Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kwame(About this soundpronounciation of "Kwame" ) yɛ kradin a Akanfoɔ de to barima a y'awo no Memeneda wɔ Ghanaman mu. Akanfoɔ de wɔn mma to ɛda a wɔwoo wɔn mma wɔ nnawɔtwe mu. Asantefoɔ, Fantefoɔ, Akyemfoɔ ne Akuapemfoɔ na ɛto saa din no Ghana ha. Obaa a yɛwoo no memeneda no yɛfrɛ no Ama.[1][2]

Abakɔsɛm sesa

Akanfoɔ dodoɔ no ara wɔ sɛdeɛ wɔsi frɛ obi a y'awo no Memeneda ne sɛdeɛ wɔsi twerɛ no. Ɛwɔ sɛ nnipa a yɛwo wɔn da pɔtee bi no tumi fa saa da no su. Kwame mmrane ne "Atuapoma anaa Oteanankannuro" a ɛkyerɛ sɛ ɔkofoɔ anaa dunsinii a ɔyɛ ɔwɔ ho aduro.Wɔ Akan amammerɛ mu no yɛnya nna din firi abosome hɔ. Yɛnyaa  Kwame firii koyame ɛna Akan nna din Nyame. Kwame kyerɛ sɛ ɔdefoɔ, nyamesomfoɔ, obi a ɔwɔ apomuden, obi a ɔwɔ adom akyɛdeɛ bebree, obi a ɔte asɛm ase ɛna obi a ɔtumi siesie asɛm.[1][2]

Sɛdeɛ Akanfoɔ dodoɔ no ara frɛ edin no sesa

Akan kasa Edin
Asante Kwame
Akuapem Kwame
Fante Kwamena/Ato[1]

Atitirefoɔ a yɛfrɛ wɔn saa din no. sesa

Nipa titire a obiara nim sɛ yɛwoo no memeneda a yɛfrɛ no Kwame yɛ ɔmanpanin a ɔgyee fahodie maa ɔman Ghana a yɛfrɛ no Kwame Nkrumah. Nnipa binom nso a yɛfrɛ wɔn Kwame ne:

  • Kwame Nkrumah, ɔgyee faahodi maa ɔman Ghana ne Ghana manpanyin a odi kan.[3][4]
  • Okyeame Kwame, Ghana nwontoni.[5][6]
  • Kwame Addo Kuffour, Ghana amanyɔni.[7][8]

Nnwoma ahodoɔ a menyaa mmoa firii mu. sesa

  1. 1.0 1.1 1.2 https://www.researchgate.net/publication/239815297_The_Sociolinguistic_of_Akan_Personal_Names
  2. 2.0 2.1 https://yen.com.gh/115080-akan-names-meanings.html
  3. https://www.britannica.com/biography/Kwame-Nkrumah
  4. https://kinginstitute.stanford.edu/encyclopedia/nkrumah-kwame
  5. https://www.famousbirthdays.com/people/okyeame-kwame.html
  6. "Archive copy". Archived from the original on 2021-04-22. Retrieved 2021-04-22. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  7. https://www.ghanabusinessnews.com/2020/07/14/dr-kwame-addo-kufuor-celebrated-on-80th-birthday/
  8. https://www.ghanaweb.com/person/Kwame-Addo-Kufuor-178