Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ahafo Mantam (About this soundpronounciation of"Ahafo Region" ) yɛ mantam foforɔ a wɔte wɔ Ghana a Goaso yɛ mantam no ti.[1][2] Mantam no wɔ wɔn ntotoeɛ ne mmra ahodoɔ a kane mantam du no wɔ wɔ aban mu no bi pɛpɛɛpɛ. Wɔnyaa mantam no firii Brong Ahafo south-eastern fa baabi na wɔtee mantam yi sɛdeɛ Ɔsono Amanyɔkuo (New Patriotic Party) bɛdi wɔn bohyɛ a wɔhyɛeɛ wɔ berɛ a na wɔreyɛ wɔn abatoɔ dawurobɔ dwumadie wɔ mantam hɔ. Asaana wɔrebɛto mfeɛ mpem mmienu ne dunsia (2016) abatoɔ no, Nana Akufo-Addo a na ɔyɛ ɔkansifoɔ saa berɛ no kaa sɛ sɛ wɔto aba yi no a, ɔbɛte mantam afoforɔ afiri mantam dada a na ɛwɔ Ghana no mu sɛdeɛ aban no bɛbɛn temamufoɔ no.

The_Tano_River Asuo Tano

Ahafo_in_Ghana_2018 Beaeɛ a yɛbehunu Ahafo Mantam wɔ Ghana map so

Nkuro atitire sesa

Mantam
No. Beaeɛ Nnipa dodoɔ Mfeɛ a wɔde nyaa saa nnipa dodoɔ no (Population year)
1 Mim, Ahafo 30,753 2017
2 Goaso 24,846 2017
3 Bechem 17,677 2013
4 Duayaw Nkwanta 16,541 2013
5 Techimantia
6 Kenyasi

Amammuo nkyekyɛmu sesa

Ahemfo amammuo na wɔde di dwuma wɔ Mantam no mu. Wɔ saa amammuo no mu no, wɔkyekyɛ mantam no nsia (6) MMDA's(0 Metropolitan, 3 Municipal ne 3 Ordinary Assemblies).[3] Mansini biara anaa mpɔtam biara wɔ Ɔhene a ɔhwɛ so, a ɔregyina hɔ ama Ɔhempɔn a ɔwɔ mantam hɔ. Nnipa a wɔte mantam no mu ara na eyi wɔn.

Mansini a ɛwɔ Ahafo Mantam mu[4]
# MMDA Name Capital MMDA Type Chief Executive Member of Parliament Party
1 Asunafo North Goaso Municipal Osei Yaw Boahen Evans Bobie Opoku NPP
2 Asunafo South Kukuom Ordinary Frank Aduse Poku Eric Opoku NDC
3 Asutifi North Kenyasi Ordinary Anthony Mensah Patrick Banor NPP
4 Asutifi South Hwidiem Ordinary Robert Mensah Dwomoh Collins Dauda NDC
5 Tano North Duayaw Nkwanta Municipal Ernest Kwarteng Freda Prempeh NPP
6 Tano South Bechem Municipal Collins Takyi Offinam Benjamin Yeboah Sekyere NPP

Abakɔsɛm sesa

Ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu nson (27th) wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunwɔtwe (2018) abatoɔ mu no[5], wɔgyee Ahafo mantam nteeɛe no tum. Wɔ nnipa dodoɔ a wɔagye wɔn atum sɛ wɔtumi to aba a wɔn dodoɔ yɛ mpem ahasa ne nson, ɔha ne nwɔtwe (307,108) mu no, emu nnipa mpem ahanu ne aduoson nson, ahansia ne aduosia mmiɛnsa (277,663) na ɛtoo aba no bie a emu 276,763 a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduokron nkron ne akyirepɔ aduosia nwɔtwe (99.68) na ɛtoo aba penee so sɛ wɔn te mantam foforɔ no. Emu ahansia ne aduoson num (675) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu ohunu ne akyirepɔ aduonu nan (0.24) nso too tia tirimupɔw sɛ wɔn te mantam Foforɔ no na emu 225 nso sɛe wɔn aba.[6][7][8]Ɔgyefoɔ bosome da a ɛtɔ so dummiɛnsa wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunkron (2019) mu na Constitutional Instruments 114 tee mantam no.[9] Wɔyii Goaso sɛ mantam no ti.

Beaeɛ a nkurɔfoɔ tu kwan bɛhwɛ wɔ Ahafo mantam mu sesa

  • Mim Boɔ a ɛwɔ Mim, Ahafo

 

 

  • Mim Ɔtadeɛ a ɛwɔ Mim,Ahafo
  • Okomfo Anokye dua a ɛwɔ Sankore

Beaeɛ menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. http://citifmonline.com/2017/11/21/commission-of-enquiry-on-creation-of-new-regions-commences-work/
  2. Archive copy, archived from the original on 2019-09-24, retrieved 2022-07-05{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. https://web.archive.org/web/20190617031734/http://www.ghanadistricts.com/Home/Region/12
  4. http://www.geohive.com/cntry/ghana.aspx
  5. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Referendum-Massive-YES-votes-for-6-new-regions-711692
  6. https://www.pulse.com.gh/news/local/referendum-6-new-regions-get-massive-yes-votes/6l8qds7
  7. https://www.ghanabusinessnews.com/2018/12/29/all-six-proposed-regions-meet-constitutional-threshold-requirements-ec/
  8. https://www.graphic.com.gh/news/politics/confirmed-results-of-the-2018-referendum-on-new-regions.html
  9. https://web.archive.org/web/20190617031734/http://www.ghanadistricts.com/Home/Region/12