɔne aniagye aduane a ɛwɔ Abibirem atɔeɛ ho. Wa hyehyɛ jollof aduane ho afahyɛ wɔ Washington, DC, wɔ Amereka , ne Toronto, Canada. "Wɔ di Jollof daa wɔ wiase afanaa nyinaa" fi Ɔsanaa bosome no da ɛtɔ so eduonu mienu wɔ afe 2015 mu kɔsi nnɛ, na agye din wɔ abɛɛfo ntentan nyinaa so.

Hwɛ wie nso sesa

  • Charleston red rice
  • Jambalaya
  • List of African dishes
  • Thieboudienne

Ntotoho sesa

https://ak.wikipedia.org/wiki/Special:ContentTranslation?title=Special:ContentTranslation&campaign=contributionsmenu&to=ak&page=Jollof+rice&from=en&targettitle=Jollof+rice#:~:text=Togolese%20cuisine,Rice%20dishes

Akenkan a ɛkɔ anim sesa