Kobina Sekyi

Ghana mmranimni
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

William Esuman – Gwira Sekyi a wɔ san nso frɛ no Kobina Sekyi (November da edikan, afe 1892, Cape Coast – June 20, afe 1956). Yɛ kane ɔman mmaranimfo, amanyɔni ne ɔkyerɛwfo wɔ Gold Coast.

Ne ho nsɛm sesa

Sekyi awofo ne John Gladstone Sackey a na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo panyin wɔ Wesleyan School a ɛwɔ Cape Coast, a ɔno nso awɔfo ne ɔhene Kofi Sakyi, ɔhenpɔn wo Cape Coast ne Wilhemina Pitersena wosan nso frɛ no Amba paaba, ne maame ne Willem Essuman Pietersen (c.1844 – 1914) a ɔyɛ ankoreankore adwumayɛni wɔ Elmina-Cape Coast ne kane ɔkandifo ma kuo a ɛne Aborigines’ Rights Protection Society (ARPS), a ɔkandifo a ɔbaa wɔ nakyi din ne Henry Van Hien a ɔye Sekyi wofase. ɔno na Sekyi dii n’adeɛ.

Sekyi kɔɔ sukuu wɔ Mfantsipim School na osuaa abɔde nyansapɛ mu wɔ suapɔn a ɛne University of London, bre a ne nana barima de no kɔɔ Bretain. Na ne botae ne sɛ ɔbɛyɛ mfiridwuma dwomfo te sɛ ne wɔfa a ɔne J.B Essuman – Gwira yɛe no, nanso na n’awofo yɛ nea wɔpɛ sɛ ɔyɛ mmaranimfo nti saa adwuma no na ɔde ne ho hyɛɛ mu. Wɔfrɛɛ no kaa amanɔne mmaranimkuo a ɛne English Bar wɔ Inner Temple wɔ afe 1918. Sekyi bɛyɛɛ mmaranim fo Gold Coast. ɔyɛ kane kandifo ma adwumakuo a ne din de Aborigines’ Rights Protection Society, kuo Ntional Congress of British West Africa mu ni, ne kuo a ne din de Coussey Committee a wɔhwɛɛ amanmara nsesae. Ɔwaree Lilly Anna Cleaned a n’awofo yɛ John Peter Clean ne Elizabeth Vroom. Kobina Sekyi wui wɔ Cape Coast wɔ june da a ɛtɔ so 20, afe 1956.

Nnwuma sesa

Sekyi anika nhoma a w’ato din The Blinkards (1915) ka sɛnea ayɛ asre sɛm sɛnea nimpakuo bi agye nneyɛe a abrɔfo amammue de bae no to mu. Nhoma a ɔkyerɛw a w’ato din The Angloga – Fante yɛ nhoma a edikan a wɔkyerɛw no wɔ Brofo Kasa mu wɔ Cape Coast. Wonim no sɛ nhomanimfo a odiikan kɔɔ asɛmdibea a ofuraa ntoma sɛ mmaranimfo. Sɛ Afrikani no, ode sii ne bo sɛ ɛnyɛ ade ɔbehyɛ abrɔfo ntadeɛ biom

Wonim no sɛ nhomanimfo a odiikan kɔɔ asɛmdibea a ofuraa ntoma sɛ mmaranimfo. Sɛ Afrikani no, ode sii ne bo sɛ ɛnyɛ ade ɔbehyɛ abrɔfo ntadeɛ biom

Notes sesa