Mmarahyɛbadwafie Kasamafoɔ

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Mmarahyɛbadwafie kasamafoɔ yɛ obi a ɔkasa ma nipa kuo bi a y'apaw, nkankan deɛ ɛyɛ mmara, ɔno na ɛda wɔn ano anaa ɔtena pono no te. Wɔn dii kan de saa abɔdin no dii dwuma wɔ afe 1377 wɔ England.[1]

Speakers and presiding officers from various Commonwealth nations meet for a Commonwealth Speakers and Presiding Officers Conference in Wellington, New Zealand, 1984
Marshal's chair in the Sejm, lower chamber of the Polish Parliament

Sɛdeɛ ɔsi de di dwuma sesa

Ɔhyɛɛ aseɛ de abɔdin yi dii dwuma wɔ afe 1377 de kyerɛ kyerɛɛ Thomas de Hungerford dwumadie wɔ mmarahyɛbadwafie wɔ England.[2][3]

Ɔkasamafoɔ no dwumadie ne sɛ ɔbɛhwɛ ama nsusuiɛ ne sɛdeɛ wɔbɛsi aka asɛm no, ɔde abatoɔ a ɛbɛkɔ so wɔ mmarahyɛbadwafie no to dwa. Ɔkasafoɔ no na ɛkyerɛ deɛ ɔbɛkasa sane wɔ tumi sɛ ɔtenetene obiara a ɔbɛbu mmarahyɛbadwa no nhyehyeeɛ. Ɔkasamafoɔ no tumi gyina ma mmarahyɛbadwa wɔ dwumadie ne nsɛm bi ho.[4]

Ɔkasamafoɔ no yɛtae frɛ wɔn "owura Ɔkasamafoɔ" sɛ ɔyɛ obarima a na sɛ ɔyɛ ɔbaa nso a yɛfrɛ no awuraa kasamafoɔ. Wɔ aman foforɔ amammerɛ mu no, yɛwɔ ɔkwan foforɔ a yɛfa'

Australia sesa

Mmarahyɛbadwafie kasamafoɔ na ɔhwɛ anaa ɔdi wɔn dwumadie anim wɔ Australia mmarahyɛbadwafie. Ɔmampanyin na ɛyɛ opanin a ɔhwɛ ma biribiara kɔ so wɔ Australia Senate, mmarahyɛbadwafie ne soro hɔ.

Canada sesa

Canada, kasamafoɔ wɔ mmarahyɛbadwafie yɛ mmarahyɛbadwafoɔ a yato aba ama no sɛ ɔni wɔn anim wɔ hɔ.[5] Ɔkasamafoɔ no yɛ mmarahyɛbadwani no bi.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Speaker_(politics)#cite_note-1
  2. Journal of the House of Commons: January 1559; 1559; accessed August 2015
  3. Lee Vol 28, pp. 257,258.
  4. "7 things you may not know about Speakers of Parliament". Inter-Parliamentary Union (in English). Retrieved 2022-05-04.
  5. McElligott, William (2020-05-04). A Portrait of Canada's Parliament (in English). ECW Press. ISBN 978-1-77305-618-0.