Ken Meyir Kunfah

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Ken Meyir KunfahAbout this soundpronounciation of "Ken Meyir Kunfah" Ghana amanyɔnii a yɛ woo no Ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so ɛduonu nan wɔ afe apem ahankron ɛduonum mmienu mu. Na ɔyɛ mmarahyɛbedwanii wɔ mmarahyɛbedwam a edi kan wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no mu, Ɔno na na ɔgyina mu ma Lawra-Nandom mpɛsoaso wɔ Atɔeɛ mantam wɔ Ghana.[1]

Abrabɔ Ahyɛaseɛ Ne Sukuu sesa

Yɛ woo Kunfah wɔ A ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so ɛduonu nan wɔ afe apem aha nkonoo ɛduonum mmienu mu a ɛwɔ Nandom wɔ Atɔeɛ mantam wɔ Ghana. Kunfah kɔɔ College Of Insurance and Risk Management sukuu, Monrovia na ɔnyaa ne Diploma abosobɔdeɛ wɔ Insurance mu.

Amanyɔsɛm sesa

National Democratic Congress amanyɔkuo (NDC) na ɛdii kan yii Kunfah kɔɔ mmarahyɛbedwa fie sɛ, ɔnkɔ yɛ anamsinii mma Lawra-Nandom mpɛsoaso wɔ Atɔeɛ mantam wɔ Ghanaman mu wɔ afe apem aha nkron aduokron mmienu Ghana mmarahyɛbedwam abatoɔ no mu. Wɔ afe apem aha nkron ɛduokron nsia mu no, Anthony Bondong bɛ hyɛɛ Kunfah ananmu. Wɔ afe apem ahankron aduokron nsia Ghanaman mu nyinaa abatoɔ mu no Bondong nyaa mma mpem aduonu mmienu, ahanan aduanan nwɔtwe baako firi ɔman mu abatoɔ no nyinaa mu de tia People's National Convention amanyɔuo (PNC) ɔkansinii Gyader Edward Nminyair a ɔnyaa mma mpem wɔtwe, ahanan aduowɔtwe nsia, New Patriotic Party amanyɔkuo (NPP) nso kansinii Naapie Guomil nyaa mma mpem mmienu, ahankron mmienu.

Nnwuma sesa

Kunfah yɛ Insurance dwumakuo hwɛsofoɔ panin.

N'abrabɔ sesa

Kunfah yɛ Okristonii.

Beaɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ sesa

  1. https://github.com/maryjonah/maryjonah.github.io