Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Goaso yɛ kuro a n'ahenkuro ne Ahafo mantam a ɛwɔ Ghana. Goaso ahenkuro ne Asikafo North mansini Adantam. Ɛwɔ kuro mmiɛnsa ntam;Nim, Kuom ne Hwidiem. Nkuro a atwa ho ahyia ne Ayumso, Akrodie,Fawohoyeden ne Nkaseim. Goaso wɔ nnipa mpem aduonu nan, ahannwɔte ne aduanan nsia a ɛmaa no bɛyɛɛ kuro a ɛtɔ so mmienu a ɛso a ɛdi Mu a ɛwɔ Asunafo North mansini adantam. Goaso yɛ fie ma aban nnwumakuo.[1]

Abakɔsɛm sesa

Goaso wɔ 'Goa" asuo no agya. Nti edin Goa-so kyerɛ sɛ "Bank of River Goa" wɔ twi kasa mu. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ na ɔhene ɔdikan wɔ tenaa akonnwa no so yɛ abɛtwanii. Na afahyɛ biara ɔde nsa fufuo kɔma Asantehene a ɔno na ɔda Asante mantam ano.

Sikasɛm sesa

Mfudeɛ: Goaso wɔ mfudeɛ a adɔre paa. Ɛhoahoa ne ho sɛ wɔde mfudeɛ pii ba Ghana deaso. Kwaeɛ a ɛwɔ hɔ no mu dɔ na ɛboa kuadwuma. Nnipa pii a ɛwɔ hɔ no yɛ kuadwuma, a ɛyɛ kookoo ne nnɔbaeɛ dua. Sɛ wode Goaso toto aman ahodoɔ no a Goaso na ɔde nnuane pii ba a ɛmaa ɔsono amanyɔkuo New Patriotic Party bio wɔn kuo no ho dwumadie bi a wɔfrɛ no"planting for food and jobs" wɔ saa kuro nom.[2]

Dwadie: Goaso so beaɛ a wɔyɛ nnwuma pii wɔ hɔ. Wukuada biara a ɛyɛ dwa da no, adwadifoɔ ba hɔ bɛ tu nnoɔma anaa bɛfa bi kɔ tɔn. Kokoo berɛ mu adetɔn kɔ so paa wɔ Goaso. Wukuada biara, nnipa firi akyirikyiri ne bɛntɛe ba Goaso bɛyɛ adwuma. Akuafoɔ a ɛwɔ mansini hɔ nso de wɔn nnɔbaeɛ kɔ Goaso wukuada dwa bɛhyia adetɔfoɔ a wɔfiri akyire te sɛ Nkran ne Tema.[3]Nnwumakuo a ɛbɔ nnoɔma biara nni Goaso. Nanso beaɛ a nnwumakuo wɔ wɔ kuro mu hɔ no yɛ beaɛ a wɔyɛ nnwuma sononko wɔ hɔ.

Nsrahwɛ ne Afahyɛ sesa

Bosomfie a ɛwɔ Goaso Krodadaamu yɛ beaɛ nnipa ba hɔ nsrahwɛ. Afahyɛ a nnipa no ne ahemfo no di wɔ Goaso no Abetiase afahyɛ. 'Abetiase' wɔ twi mu no kyerɛ sɛ"abɛ dua nwu da". Wɔdi afahyɛ no de kae dwumadie titire bi a Goaso hene a ɔdikan diiɛ a ɔde nsa fufuo kɔmaa Asantehene berɛ a wɔredi afahyɛ sononko bi. Abetiase afahyɛ yɛ afahyɛ a wɔdi no afe mu biara na nnipa pii firi akyirikyiri ne bɛntɛe ba bɛka bom ma wɔdi afahyɛ no wɔ ɔsanaa bosome mu.[4]

Adesua sesa

Yɛwɔ sukuu ahodoɔ wɔ Goaso. Emu titire ne Goaso Nursing ne Midwifery training college ne Ahafoman Senior High ne Technical School. Wɔwɔ ankorankorɛ sukuu nso wɔ Goaso.[5][6]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. "Archive copy" (PDF). Archived from the original (PDF) on 2021-08-10. Retrieved 2022-07-04.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. https://mobile.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/President-Akufo-Addo-launches-Planting-for-Food-and-Jobs-programme-530311
  3. https://www.sendwestafrica.org/nu/blog/observing-social-distancing-in-bosomah-and-goaso-markets-in-ahafo-region/
  4. "Archive copy" (PDF). Archived from the original (PDF) on 2021-08-10. Retrieved 2022-07-04.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. https://www.schoolsingh.com/senior-high-schools/ahafoman-senior-high-technical/about
  6. https://web.archive.org/web/20210821100815/https://www.schoolgh.com/goaso-midwifery-training-college-admission-forms/