Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kwenkwen(About this soundpronounciation of "Kwenkwen" ) anaa shinkaafa/kyinkaafa yɛ Ghana nnuane mu baako a nkurɔfoɔ pii ani gye ho.[1][2] Wɔtɔn aduane yi wɔ Kumasi mmɔnten so na ɛmfa ho ne nea ɔtɔn aduane no, ne hua yɛ pɛ. Wonyaa edin kwenkwen firi dede a atere a wɔde te aduane no berɛ a ɛka dadesɛn a aduane no wɔ mu no ho.[1]

Sɛ aduane no so bɛyɛ fɛ berɛ a obi akɔtɔ. Ɛgyina nnipa no botom. Wobetumi de nkosua, frɔyɛ, shito, dua a yanoa, gari, nantwi nam, nsumunam anaa wele aka aduane no ho adi.[1][2]

Esiane sɛ kwenkwen yɛ ɔmo a ani nyɛ fitaa nti ahoɔden a ɛwɔ mu no dɔɔso. Sɛ wodi aduane yi a ɛmee yiye, ɛyɛ ma nkurɔfo a ɔwɔ asikyere yare na ɛwɔ ahoɔden nnuro bi te sɛ "Vitamin B" ne "Folic acid" a ɛyɛ ma mmɔfra a ɔwɔ yafunu mu.[1]

Beae a menyaa mmoa fii sesa

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 https://citinewsroom.com/2019/10/nutritionist-akosua-writes-the-amazing-meal-shinkaafa-kwenkwen/
  2. 2.0 2.1 "Archive copy". Archived from the original on 2021-07-28. Retrieved 2021-07-28.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)