Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu


M'semen, msemmen anaa rghaif, yɛ paano aduane bi a ɛfiri Maghreb, a mpɛmpii wobɛhunu bi wɔ Algeria,[1] Morocco, [2]ne Tunisia. [3]Wɔde ɛwoɔ anaasɛ tea anaa kɔfe na ɛfie. Wɔbɛtumi de nam(khlea) anaa gyeene ne ntoosi ahyehyɛ M'semen mu.

Aduane no ahodoɔ ne ne sɛsoɔ sesa

Aduane no bi wɔ hɔ a wɔbobɔ esam no kurukuruwa de yɛ sɛ 'disk' a yɛfrɛ no malwi wɔ abibirem atifiatɔeɛ.  Ɛsane nso sɛ Somali sabaayah.

Sedeɛ yɛsi yɛ aduane no

Wɔde esam, semolina hwiite, yeast a aho, nkuto a anane, nkyene, asikyire ne nsuo kakra na ɛyɛ saa aduane no. Wɔka saa akadeɛ yi nyinaa bom ma no bɛyɛ mmɔre kamakama. Wɔtwitwa mmɔre nom pii te sɛ bɔɔlo, na wɔde anwa afa ho abobɔ no amoamoa no ama ayɛ pɛ. Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛ buebue mmɔre no mu nyinaa ama no ayɛ pɛ anaasɛ ama no ayɛ kurukuruwa na wasane abobɔ ne fa no ama no ayɛ pɛ na wayɛ ahyɛnsodeɛ bi ato ho.Sɛ wɔbobɔ m'semen no wie a, wɔsane yɛ foforɔ de kata nea wabobɔ no so  na ama msemen no a ɛhyɛn no ayɛ nnwɔtwe. Adeɛ baako ne sɛ aberɛ a wɔrebobɔ no nyinaa na wɔde semolina no Pete so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛmma no ntare tare ho na ama kwan ama agya no aboa ama nea ɛhyehyɛ mu no mmɔ mu na mmom emu  atete sɛ wɔnoa.[4][5]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. "Archive copy". Archived from the original on 2020-10-20. Retrieved 2022-05-27.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. https://cooking.nytimes.com/recipes/1022551-msemen-moroccan-flatbreads
  3. https://www.gamberorosso.it/en/news/world-breakfasts-morocco-msemen-baghrir-mint-tea/
  4. Samuel Clark, Samantha Clark (2003). The Moro Cookbook. Ebury Press, 2003. ISBN 009188084X.
  5. https://en.wikipedia.org/wiki/Special:BookSources/8484523535