Joseph Amankwanor

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Joseph Sam Amankwanor (wɔwoo no Ɔkɔtɔberɛ 14, 1954) yɛ Ghana amanyɔni na mprempren ɔyɛ Ghana mmrahyɛbagua no muni a ɔgyina Upper West Akim mantam ananmu. Wɔ Ɔbɛnem 22, 2012 no, odii nkonim wɔ abatow a edi kan wɔ National Democratic Congress mu ; Na ɔyɛ Republic of Ghana mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 5 ne 6 no muni.

Ankorankoro asetra sesa

Amankwanor yɛ Kristoni (Ahemfie Asɔredan). Ɔwaree na ɔwɔ mma baanum.

Mfitiase asetra ne nhomasua sesa

Wɔwoo Amankwanor wɔ Ɔkɔtɔberɛ 14, afe 1954. Ɔfiri Adeiso, kuro bi a ɛwɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu . Ɔyɛ obi a wawie sukuu wɔ Institute of the Motor Industry, London na onyaa ne adansedi krataa wɔ afe 1980.

Amammui mu adwuma sesa

Amankwanor yɛ National Democratic Congress (NDC) no muni. Wɔdii kan paw no sɛ ɔmmɛdi tumi wɔ December 2008 mu a ɔnyaa abatoɔ 18,736 wɔ abatoɔ 34,741 a ɛfata mu. Ɔgyinaa Upper West Akim mantam ananmu wɔ Ghana Republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 5 no mu. Ɔdii tumi a ɛtɔ so mmienu wɔ berɛ a wɔsan paw no wɔ afe 2012 Ghana amansan abatoɔ mu denam abatoɔ 15,308 a ɔnyaeɛ wɔ abatoɔ 28,517 a ɛfata wɔ ne mansin mu no so.

Nsɛm a wɔde gyinaa so sesa