Kabi-Ma-Menkabi

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kab-Ma- MenkAbi (ɛwɔ Greek kasa mu δημοκρατία (dēmokratía) dēmos 'people' and kratos 'rule')[1] yɛ amammuo bi a ɔmanfoɔ no wɔ tumi ka nsɛm a ɛfa wɔn ho bi na wɔtumi nso kyerɛ deɛ wɔpɛ, anaa sɛ wɔtumi ti nnipa a wɔpɛ sɛ wɔdi wɔn soɔ . Deɛ wɔtumi ka sɛ ɔka 'nnipa ho' ne sɛdeɛ wɔkyɛ tumi asesa wɔ mmerɛ yi mu ɛna asesa wɔ aman foforɔ so, mmerɛ rent nanim yi Kabul-Ma-Menkabi aman mu nnipa dodoɔ no ara na abɛka ho. Deɛ ɛkura Kabi ma menkabi amammuo pa ara me sɛ wotumi te kuo biara na wode wo ho dɔm kuo biara wopɛ, wotumi pɛ agyapadeɛ, wotumi dɔm som biara wopɛ ne wotumi kyerɛ wadwene, wɔbu Nnipa nyinaa pɛ, wotumi kɔka ɔman bi ho, wotumi te amammuo bi ase, wotumi to aba na afei wotumi sesa amammuo bi a worempɛ anaa ɛtiatia nnipa fawohodie so te sɛ ɔbɛgye obi nkwa afiri ne nsa.

Kabi ma menkabi asesa ne ho pii wɔ mmerɛ a atwam yi. Ahyɛaseɛ no na kabi ma menkabi bi yɛ deɛ wani sɛ mu. Ɛnnɛ yi kabi ma menkabi a yɛtaa hunu pa ara ne sɛ obi regyina amanfoɔ no anan mu, berɛ ɔmanfoɔ no bɛto aba ayi nnipa bi sɛ wɔnnyina wɔ anan mu wɔ mmrahyɛbadwafie anaa Ɔmanpanin Bea[2]

Agyinasie fa kɛseɛ wɔ kabi ma menkabi amammuo mu no gyinaa nnipa dodoɔ nnyetomu so,[3][4]ɛna nnipa dodoɔ mmorosoɔ anaa nteaseɛ nso ka agyinasie ho wɔ kabi ma menkabi amammuo mu. Yei kyerɛ hia ɛhia sɛ wɔbɛgye obiara adwenekyerɛ ne nnyetom mu wɔ nsɛm a Ɛho hia pa ara - Nnipa dodoɔ nnyetom- Ɛno nti wɔtaa si gyinaeɛ wɔ amammara kwan so. Ɛwɔ kabi ma menkabi a ɛmu nyɛden a dodoɔ nnyetom tumi no taa yɛ adwuma wɔ kabi ma menkabi a ɔbi na ɔgyina ɔmanfoɔ no anan mu Nanso Amammara no de akwansideɛ to Dɔm kɛseɛ ne Dɔm kumaa kyengyeɛ ho. Ɛtaa yɛ ankoreankore fawohodie te sɛ fawohodie wɔ kasa mu anaa fawohodie wɔ ɛkuo teɛ ho[5].

Asɛmfua Kabi Ma Menkabi firii aseɛ wɔ Afeha a ɛtɔ so num A.Y.B mu a na ɛkyerɛ amammuo a wɔ 'Greek' nkuro mu te sɛ 'Classical Athens' a ɛna ɛkyerɛ sɛ 'Amanfoɔ Amammuo a na ɛne wɔn a wɔwɔ sika ne agyapadeɛ amammuo no bɔ Abira. '(ἀριστοκρατία, aristokratía)' Kyerɛ 'Animdefoɔ Amammuo'. [6]Aborɔfo Kabi. Ma,Menka bi yɛ soronko firi kabi ma menka a adikan nyinaa ho. Yɛtaa ka sɛ ɛfirii ase wɔ nkuro akɛseɛ mu te sɛ 'Classical Athens ne Roman Republic' a fawohodie ahodoɔ de ma mmarima a wɔwɔ hɔ ansa na saa nhyehyɛeɛ no retwam rema anibue rehyɛ aseɛ. Sɛ yɛhwɛ a Kabi Ma Menkabi amammuo a ɛhyɛɛ aseɛ wɔ teteberɛ mu nyinaa ne nnɛ yi deɛ nyinaa abakwasɛm mu no, na kabi Ma menkabi amammuo foɔ no yɛ Animdefoɔ nko ara ansa na wɔmaa kwan maa ɔman mu no nyinaa de wɔn ho hyɛɛ mu wɔ berɛ a wɔmaa ɔmanfoɔ no nyinaa kwan sɛ wɔnkɔ to aba wɔ Afeha a ɛtɔ so du- nkron ne aduonu mu.

Kabi Ma Menkabi amammuo ne amammuo afoforɔ bɔ abira te sɛ amammuo Nipa baako pɛ kura tumi te sɛ Kaa Nkabi amammuo anaa deɛ tumi kura nnipa ketewa bi.

Karl Popper kyerɛɛ Kabi Ma Menkabi mu ne nsonsoneɛ ɛda Kaa Nkabi mu berɛ ɔde gyinaa akwannya a amanfoɔ no wɔ de yi wɔ akandifoɔ ne sɛ wɔbɛ sesa wɔ a ɛnhia aban tuguo biara no. Ɛwiase adwenekyerɛ kɔ ma Kabi Ma Menkabi amammuo no yɛ kɛseɛ pa ara na ɛgye no tom[7]

Beaɛ Menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. https://en.wikipedia.org/wiki/Democracy#cite_note-Oxford-1
  2. https://doi.org/10.1007%2F978-3-030-39691-6
  3. http://www.merriam-webster.com/dictionary/democracy
  4. https://books.google.co.uk/books?id=d_4BGe7-pFIC&pg=PR9&lpg=PR9&dq=%E2%80%9CThere+is+no+practical+alternative+to+majority+political+rule+%E2%80%93+i.e.,+to+taking+the+consent+of+the+majority+as+the+act+of+the+whole+and+binding+every+individual.
  5. https://en.wikipedia.org/wiki/Oxford_English_Dictionary
  6. https://en.wikipedia.org/wiki/Democracy#cite_note-7
  7. https://en.wikipedia.org/wiki/Democracy#cite_note-10