Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kwabena(About this soundpronunciation of "Kwabena" ) yɛ kradin[1] a yɛ de ma berima a yɛ wo no Benada wɔ Akan man mu. Fantefoɔ twerɛ no sɛ Ebo, AKuapemfoɔ twerɛ no sɛ Kwabena te sɛ Asantefoɔ ne Akyemfoɔ pɛpɛɛpɛ. Edin Kwabena yɛ edin a efiri ɔman Ghana mu a ɛkyerɛ barima a yɛwoo no Benada. Ghanafoɔ ne Ivory Coastfoɔ de nnawɔtweda a wɔwoo wɔn mma taa to wɔn.

Abakwasɛm sesa

Wɔ Akanfoɔ amammerɛ mu no, yɛhu ɛnna din no sɛ yɛ nya firii anyame bi din mu. Yɛnyaa edin Kwabena firii edin Koyabenada mu ɛne deɛ brɔfo kasa mu yɛfrɛ no (Lord of Life's land Day). Mmɛrima a yɛto wɔn din Kwabena no, Akanfoɔ hu wɔn sɛ, wɔn yɛ ahomasoɔ, na wɔn sanso yɛ wɔn nnoɔma mmɛrima mu. Mmarima a wɔfrɛ wɔn kwabena no ho dwo ma nteteeɛ na wɔbɛnya ahoɔden ne ahummɔborɔ. Kwabena nsamerane ne Ebo anaa Ogyam.[1][2] Nnipa mmienu bi a wɔfiri Massachusetts US kyerɛeɛ sɛ edin Kwabena firi Akan man ne Abibiman mu a ɛkyerɛ barima a yɛwoo no Benada.Ghanafoɔ binom nso kyerɛ sɛ edin Kwabena firi Akanfoɔ man mu a ɛkyerɛ barima a yɛwoo no Benada a ɛyɛ ne kraa din. Ghanafoɔ bi nso kyerɛeɛ sɛ edi Kwabena firi Abibiman mu a ɛkyerɛ ɔkofoɔ.[3]

Sɛdeɛ Akanfoɔ dodoɔ no ara frɛ edin no sesa

Sɛ yɛ se sa ɛna din no a, ɛnya nsonsoneɛ wɔ Akan kasa ahodoɔ wɔ Ɔman Ghana mu. Wɔ Akanfoɔ kasa ahodoɔ mu te sɛ Akuapem ne Asante mu no, yɛ twerɛ din no kwabena ɛna Fantefoɔ nso frɛ no kobina, ne Kwamena.[4][1] Ɛwɔ Akanfoɔ amammerɛ ne wɔn mpɔtam amammerɛ mu wɔ Ɔman Ghana mu no, nna no a yɛde ma edin no, ɛba no mmienu mmienu, mmaa din ne mmɛrema din. Kwabena mmaa din a yɛde ma ɔbaa a y'awo no BenadaAbenaa.

Akan kasa Mmɛrema din Mmaa din
Asante Kwabena Abenaa
Akuapem Kwabena Abenaa
Fante Kobina/Kobena/Ebo/Kwamena[4][1] Abenaa

Atitirefoɔ a yɛfrɛ wɔn saa din no sesa

Atitiriwfoɔ a wɔn kura edin Kwabena no bi ne

  • Prof. Joseph Hanson Kwabena Nketia, Ghana odwontoni ne nwom hyehyɛfo a wagye din.[5][6]
  • George Kwabena Adu (Kwabena Kwabena), Ghana nwomtoni.[7][8]
  • Kwabena Yeboah, Ghanani a ɔma bɔɔlbɔ akansie mu amanneɛbɔ a wagye din.[9][10]

Nnwom ahodoɔ a menyaa mmoa firii mu. sesa

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 https://www.researchgate.net/publication/239815297_The_Sociolinguistic_of_Akan_Personal_Names
  2. https://yen.com.gh/115080-akan-names-meanings.html
  3. https://www.names.org/n/kwabena/about
  4. 4.0 4.1 https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Day-born-names-in-Dagbani-Ewe-and-Fante-797733
  5. https://allafrica.com/stories/201903140622.html
  6. https://www.musicinafrica.net/magazine/famed-ethnomusicologist-kwabena-nketia-passes
  7. https://yen.com.gh/112383-my-wives-chose-fame-kwabena-kwabena.html
  8. "Archive copy". Archived from the original on 2021-04-23. Retrieved 2021-04-23. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  9. Archive copy, archived from the original on 2021-04-23, retrieved 2021-04-23{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  10. https://www.myjoyonline.com/sports-journalism-is-not-for-lazy-people-swag-boss-kwabena-yeboah/