Nana Akosua Konadu

Ghana nsɛmtwerɛni
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Eunice Nana Akosua Konadu, a wɔsan frɛ no Nana Akosua Konadu, yɛ Ghana broadcaster, CEO ne nea ɔhyehyɛɛ Enak Consult. Ɔyɛ The Hard Truth a ɛwɔ Joy News dwumadibea a ɛwɔ Multi TV so no ho ɔkwankyerɛfo.

Nwomasua sesa

Nana Akosua Konadu kɔɔ Pentecost University College Ghana firi afe 2006 kɔsi afe 2010 baabi a ɔwiee sukuu no nyaa Bachelor of Science DegreeHuman resource management mu . Ɔsan nso kɔɔ Yaa Asantewaa Senior High School maa ne ntoaso sukuu.

Adwuma sesa

Bere a owiee ne Sukuupɔn adesua akyi no ɔyɛɛ ne afe biako Ɔman Dwumadi a ɛyɛ ahyɛde wɔ Ɔman Atoyerɛnkyɛm Ho Ahyehyɛde (NADMO) sɛ nnipa adwumayɛfo panyin. Ne ɔman som akyi no ɔyɛ mprempren nsɛm ho ɔyɛkyerɛ The Hard Truth a ɛwɔ Viasat 1 a seesei atu akɔ Joy News no yɛfo ne ɔkwankyerɛfo . Ɔkaa AM Show no ho dwumayɛni wɔ Joy News channel so wɔ Multi TV so wɔ Ghana. Ɔyɛ mprempren CEO wɔ Enak Studios adwumakuw bi a ɛhwɛ nsɛm a esisi ne nneɛma a wɔyɛ so.

Ankorankoro asetra sesa

Nana Akossua Konadu waree Manuel Asante-Samuels Kwasida 14 May 2016 wɔ Pentecost Amanaman Ntam Ɔsom Beaeɛ Kokomlemle.[1]

Nsɛm a wɔde gyinaa so sesa

  1. Archive copy, archived from the original on 2022-09-27, retrieved 2023-01-22{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)