Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Leti ArtsGhana adwumakuw a ɛhyehyɛ video games. Ghanani Eyram Tawia ne Kenyani Wesley Kirinya na woboom de adwumakuw yi sii hɔ.

Sɛnea wɔde sii hɔ sesa

Wɔde Leti Arts sii hɔ wɔ afe 2009 mu.[1] Ghanani Eyram Tawia ne Kenyani Wesley Kirinya de saa adwuma yi sii hɔ sɛ wɔde bɛboa ma abibiman mu anansesɛm akɔ anim. Na wɔyɛ saa denam comics ne video games a wɔhyehyɛ so.[1][2] Adwumakuw yi wɔ Madina - Accra, Ghana.[1][3][4] Video games ne comics a wɔhyehyɛ no bi wɔ hɔ a wotimtim wɔ nhoma mu ne afei wɔ Android mfideɛ so.[1] Kan no na wɔfrɛ adwumakuw no Leti Games Ghana Ltd nanso wɔsesaa edin no kɔɔ Leti Arts wɔ afe 2013 mu.[1]

Wɔn a wɔka adwumakuw no ho sesa

Eyram Tawia - Ɔyɛ Ghanani. Ɔka ho bi na wɔde adwuma no sii hɔ. Ɔsan yɛ adwuma no mu CEO(Chief Eɔecutive Officer)[1]

Wesley Kirinya - Ɔyɛ Kenyani. Ɔka ho bi na wɔde adwuma ni sii hɔ. Ɔsan yɛ adwuma no CTO(Chief Technical Officer)[1]

Jake Manion - Ɔyɛ adwuma no mu Chief Creative Officer[1]

Kwadwo Frimpong - Ɔyɛ adwuma no mu Creative Director.[3]

Beae a minyaa mmoa fii sesa

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 1.5 1.6 1.7 https://startuplist.africa/leti-arts
  2. https://squidmag.ink/leti-arts-launches-karmzah-cerebral-palsy-comic/
  3. 3.0 3.1 https://www.zoominfo.com/c/leti-arts/378562848
  4. https://globalgamejam.org/2020/jam-sites/leti-legends-jam-2020