Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
abdominal pain
symptom or sign, women's disease
subclass ofpain, abdominal symptom Sesa
drug or therapy used for treatmentcajeput oil Sesa
anatomical locationabdomen Sesa
WordLift URLhttp://data.medicalrecords.com/medicalrecords/healthwise/abdominal_pain Sesa
ICPC 2 IDD01, D02, D06 Sesa
NCI Thesaurus IDC26682 Sesa

Nninimu

sesa

Yafunukeka a wɔsan frɛ no ayamka yɛ apɔmuden ho sintoɔ akɛseɛ ne nketewa a ɛtaa si wɔ nnipadua mu no bi ho nsunsuansoɔ. wɔ nnipadua mu no bi ho nsunsuansoɔ. Ɛsiane sɛ yɛn ayaase na nnipadua no mu nneɛma pii a ɛyɛ merɛ wɔ no nti, ɛhɔ na nyarewa taa wɔ pa ara. Ne saa nti, nipadua no mu nhwehwɛmu a wɔyɛ no yɛn ayaase no ho hia pa ara. Deɛ ɛtaa de yafunukeka ba pa ara ne gastroenteritis. Wiase mu nnipa mu ɔha nkyekyɛmu du-num na wɔwɔ yafunu mu yadeɛ te sɛ appendicitis, ruptured abdominal aortic aneurysm, diverticulitis, anaa nyinsɛn mu ectopic . Sɛ woyi wɔn mu mmeɛnsa gyina hɔ a baako deɛ yɛ ayamkuro( ulcer)[1]

Nsɛnkyerɛnne

sesa

Mpofirimu yaw nkakrankakra na ɛhyɛ yafunukeka yadeɛ ase. Mpofirimu yaw no ba a, bɛyɛ anitɛtɛ kakra bi ntam na ɛsan kɔ. Ani tɛtɛ kakra ntam na asan nso aba. Afei, yaw no ba toatoa so bɛyɛ sima kakra ntam. Dɔnhwere bebree akyi no, yaw no bɛyɛ kese pa ara. Ɛtumi mpo tɔ kɔ so bɛyɛ nna kakra akyi. [2]

Obi bɛtumi akyerɛ yafunukeka mu sɛ ɛyɛ ayaaseyaw a ɛtumi ba toa mu bɛyɛ dɔnhwere bebree. Afei, ano tumi brɛ ase kakra, na asan nso aka ne ho. Wɔn a wɔn deɛ yɛ ayamkuro no mpo deɛ, sɛ aduane tɔ wɔn yam a na yafunukeka no taa ka ne ho. [3][4]

Deɛ Ɛde Ba

sesa

Deɛ ɛtaa de yafunukeka ba yɛ deɛ abɔdeɛ mu nyansapɛ mu wɔfrɛ no gastroenteritis (13%), irritable bowel syndrome (8%), dwonsɔ mu yadeɛ (5%), yafunumuhyew(5%) ne ayamtim(5%). Yafunukeka yadeɛ no mu ɔha nkyekyɛmu aduasa deɛ, wɔntaa nhunu deɛ ɛde ba. [5]Ɛmu ɔha nkyekyɛmu du nso deɛ, ɛyɛ a deɛ ɛtaa de ba no yɛ yadeɛ akɛseɛ bi te sɛ brɛboɔ mu yadeɛ ne ade.[6]pancreas, yɛn yam adeɛ no mu baako a ɛboa ma aduane yam no nso mu sintɔ a ɛtumi de yafunukeka ba no nso gyina ɔha nkyekyɛmu nan. [7]

Kwan a Wɔfa So whehwɛ ne Kɔfabae

sesa

Kwan ahodoɔ a wɔfa so hwehwɛ deɛ ɛde yafunukeka ba no bi na ɛdidi soɔ yi.

Wɔdi kan whɛ ɔyarefoɔ no abakɔsɛm. Abakɔsɛm a ɛfa n'adidie ho, nneɛma a wanom akɔ ne mu ne deɛ ɛkeka ho no nyinaa, wɔdi akyire a wɔtumi hunu deɛ ɛde yafunukeka no aba. Ɛsiane sɛ, nnuane no bebree wɔ hɔ a wɔnhyia. Nti sɛ obi di bom a ne yafunu mu tumi ka no.

Afei nso, wɔtumi gyina yadeɛ bi a deɛ ɔwɔ yafunukeka no ayare atwam so hunu deɛ ɛde yafunukeka no baeɛ.

Wɔhwɛ sɛ ebia na wayɛ ɔyarefoɔ no oprehyɛn da a. Sɛ wɔayɛ no oprehyen da a, wɔtumi gyina ɛno nso so hunu beaeɛ a ne yafunukeka no firi.[8]

Sua pii

sesa

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

sesa
  1. Maria V. Castanos, Oscar Otero-Marquez, Yash Shah, Avnish Deobhakta (2024-03-18), "Outcomes and variables that impact pneumatic retinopexies", International Journal of Ophthalmology, vol. 17, no. 3, pp. 564–569, doi:10.18240/ijo.2024.03.20, ISSN 2222-3959, retrieved 2024-06-08{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  2. Roger Sherman (1990), H. Kenneth Walker, W. Dallas Hall, J. Willis Hurst (ed.), "Abdominal Pain", Clinical Methods: The History, Physical, and Laboratory Examinations (3rd ed.), Boston: Butterworths, ISBN 978-0-409-90077-4, PMID 21250252, retrieved 2024-06-08{{citation}}: CS1 maint: multiple names: editors list (link)
  3. Roger Sherman (1990), H. Kenneth Walker, W. Dallas Hall, J. Willis Hurst (ed.), "Abdominal Pain", Clinical Methods: The History, Physical, and Laboratory Examinations (3rd ed.), Boston: Butterworths, ISBN 978-0-409-90077-4, PMID 21250252, retrieved 2024-06-08{{citation}}: CS1 maint: multiple names: editors list (link)
  4. Healthdirect Australia (2024-03-20), Abdominal pain (in Australian English), retrieved 2024-06-08
  5. Alex Hung, Tom Calderbank, Mark A Samaan, Andrew A Plumb, George Webster (2019-12-13), "Ischaemic colitis: practical challenges and evidence-based recommendations for management", Frontline Gastroenterology, vol. 12, no. 1, pp. 44–52, doi:10.1136/flgastro-2019-101204, ISSN 2041-4137, PMC 7802492, PMID 33489068, retrieved 2024-06-08{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  6. https://academic.oup.com/fampra/article/31/5/517/537129?login=true, retrieved 2024-06-08 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  7. Ryan Spangler, Thuy Van Pham, Danya Khoujah, Joseph P Martinez (2014-10-21), "Abdominal emergencies in the geriatric patient", International Journal of Emergency Medicine, vol. 7, p. 43, doi:10.1186/s12245-014-0043-2, ISSN 1865-1380, PMC 4306086, PMID 25635203, retrieved 2024-06-08{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  8. how to diagnose stomach ulcer - Google Adehwehwɛ, retrieved 2024-06-08