Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Cape Coast (About this soundpronouciation of"Cape Coast" ) yɛ mfinimfin mantam a ɛwɔ Ghana no nkuro ti. Ɛyɛ beaeɛ bi a wɔyi nam wɔ hɔ. Cape Coast kuro ka Ghana abakɔsɛm nkuro ho, na ɛhɔ nso na Cape Coast Castle wɔ. Gulf of Guinea wɔ ne anaafoɔ fam. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du (2010) nnipa kan wɔ Ghana mu no, na nnipa a wɔte Cape Coast dodoɔ yɛ mpem ɔha ne aduosia nkron,ahanwɔtwe ne aduokron nan (169,894).[1] Kasa nnipa a wɔte Cape Coast ka ne Fante.

Kuro yi tete din ne Oguaa ne Kotokuraba. Joao de Santarém ne Pedro Escobar a na wɔkyerɛ hyɛn kwan wɔ ɛpo so a wɔbɛfaa Oguaa wɔ afe apem ahanan ne aduoson baako(1471) maa beaeɛ no din Cabo Corso a ɛkyerɛ "short cape" a wɔde nyaa edin Cape Coast firii mu. Cape Coast yɛ beaeɛ bi wɔde afahyɛ ahodoɔ aduasa mmienu (32) wɔ hɔ.[2]

Abakɔsɛm sesa

Nnipa a wɔwɔ Oguaa na wɔtee Cape Coast na Ɔmanhene a ɔwɔ mantam hɔ na na ɔhwɛ mantam no so beaeɛ a nnɛ wɔfrɛ hɔ Oguaa Traditional Area. Sɛ yɛka Ghana nkuro a wɔwɔ abakɔsɛm pa ara na Cape Coast ka ho.[3] Portuguesefoɔ a wɔbedii Ghana so sii trading fort wɔ Cape Coast. Wɔ afe apem ahansia ne aduonum (1650) mu no, nnipa bi a wɔfriri Sweden bɛsii lodge a na wɔfrɛ no Cape Coast Castle nso seesie wɔfrɛ no World Heritage Site.

Dwadie yɛ adeɛ bi a na ɛho hia a ɛno maa nnipa bebere bɛtena Cape Coast. Adwadiefoɔ wɔfriri European man mu bɛsisii saa adwadie mmeaeɛ te sɛ lodge, fort ne castles wɔ nnɛ Ghana mpoano bebere.

Asafo Kuo (Asafo Companies) sesa

Oguaa Traditional Area wɔ asafo kuo nson (7) - a wɔyɛ akofoɔ kuo, egyina abusuabɔ so, a na wɔn asɛdeɛ ne sɛ wɔbɛbɔ wɔn kuro ho ba.[4] sa a ɛkyerɛ "ko" ne fo a ɛkyerɛ "nnipa" na wɔkabɔm nyaa edin Asafo. Saa asafo kuo yi di dwuma kɛseɛ pa ara wɔ Fetu afahyɛ a wɔyɛ no Memeneda a adi kan wɔ ɛbɔ bosome mu,[5] na asafo kuo no nyiana wɔ abakɔsɛm ntadeɛ a ne ahosuo no bi ne: Esi Sutherland-Addy hyɛɛ no nso sɛ wɔn din ne wɔn ahosuo: deɛ adi kan. Bentsir – Kɔkɔɔ; deɛ ɛtɔ so mmienu. Anafo – bibire ne fitaa; deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa. Ntsin – ahabammono; deɛ ɛtɔ so nan. Nkum – akokɔsrade; deɛ ɛtɔ so num. Amanful – wine ne tuntum; deɛ ɛtɔ so nsia. Abrofomba (Brofo Nkoa) –fitaa; deɛ ɛtɔ so nson. Ankrampa –fitaa ne tuntum.

Akwantuo ho nsɛm sesa

Amansan hyɛn beberee firi Cape Coast kɔ nkuro akɛseɛ bi te sɛ; Nkran, Kumase, Mim, Ahafo; Sunyani; Tamale; Tema; Ho; Wa; Bolgatanga; Elubo; Aflao, Techiman.

Nwomasua sesa

Cape Coast ne beaeɛ University of Cape Coast (UCC) wɔ, Ghana suapɔn a adi akotene wɔ adekyerɛ ne nhwehwɛmu mu. Cape Vars, sɛdeɛ nnipa dodoɔ ka no, wɔ botan so a ɛ'ani kyerɛ Atlantic Ocean. Ɛsan so wɔ Polytechnics a wɔyɛ adeɛ wɔ nwomasua mu yie, ɛne Cape Coast Polytechnic (C-POLY). Kuro no bɛtumi de Ghana ntoasoɔ sukuu bi a ɛyɛ fɛ yie ahoahoa ne ho. Bi te sɛ:

  • Wesley Girls' High School
  • St. Augustine College
  • Holy Child High School, Ghana
  • Mfantsipim School
  • Adisadel College
  • Aggrey Memorial Senior High School
  • Ghana National College
  • Edinaman Senior High School
  • Cape Coast Technical Institute
  • Asuansi Technical Institute
  • Academy of Christ the King Senior High School
  • Cape Coast International Senior High School
  • University Practice Senior High School
  • St. Nicholas Seminary Senior High School
  • Efutu Senior High Technical School
  • Sammo Senior High School
  • Commercial Service Institute (CSI)
  • Oguaa Senior High Technical School

Nnipa atitire bi a wɔfiri kuro no mu. sesa

Nnipa titire bi a wɔwoo wɔn anaa ne Cape Coast kuro wɔ twaka bi ne:

  • Frederick Acheampong: (born 1978); ka member of Ghana Football Association's kuo mpanimfoɔ ho.
  • Kwesi Bekoe Amissah-Arthur:1951– 2018; kane Ghana Mampanini abediakyire.
  • Samuel Richard Brew Attoh-Ahuma: 1863–1921; clergyman, nationalist, pioneering Pan-Africanist.
  • Kofi Bentsi-Enchill: 1895–1948; textiles tycoon, philanthropist.
  • Prince James Hutton Brew: 1844–1915; solicitor.
  • Kwesi Brew: 1928–2007; poet and diplomat.
  • Joseph Peter Brown: 1843–1932; Wiemhyɛn kafoɔ ne Ɔman nnipa.
  • Margaret Busby, OBE, also titled Nana Akua Ackon I: 1944–; publisher, editor, writer and broadcaster. Enstoolment in 1999.[6]
  • J. E. Casely Hayford: 1866–1930; author, lawyer, politician and educator.
  • James Cheetham: 1834–1902; merchant, member of the Legislative Council of the Gold Coast.
  • Ambrose Thompson Cooke: 1930–; millionaire, industrialist, textiles CEO and entrepreneur. Alumni London School of Economics and St Augustine's College Cape Coast
  • Sir James Henley Coussey, KBE: 1895–1958; High Court judge, chairman of the Coussey Commission, president of the West Africa Court of Appeal.
  • John Coleman de-Graft Johnson: 1884–1956; secretary of Native Affairs, anthropologist.
  • Samuel George Duker: 1905–1994; LRCP Edin, LRCS Edin, LRFPS Glasg; pioneering physician
  • King John Aggery Essien: 1809–1899; King of Cape Coast, pioneer Pan-Africanist.
  • Nana Amba Eyiaba I: 1950–; Queen mother of Effutu 16 of the Effutu Municipal District, educator and advocate for political rights of queen mothers[7]
  • Francis Chapman Grant: 1823–1889; founding member of the Fanti Confederation; cousin of Ulysses Grant.
  • Charles Emmanuel Graves: 1884–1929; musicologist, composer.
  • Mark Christian Hayford: 1863–1935; author, founder of Gold Coast Baptist Church and the Christian Army of the Gold Coast
  • Robert Hutchison: 1828–1863; statesman, soldier, philanthropist.
  • Prophet Jemisimiham Jehu-Appiah: 1892–1948; founder of Musama Disco Christo Church in Africa.
  • Thomas Frederic Edward Jones: 1850–1927; petitioned Queen Victoria about Lands Bill.
  • John Mensah-Sarbah: 1864–1910; barrister, author, published Fanti Customary Laws.
  • Henry Mercer-Ricketts: 1895–1980; pioneering physician.
  • George Edward Moore: 1879–1950; recipient of the Ashanti Medal, executive member of the Aborigines' Rights Protection Society.
  • Hon. Ebo Barton Odro, First Deputy Speaker of the Sixth Parliament of the Fourth Republic
  • Andrew William Parker: 1840–1912; conscientious nationalist, fought in the Ashanti expedition.
  • Philip Quaque: 1741–1816; first ordained African clergy of the Church of England.
  • John Sarbah: 1834–1892; educationist, merchant, industrialist.
  • William Esuman Gwira Kobina Sekyi: 1892–1956; lawyer, politician, author.
  • Jacob Wilson Sey, alias Kwaa Bonyi: 1832–1902; millionaire, philanthropist, founding member of the Aborigines' Rights Protection Society.
  • Efua Sutherland: 1924–1996; writer, dramatist, educationalist and cultural activist
  • James Robert Thompson: 1810–1886; pioneering educationist.
  • Peter Turkson: 1948–; Cardinal-Archbishop of Cape Coast.
  • Herbert Taylor Ussher: 1836–1880; early administrator
  • Henry van Hien: 1858–1928; Aboriginal Rights Protection Society kuo panini.
  • Hon. William Ward-Brew, OBE: 1878–1943; lawyer, VP of Aborigines' Rights Protection Society.
  • Herbert Winful: 1952–; engineering professor

Nnuane sesa

Mfantefoɔ a wɔwɔ Ghana da nso wɔ wɔn aduane noa mu. Wɔn nnuane a wɔde bi ne: fante fante, ɛtew ne mako anaa nkruma forɔyɛ, fante dokono, a wɔtumi de ka nkwan, forɔyɛ anaa shito

Media fie a ɛwɔ Cape Coast sesa

  • Kastle FM[8]
  • Asaase Radio

Kuro no mu nɛm ho mfonini bi sesa

  Cape Coast Castle

  Cape Coast kuro no mu fa baabi

  Cape Coast mpoano

  Fante dokono

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. https://web.archive.org/web/20130925192147/http://www.statsghana.gov.gh/docfiles/2010phc/Census2010_Summary_report_of_final_results.pdf
  2. https://theculturetrip.com/africa/ghana/articles/11-fascinating-things-to-know-about-ghanas-cape-coast/
  3. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/geography/cape-coast.php
  4. https://web.archive.org/web/20200215081331/https://pdfs.semanticscholar.org/72fc/667b123a59e90491d9bb2597bdb89ee407f6.pdf
  5. "Archive copy". Archived from the original on 2014-10-06. Retrieved 2022-07-13.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  6. https://books.google.de/books?id=oidoDQAAQBAJ&pg=PA230&lpg=PA230&dq=Nana+Akua+Ackon+Cape+Coast&source=bl&ots=mJHSOda3Rv&sig=jzzvm5bNlVM8B32MsL7Bqc7Mp_U&hl=de&sa=X&ved=0ahUKEwiX4puJrLvcAhXhyYUKHbl4AiwQ6AEITzAJ#v=onepage&q=Nana%20Akua%20Ackon%20Cape%20Coast&f=false
  7. https://web.archive.org/web/20140908153539/http://cwtlgh.org/nana-amba-eyiaba-I
  8. Archive copy, archived from the original on 2023-04-05, retrieved 2022-07-13{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)