Kpandai (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kpandai (About this soundpronunciation of"Kpandai") yɛ mpesua nom baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbadwam no ho. Wɔyi mmarahyɛbadwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Kpandai wɔ Ghana atifi mantam. Mmarahyɛbedwani a ɔte mpesua no akonnwa no so seisei ne Daniel Nsala Wakpal. Ɛnam kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress so na wɔtoo no so aba yii no ma no nyaa mma mpem mmienu ne aduoson mmiɛnsa (2,073) a ɛyɛ mma dodoɔ a ɔnya kyɛnn n'sɔretiafoɔ a ɔde dii nkunim wɔ mpesua no abatoɔ nom de bɛyɛɛ mmarahyɛbadwanii.[1] Ɔbɛgye akonnwa no firii Mathew Nyindam a ɔyɛ mmarahyɛbedwanii a ɔgyina maa mpesua no wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nsia wɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anan mu ɛna ɔsane nyaa akwanya biom gyina maa mpesua no mfeɛ nan biom wɔ berɛ ɔdii nkunim wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia biom wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nson wɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anan mu. Ɛno akyire no "Deputy Chief" no dii ntwo maa n'sɔretiafoɔ, Daniel Nasal Wakpal a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress[2] aberɛ a ɔnyaa mma mpem aduonu mmienu,ahannsia ne aduosia nkron(23,669) tia Kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress anamusini no mma mpem aduonu num, ahankron ne aduanan baako (25,941). Mmarahyɛbadwanii ma Kpandai mpesua Daniel Nsala Wakpal yɛ anamusini ma mmarahyɛbadwafoɔ a yɛtoo wɔnso aba yii wɔn wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu (2020) Ghana mmarahyɛbadwafoɔ abatoɔ wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nson wɔ Kyiniiɛ a amanyɔkuo National Democratic Congress anan mu.

Kpandai
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniKpandai District
MantamNorthern Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPDaniel Nsala Wakpa

Mmarahyɛbadwafoɔ sesa

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992), afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) ɛna mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) nom no, Kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress anamusini Lipkalimor Kwajo Tawiah na ɔperee akonnwa no. Matthew Nyindam a ɔno nso wɔ Kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso bɛtoa so wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012), mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) mu. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mu no(2020) Daniel Nsala Wakpal a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso bɛgyee akonnwa no firii Matthew Nyindam nsam

Ɛhyeɛ sesa

Mpesua no akonnwa no hyɛ Kpandai mansini a ɛwɔ Ghana atifi mantam.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. 2020 Election - Kpandai Constituency Results".
  2. Deputy Majority Chief Whip ousted from Parliament. » Ghana Vanguard". 9 December 2020.