Kontomire forɔyɛ

Kontomire forɔyɛ[1] (About this soundsɛnea yɛbɔ "Kontomire Forɔyɛ" ) yɛ forɔyɛ yɛde mankani ahaban a yɛfrɛ no kontomire na ɛyɛ. Ɛyɛ forɔyɛ bi a yɛde ka nnuane bi te sɛ ɛmo, bayerɛ anaa borɔdeɛ. Ne borofo din a yɛka no Palava sauce no firi Elmina a ɛwɔ mfinimfin mantam wɔ Ghana.[2]

“Kontomire”_stew_with_“Agushi”
Kontomire_Stew,_Eggs_and_Plantian
Kontomire_stew

Nnoɔma a yɛde yɛ forɔyɛ no sesa

Nea yɛde yɛ forɔyɛ no ne;

  • Kontomire
  • Ngo
  • Akatoa
  • Ntoosi
  • Mako
  • Kosua

Sɛdeɛ yɛyɛ forɔyɛ no sesa

Kontomire forɔyɛ kum ahodoɔ mmienu, deɛ yɛtwi wɔ asanka mu a yɛfrɛ no abom ne deɛ yɛkyi de kosua anaa akatoa ka ho.

 
Boiled_plantain_with_kontomire_stew,_garnished_with_pear

Kontomire abom ne borɔdeɛ ampesie ne pear

Wɔ Kontomire abom yɛ mu no, nea wobɛyɛ ne sɛ wobɛhohoro wo Kontomire no ho na wanoa no sima kakra bi. Wowie a na wapoto ɛne mako gyeene ne kwawunsusua na wakyi ngo agu so.[3]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. "Archive copy". Archived from the original on 2019-06-17. Retrieved 2022-06-18.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. Archive copy, archived from the original on 2019-06-30, retrieved 2022-06-18{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. "Archive copy". Archived from the original on 2021-01-27. Retrieved 2022-06-21.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)