Kobina Okyere

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kobina Okyere About this soundpronounciation of "Kobina Okyere" Ghana amanyɔni na ɔsan ka mmarahyɛbadwafoɔ a wɔdi kan wɔ kwasafoman Ghana na ɔgyinaa mu maa National Democratic Congress wɔ Assin South abatoɔ mpɛsoa so.[1]

Abrabɔ Ahyɛaseɛ Ne Sukuu sesa

Yɛwoo Kobina wɔ Ɔpɛnimaa da a ɛtɔ so aduonu-nnwɔtwe wɔ afe apem, ahankron ne aduanan nnwɔtwe (1948) mu. Ɔkɔɔ Sukuupɔn wɔ "University of Cape Coast ne University of Ife", a ne nsa kaa ne Bachelor of Arts ne Master of Arts wɔ Education ne Education Administration mu. Ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛ ansa na ɔrekɔ mmarahyɛbedwafie.[1]

Amanyɔsɛm sesa

Ɔhyɛɛ n'amanyɔsɛm dwumadie ase wɔ afe apem, ahankron ne aduokron mmienu (1992) mu na ɔtuu ne ho sii hɔ sɛ ɔrepere abɛyɛ National Democratic Congress mmarahyɛbedwani wɔ ne mpasua so wɔ mfimfini mantam mu a ɛwɔ Ghana bere a wɔrehyɛ Ghana mmarahyɛbadwafie abatoɔ a edi kan ase wɔ afe apem, ahankron ne aduokron mmienu (1992) mu.

Ɔdii nse wɔ mmarahyɛbadwa a edi kan no mu Ghana kwasafoman a ɛtɔ so nnan wɔ Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so nson wɔ afe apem, ahankron ne aduokron mmiɛnsa (1993) mu bere a wɔpae mu kaa sɛ woadi nkunim wɔ Ghana abatoɔ a wɔtoo no Ɔpɛnimaa da a ɛtɔ so aduonu-nkron wɔ afe apem, ahankron ne aduokron mmienu (1992) mu.

Bere a ɔsomm mfie nnan wieeɛ no, Okyere hweree ne diberɛ maa ne yɔnko a ɔne no wɔ amanyɔkuo baako mu a wɔfrɛ no Kwaku Al-Hassan Dadzie. Ɔdii nkunim wɔ New patriotic Party kuoba so a ɔnyaa mma 12,488 a ɛgyina hɔ ma 36.00% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ no, Emmanuel Koomson a ɔwɔ Convention people's Party nso nyaa mma 629 a ɛgyina hɔ ma 1.80% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ no, ɛna Michael Damtse nso nyaa mma 230 a ɛgyina hɔ ma 0.70% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ no mu wɔ Ghana abatoɔ a wɔtoo no wɔ afe apem, ahankron ne aduokron nsia (1996) mu.

Kwaku nyaa mma 14,945 a ɛgyina hɔ ma 43.10% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ no mu. Ɛno akyi no, yɛde tumi hyɛɛ ne nsa wɔ Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so nson wɔ afe apem, ahankron ne aduokron nson (1997) mu.[2]

Beaɛ a menyaa mmoa firi yɛ. sesa

  1. 1.0 1.1 Ghana Parliamentary Register 1992-1996. Ghana Publishing Corporation. 1993. p. 301.
  2. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/central/70/index.php