Moctar Musah Bambah

Ghana
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Alhaji Moctar Musah Bambah yɛ Ghanani amanyɔni a ɔyɛ mmarahyɛbadwani a ɔgyina hɔ ma amanfoɔ a ɔwɔ Wenchi East abatoɔ mpasoa so wɔ Brong Ahafo mantam mu wɔ Ghana. Na ɔka Ghana mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmiɛnsa no ho. Afei na ɔyɛ ɔsuafoɔ abadeakyire a ɔhwɛ Ɔmanpanin abrabɔ mu.

Hon.
Moctar Musah Bambah
Deputy Minister of Presidential Affairs
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Member of Parliament for Wenchi East Constituency
Bere
7 January 1997 – 6 January 2005
OdikanfoHayford Osei Kwadwo
AnanmusiniConstituency merged
Ne ho asɛm
Ne manGhanaGhana 
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaPolitician

Amanyɔ sesa

Bambah iyɛ New Patriotic Party amanyɔkuo ba. Ɔtoo aba yii no sɛ mmarahyɛbadwani a ɔgyina hɔ ma amanfoɔ a ɔwɔ Wenchi East abatoɔ mpasoa so wɔ Brong Ahafo mantam mu wɔ Ghana. Na ɔka Ghana mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmiɛnsa no ho. Ɔbɛdii Profɛsa George Yaw Djan-Baffuor adeɛ berɛ a abatoɔ mpasoa no sesa kɔ yɛɛ Wenchi abatoɔ mpasoa so wɔ afe mpem mmienu ne nnan mu (2004) wɔ Ghana nyinaa abatoɔ mu.[1] Ɔkɔɔ mmarahyɛbadwam Ɔpɛpɔn bosome ne da a ɛtɔ so nson afe apem ahankron aduokron nson(Ɔpɛpɔn 7,1997).

Abatoɔ sesa

Ɔyii Bambah sɛ mmarahyɛbadwani wɔ Wenchi East abatoɔ mpasoa so wɔ afe mpem mmienu(2000) mu wɔ Ghana nyinaa abatoɔ mu.[2] Ɔgina maa New Patriotic Party amanyɔkuo no. Nabatoɔ mpasoa no ka mpasoa du-nnan 14 a NPP amanyɔkuo no nya firii mpɛsoa aduonu baako 21 no wɔ Brong Ahafo mantam mu.[3][4][4] New Patriotic Party amanyɔkuo no nyaa mmarahyɛbadwa akonwa ɔha firii nkonwa ahaanu mu wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Ghana. Ɔnyaa mma 14,954 firii 27,536 mu. Wei gyina hɔ ma 55.9% aba no nynaa mu.[5] Nipa yi na ɔdii wɔ so nkunim Frederick Osei-Dabankah National Democratic Congress, Kwaku Amoa-Tutu National Reform Party, Agyenim Boateng Agyei Convention People's Party ne Takyi Kwame Anokye of the United Ghana Movement. Mma a wɔnyaa yɛ 10,563, 533, 529 ne 177 firi mma ɔtoeɛ nyinaa. Ɛgyina ma 39.5%, 2.0%, 2.0% ne 0.7%.

Beaeɛ a mmoa firiiɛ sesa