Momordica foetida

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Momordica foetida
taxon
short nameM. foetida Sesa
taxon nameMomordica foetida Sesa
taxon rankspecies Sesa
parent taxonMomordica Sesa
GRIN URLhttps://npgsweb.ars-grin.gov/gringlobal/taxonomydetail.aspx?id=24525 Sesa

Momordica foetida yɛ dua ɛte sɛ ahoma. Esiane ne su nti, ɛtumi foro soro. Baabi a ɛfiri ne Africa. Ne su te sɛ aduaba bi a yɛfrɛ no bitter melon (M. charantia) ne balsam apple (M. balsamina) pɛpɛɛpɛ. Edin wɔgyina ne nkyekyɛmubso de ma no ne M. morkorra [1] ne M. cordata (Cogn.)[2] Ɛpɔ mu na ɛtaa wɔ pa ara.N'ahaban no bɔberɛ te sɛ akoma a ne tenten bɛyɛ 18 cm.Nhwiren a ɛba do no ahosuo yɛ akokɔ seradeɛ. Aduaba a ɛba so no nyini a ne tenten yɛ 3.5–7.5 cm. Ɛna ne kɛseɛ nso yɛ 2.5–5 cm. Sɛ ɛbere a, emu kyɛ mmeɛnsa. Pae a, wohunu mma tuntum bi hyehyɛ mu. Ne fa a yɛdi no yɛ kɔkɔɔ, na ɛyɛ dɛ pa ara.[2]

Ne Dwumadie

sesa

Wɔdi

sesa
 
Remains of a ripe fruit, where the pericarp splits into three valves

N'ahaban no yɛ nwono deɛ, nanso wɔde yɛ aduane wɔ ɔman bi te sɛ Gabon neMalawi. Wokɔ aman bi te sɛ Ghana, Gabon, Sudan, ne Tanganyika a, wɔdi n'aduaba no nso. Saa ara nso na sɛ wokɔ Sudan a, wɔdi ne nhini no.[2]

Wɔde Yɛ Aduro

sesa

Nnuro bi te sɛ sitosteryl glucoside, 5,25-stigmastadien-3β-yl glucoside, and 1β-hydroxyfriedel-6-en-3-one, cucurbitane- ne ade wowɔ Momordica foetida mu a, ɛma wɔtumi de yɛ aduro.[3]

Ɛtumi di yafunu mu dwuma. Wɔtumi de sa yadeɛ bi tete sɛ ayamtim , yafunukeka wɔ Tanganika. The Edofoɔ a wɔwɔ Nigeria no nso nom n'ahaban mu nsuo de ko nsono mu yadeɛ. Ɛsan nso yɛ aduro a wɔde tu nsonsono ase .[2]

Wɔtumi de tew yaw so

sesa

N'ahaban mu nsuo no boa ko yadeɛ bi te sɛ tipaeɛ ne asoyadeɛ. Wokɔ Malawi wɔde n'ahaban ne ne nhini no nyinaa bom yɛ tipaeɛ aduro.

Wokɔ Ivory Coast a wɔde yɛ nnuro a ɛboa mpa mu agodie. Ɛno ara san nso yɛ awoɔ aduro.[2] Wɔde sa honam ani yadeɛ wɔ vory Coast ne South Africa. Wokɔ South Africa a, wɔde ne nhini no sa mpɔmpɔ.[2]

Ne Dwumadie Nkaeɛ Bi

sesa
 
Longitudinal section through unripe fruit

Wokɔ Malawi a, wɔde n'aduaba no kyekyere nnomaa. Wokɔ Gabon a, wɔde n'ahaban no hyɛ nsuo mu. Wɔyi a na wɔahata. de ayɛ aduro.[4]

Beaeɛ a Menyaa Mmoa Firiiɛ

sesa
  1. Jeffrey, C. (1978). "Cucurbitaceae". Flora Zambesiaca. Vol. 4.
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 2.5 Burkill, H. M. (1985). The Useful Plants of West Tropical Africa. Vol. 1. Kew Publishing. ISBN 094764301X.
  3. Mulholland, D. A.; Sewram, V.; Osborne, R.; Pegel, K. H.; Connolly, J. D. (1997). "Cucurbitane triterpenoids from the leaves of Momordica foetida". Phytochemistry. 45 (2): 391–395. doi:10.1016/S0031-9422(96)00814-X.
  4. Schaefer, H.; Renner, S. S. (2010). "A three-genome phylogeny of Momordica (Cucurbitaceae) suggests seven returns from dioecy to monoecy and recent long-distance dispersal to Asia". Molecular Phylogenetics and Evolution. 54 (2): 553–560. doi:10.1016/j.ympev.2009.08.006. PMID 19686858.