University of Cape Coast

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

University of Cape Coast (About this soundpronounciation of "University of Cape Coast" ) yɛ Ghana suapɔn. Suapɔn yi wɔ Cape Coast wɔ Mfinmfini Mantam wɔ Ghana

University of Cape Coast yɛ amansan nyinaa collegiate suapɔn no mu baako a ɛwɔ kuro a yɛfrɛ no Cape Coast a ɛwɔ abakwasɛm beberee. Suapɔn no wɔ mpoano a sɛ wohwɛ firi Atlantic Ocean a wobɛhunu sɛ ɛgu bepo so.[1] Suapɔn no wɔ mmea ahodoɔ mmienu a asuafoɔ no kɔgye nteteɛ: deɛ ɛwɔ Anaafoɔ fam (Old Site) ɛne deɛ ɛwɔ Atifi fam (New Site). Mmea ahodoɔ mmienu a agye din na ɛwɔ abakwasɛm pii wɔ Ghana bi ne Elmina ne Cape Coast Castle, a ɛyɛ anamon tiawa bi, sɛ wofiri suapɔn no mu rekɔ hɔ a.

Wɔtee suapɔn yi wɔ Ahinimie bosome no mu wɔ afe apem ahankron aduosia mmienu (1962) mu berɛ a na ɔman Ghana hia nnipa wɔwɔ nteteɛ ama wɔn abɛboa Ghana nwomasua no.[2] Ne botae titiri ne sɛ ɔbɛtete akyerɛkyerɛfoɔ de ama Ghana ntoasoɔ sukuu ahodoɔ no.


ɛbɔ bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne aduonu baako mu no,suapɔn no gyee abasobɔdeɛ ahodoɔ pii a ɛbi na ɛdidi soɔ yi[3]:

  • 1. The No. 1 University in Africa for research influence (Globally)[4]
  • 2. The No. 1 University in Ghana
  • 3. The No. 1 University in West Africa
  • 4. Ranked amongst the top 5 Universities in Africa.[5]

Abakwasɛm sesa

Wɔsii Cape Coast Suapɔn wɔ Ahinime bosome, wɔ afe apem ahankron ne aduosia mmienu (1962) mu sɛ suapɔn kɔlegye na na ɛne University of Ghana, Legon wɔ nkitahodie soronko. Wɔ Ahinime bosome ne da a adi kan wɔ afe apem ahankron ne aduoson baako (1971) mu no, kɔlegye (college) no nyaa dibea a adi mu na agyina ne ho so sɛ Suapɔn, na enyaa tumi sɛ ɛma abɔdin nkrataa wɔ n'ankasa degrees, diploma ne abɔdin nkrataa firi Act of Parliament hɔ. Wɔsii suapɔn no ɛnam hia a na ehia qualified ne skilled manpower a ɛwɔ soro wɔ nnwomasua mu. Ne asɛdeɛ pa ara yɛ sɛ ɛbɛtete graduate akyerɛkyerɛfoɔ ama Ghana second cycle asukuu ne asoeɛ a ɛhwɛ nnwomasua so sɛdea wɔbetumi ahyia ɔman no manpower ahiadeɛ ahyɛ nnwomasua dwumadie mu kena wɔ saa berɛ no mu. Ɛnnɛ, ɛnam sɛ wɔn abue bue wɔn Faculties/Sukuu ne wɔn dwumadie ahodoɔ mu nti, Suapɔn no enya ahoɔden a wɔbetumi de ayɛ asoeɛ foforo ne nnwumakuo a ɛwɔ ɔman no mu manpower adwuma, ɛka asoeɛ a ɛhwɛ nnwomsua ho deɛ ho. Efiri suafoɔ dodoɔ ɔha aduonum num (155) wɔ afe apem ahankron ne aduosia mmiɛnsa (1963) mu a wɔde wɔn hyɛɛ aseɛ, Cape Coast Suapɔn no wɔ asuafoɔ dodoɔ bɛyɛ mpem aduowɔtwe (80,00). Suapɔn no de departments mmienu na ɛhyɛɛ aseɛ, wɔn ne: Arts ne Science. Saa departments yi kɔɔ anim bɛyɛɛ Faculties wɔ mfeɛ 1963 mu. Sɛdea wɔbetumi enya wɔn anisoadehunu, wɔ afe 1964 mu, suapɔn no sane tee Faculties mmienu kaa ho, wɔn ne:Education ne Economics & Social Studies [now Faculty of Social Sciences]. faculty a ɛtɔ so num [School of Agriculture] wɔsii no wɔ afe 1975. Wɔkyekyɛɛ Faculty of Science mu nyaa Schools of Physical and Biological Sciences wɔ 2002/2003 adesua afe no mu berɛ a Department of Business Studies nso wɔpagya mu yɛɛ no School of Business a ɛhyɛɛ aseɛ wɔ 2003/2004 adesua afe no mu. Medical School, faculty of Law ne school of economics ne afoforo nso abɛka ho. Suapɔn no tete doctors ne health care professionals seesei, ne education planners, administrators, agriculturalists, Accountants, lawyers etc. Ministers of State, High Commissioners, CEOs, and Members of Parliament[6] ka Cape Coast Suapɔn (UCC) graduatefoɔ ho.

Asukuufoɔ dodoɔ sesa

Asukuufoɔ a wɔgyee wɔn wɔ sukuu no ahyɛase wɔ afe apem ahankron ne aduosia mmiɛnsa (1963) mu dodoɔ yɛ 155, Cape Coast Suapɔn no wɔ asukuufoɔ dodoɔ mpem aduoson nan, ahason ne aduonu (74,720). Ne nkyekyɛmu na adidi soɔ yi: 18,949 regular undergraduate students, 1445 sandwich undergraduate students, 1014 regular postgraduate students, 2773 sandwich postgraduate students 48,989 distance undergraduate students and 1540 postgraduate distance students. Suapɔn no gyee asukuufoɔ dodoɔ 24,723 ɛwɔ wɔn dwumadie ahadoɔ mu wɔ 2016/2017 adesua afe no mu.[7]

NWOMASUA sesa

Cape Coast Suapɔn no kɔlɛgy anaa akuokuo nsia. kɔlɛgy biara wɔ ɔno ara ne faculties, sukuu ahodoɔ ɛne department ahodoɔ hyehyɛ wɔn ase, ɛbinom ne;

College of Agriculture & Natural Sciences [CANS][8] sesa

School of Physical Sciences sesa

School of Biological Sciences sesa

School of Agriculture sesa

College of Distance Education [CoDE][9] sesa

College of Education Studies [CES][10] sesa

Faculty of Educational Foundations sesa

Faculty of Humanities & Social Sciences Education sesa

Faculty of Science & Technology Education sesa

School of Educational Development & Outreach sesa

College of Humanities and Legal Studies [CHLS][11] sesa

Faculty of Social Sciences sesa

Faculty of Arts sesa

Faculty of Law sesa

School of Business sesa

Department of Finance

Department of Marketing & Supply Chain Management

Department of Human Resource Management

College of Health & Allied Sciences [CoHAS][12] sesa

School of Medical Sciences sesa

  • Department of Nurse Anaesthesia
  • Department of Anaesthesia & Pain Management
  • Department of Anatomy & Cell Biology
  • Department of Medical Biochemistry & Molecular Biology
  • Department Of Obstetrics & Gynaecology & Fetal Medicine
  • Department of Internal Medicine & Therapeutics
  • Department of Chemical Pathology
  • Department of Community Medicine
  • Department of Internal Medicine & Therapeutics
  • Department of Medical Education & Information Technology
  • Department of Microbiology & Immunology
  • Department of Pharmacology
  • Department of Paediatrics
  • Department of Morbid Anatomy & Histopathology
  • Department of Surgery
  • Department of Psychological Medicine & Mental Health
  • Department of Physiology

School of Nursing & Midwifery sesa

School of Allied Health Sciences sesa

  • Department of Sports Science
  • Department of Physician Assistant Studies
  • Department of Nutrition and Dietetics
  • Department of Medical Laboratory Technology
  • Department of Medical Imaging
  • Department of Health Information Management
  • Department of Optometry

School of Graduate Studies and Research[13] sesa

The School of Graduate Studies (SGS) a ɛwɔ Cape Coast Suapɔn no mu baeɛ wɔ Ɔsanaa bosome ne da a adi kan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) mu. Ɛhyɛɛ aseɛ sɛ Higher Degrees agyinatukuo (committee), a na wɔn asɛdeɛ ne sɛ wɔbetu Suapɔn no graduate policy fo na wɔn agye Suapɔn no scholarship abasobɔdeɛ no atum. Wɔ 1992, wɔsesaa agyinatukuo a ɛhwɛ Higher Degrees so bɛyɛɛ Board of Graduate Studies. Saa kuo yi, agyinatukuo ketewa a ɛhyɛ Academic Board ase, wɔde asɛdeɛ hyɛɛ wɔn nsa a ɛyɛ graduatefoɔ adesua nnyeeɛ mu wɔ Suapɔn no mu, kɔsi sɛ wɔpagyaa dibea no mu bɛyɛɛ sukuu wɔ Ɔsanaa bosome ne da adi kan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) mu. Sukuu no wɔ tumi sɛ ɛhyehyɛ graduate-level adesua dwumadie ma kɔlegyi (College) nyinaa wɔ Suapɔn no mu. Ɛsane so ma afotuo na ɛyɛ adwuma sɛdeɛ ɛsɛ wɔ graduate programmes a ɛwɔ Cape Coast Suapɔn no mu a wɔne wɔn di dwuma.

Sɛdeɛ wɔbenya wɔn anisoadehunu ne wɔn botaeɛ, sukuu no wɔ dwumadie nkyekyɛmu nan (4):

  1. Draft regulations for all higher degrees with a view to ensuring that acceptable academic standards are maintained.
  2. Receive reports and consider recommendations pertaining to higher degrees and graduate diplomas from Departmental and Faculty Committee of Graduate Studies.
  3. Determine the results of higher degrees and graduate diplomas.
  4. Make recommendations to the Academic Board for the award of higher degrees and graduate diplomas.

Suapɔn no de two-semester system na adi dwuma ma regular graduate programmes. Semester a adi kan no hyɛ aseɛ firi Ɔsanaa bosome no mu de kɔsi Ɔpɛnimma bosome no mu na Second Semester nso ahyɛ aseɛ efiri Ɔpɛpɔn bosome no mu de akɔsi Kotonimma bosome mu. Suapɔn no ma Master of Arts (M.A.), Master of Science (M.Sc.), Master of Education (M.Ed.), Master of Business Administration (M.B.A.), Master of Philosophy (M.Phil.), Master of Commerce (M.Com.) ne Doctor of Philosophy (PhD) degrees abasobɔdeɛ wɔ ekuokuo yi mu.

M.A./M.Ed./M.Sc. dwumadie tae fa semesters mmienu a course work (nine months) dea adi akyi yɛ project or dissertation (three months).

The Master of Philosophy (M.Phil.) dwumadie no wɔ nkyekyɛmu mmienu. Ɔfa a adi kan no bɛfa semesters mmienu a ɛwɔ course work ma full-time students ne semesters nan course work ma part-time students. Ɔfa a ɛtɔ so mmienu no bɛboro abosome dummienu a ɛyɛ research ne presentation of the thesis. Doctor of Philosophy (Ph.D.) dwumadie no ho hia ma nhwehwɛmu. Ɛberɛ a wɔdesua ma full-time asuafoɔ no yɛ mfeɛ mmiɛnsa ne nan ntam na part-time asuafoɔ nso deɛ yɛ mfeɛ nan ne num ntam.

Center for International Education sesa

Centre for International Education (CIE), a ɛwɔ Cape Coast Suapɔn no mu, wɔsiiɛ sɛ ebepia, aboa na ahwɛ amanaman adesua ho dwumadie wɔ Suapɔn no mu. Dea ɛka dwumadie yi ho bi ne amanaman asuafoɔ ne adwumayɛfoɔ nsesaeɛ, wɔbɛyɛ nhwehwɛmu abɔ mu ne publications, ne nsɛm kyɛ ho, wɔ ne nyinaa mu botaeɛ ne sɛ ɛbɛma amanaman mfonini akɔ soro wɔ Suapɔn no mu. Centre for International Education | Centre for International Education

Mfeɛ a abɛsene kɔ no, na Center no ne adesua beaeɛ a ɛwɔ soro wɔ adesua mu firi USA, China, UK, Sweden, Germany, Liberia, Nigeria ne Senegal ne afoforo bebree wɔ ayɔnkofa a tema ne nteaseɛ wɔ mu.

Beaeɛ (Centre) no ma dwumadie mmoa a ɛsom bɔ ma inbound ne outbound nsesaeɛ no nsɛm ma adesuafoɔ ne adwumayɛfoɔ a ɛwɔ Suapɔn no mu bi te sɛ, na mmom wɔnnya wei nso nto hɔ, sɛ wɔ bɛ kyerɛkyerɛ wɔ nnoɔma ani so, Suapɔn no mu akwanya, nnyeeɛ, beaeɛ a wɔn bɛ da, pastoral care, pre-departure briefings and post-return debriefings ma inbound and outbound exchange students ne staff.

Dwumadie


The Centre:

  1. Wɔhwɛ nsɛm a ɛfa dwumadie a ɛfa amanaman adesua ho nyinaa siesie.
  2. Agyina hɔ sɛ afutuo kuo ma nnwomasua nkyekyɛmu wɔ nsesaeɛ ne wɔn adwuma a wɔyɛ bom mu.
  3. Agyina hɔ sɛ service provider wɔ campus ma adesuafoɔ a efiri amanaman ne wɔn a wɔreba nsrahwɛ, faculty members ne adwumayɛfoɔ.
  4. Na sɛdeɛ ne sɛ ɛbɛma Memorandum of Understanding anaa wɔn ne afoforo nhyehyɛeɛ ho nteaseɛ wɔ sukuu a ɛwɔ Ghana ne neɛ ɛwɔ abɔnten ho nsɛm akɔ anim.
  5. Ɛhwɛ wɔn ne nnwomasua beaeɛ a wɔn ne wɔn wɔ nkitahodie ho nsɛm a ɛfa adwumayɛfoɔ ne adesuafoɔ nsesaeɛ ho.
  6. Wɔhyehyɛ international workshops, seminars ne conferences.

University of Cape Coast di dwuma ma asuafoɔ a efiri amanaman nsesaeɛ ho dwuma a wɔn a wɔ ka ho bi no firi, Europe, North America, ne abibiman afoforo mu. Adesuafoɔ a wɔfiri amanaman ba no wɔgye wɔn ka asuafoɔ ne campus life na wɔsane so ma wɔn abasobɔdeɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔwie wɔn adesua wɔ nkunimdie mu wɔ UCC.

NTOASOƆ SUKUU AHODOƆ A WƆNE WƆN DI DWUMA sesa

All Colleges of Education in Ghana

  • Pentecost University College
  • Christian Service University College
  • Palm Institute
  • Synergies Institute-Ghana
  • Fountainhead Christian College
  • Institute for Development and Technology Management
  • Institute for Security, Disaster and Emergency Studies (ISDES)
  • Klintaps University College
  • Nana Afia Kobi Serwaa Ampem II Nursing Training College
  • Nduom School of Business and Technology
  • College of Health and Well-Being
  • College of Health, Yamfo

Mmeaɛ ahodoɔ a adesuafoɔ no da sesa

  • Oguaa Hall
  • Atlantic Hall
  • Adehye Hall
  • Casely Hayford Hall(Casford)
  • Kwame Nkrumah Hall
  • Valco Hall
  • SRC Hall
  • Supernuation hall
  • Sasakawa Hall
  • Valco Trust Hall
  • PSI Hall

Atitire a ɛwie sukuu wɔ ha sesa

  • Edmund Abaka, a photographer and historian of Africa at the University of Miami.
  • Rosina Acheampong, a Ghanaian educationist and former Headmistress of Wesley Girls High School.
  • Alfred P. Addaquay, a Ghanaian classical keyboardist, composer, arranger, conductor, choral director and singer.
  • Emmanuel Addow-Obeng - a Ghanaian academic, administrator and cleric. He was the Vice-Chancellor of the University of Cape Coast and served as the Pro-Vice-Chancellor of the Central University of Ghana.
  • Mercy Catherine Adjabeng - author, magazine editor-in-chief and managing editor
  • Jane Naana Opoku Agyemang - Former Minister of Education of the Republic of Ghana; First Female Vice Chancellor of a Public University in Ghana; First Female Vice Presidential Candidate for the National Democratic Congress. (The Largest Opposition Party in Ghana)
  • Kofi Akpabli - Ghanaian journalist, writer and publisher.
  • Kwesi Ahwoi - Ghana's High Commissioner to South Africa; Former Minister of Interior of the Republic in Ghana.
  • Aba Andam – a Ghanaian particle physicist
  • Samuel Kobina Annim, Government Statistician and a former Associate Professor of Economics.[14]
  • Dr. Yaw Ansong Jnr, Physician-scientist, inventor, and entrepreneur.
  • Juliet Asante, an award-winning filmmaker, entrepreneur and activist. She is also an avid blogger for the Huffington Post, an Aspen Global Leadership Fellow, a Legatum Institute Fellow, an alumnus of the Fortune 500/State Department Mentorship program, and Vital Voices Global leaders forum
  • Kojo Armah - Ghanaian lawyer, diplomat and former member of parliament.
  • George Aryee, Director General of the Ghana Broadcasting Corporation (1991–1992)
  • Kweku Asiamah – Minister of Transport.
  • Barbara Asher Ayisi - Ghanaian politician, educationist and Deputy Minister of Education.
  • Michael Okyere Baafi, a Ghanaian politician and Executive Secretary of the Ghana Free Zones Board.
  • Emmanuel Kwasi Bandua - Ghanaian lawyer, politician and member of parliament.
  • Ama Afo Blay, former Director-General of the Ghana Education Service.
  • Johnson Nyarko Boampong, Ghanaian pharmacist, biomedical scientist and the current Vice Chancellor of the University of Cape Coast.
  • Rosemond Aboagyewa Boohene, Ghanaian accountant, entreprenuership scholar and the current Pro Vice Chancellor of the University of Cape Coast.[15]
  • Doris Dartey, a former Ghanaian communication educator, consultant and onetime member and chairperson of GJA Awards Committee. She was the former chairperson of the Graphic Communications Group Limited in Ghana.
  • Nana Amba Eyiaba I - Ghanaian traditional ruler (Queen-mother), educationist and former member of the Electoral Commission of Ghana.
  • Dora Francisca Edu-Buandoh, current Pro-Vice-Chancellor, University of Cape Coast and professor of English.
  • Millison Narh - Deputy Governor of the Bank of Ghana[16]
  • Abdul-Rashid Pelpuo - Member of Parliament and Minister of State for Private Public Partnership
  • Yvonne Nduom, a Ghanaian public figure known chiefly as the wife of the leader of the Progressive People's Party and is currently the Executive Chairperson of Coconut Grove Hotels
  • Kojo Oppong Nkrumah, a Ghanaian politician, Lawyer, member of parliament and the Minister of Information in the administration of Nana Akufo-Addo
  • William Quaitoo, a Ghanaian politician, and former Deputy Minister of Agriculture.
  • Kwabena Sarpong-Anane, acting Director General of the Ghana Broadcasting Corporation (2010–2011)
  • Seth Terkper – Former Minister of Finance, MOFEP (2012– to 2016)
  • Joseph Whittal - a Ghanaian who has been the Commissioner of Human Rights and Administrative Justice of Ghana since December 2016
  • Daniel A. Wubah, President, Millersville University of Pennsylvania, USA
  • Malik Al-Hassan Yakubu, a former Speaker of Parliament, a former Minister of Interior and a former member of parliament.
  • Kwadwo Opoku- Agyemang, Professor of English.


Baabi a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. "About UCC". Retrieved 7 July 2014.
  2. "History | University of Cape Coast". Archived from the original on 7 June 2019.
  3. "UCC ranked No 1 university in Ghana | 3NEWS".
  4. https://www.myjoyonline.com/ucc-ranked-highly-among-universities-with-positive-research-influence/
  5. "World University Rankings 2022 | Times Higher Education (THE)".
  6. https://web.archive.org/web/20190607201818/https://ucc.edu.gh/main/about/history
  7. https://ucc.edu.gh/main/about/history
  8. "College of Agriculture and Natural Sciences, UCC".
  9. "College of Distance Education UCC".
  10. "College of Education Studies (COES)".
  11. "College of Humanities and Legal Studies (CHLS)".
  12. "College of Health and Allied Sciences, UCC".
  13. "Archive copy". Archived from the original on 2015-10-08. Retrieved 2022-02-12. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  14. https://ucc.edu.gh/spotlight/prof-samuel-kobina-annim
  15. https://directory.ucc.edu.gh/p/rosemond-boohene
  16. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Narh-Appointed-Second-Deputy-Governor-Of-BOG-162539