Nana Ama Dokua Asiamah Adjei

Nana Dokua Asiamah Adjei (wɔwoo no 24 Kitawonsa 1982) yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛ badwani a ogyina hɔ ma Akuapem Atifi mmarahyɛ badwam mpɛsoa so wɔ Apuei manatam mu wɔ Ghana. Ɔyɛ anyokuo New Patriotic Party no mu ni , na mprenpren, ɔsom sɛ Soafo abediakyire a ɔhwɛ Adwadie ne mfirinnwuma so. Ɔyɛ kane Soafo abdiakyire a ɔhwɛ amaneɛbɔ so[1][2][3][4]

Hon.
Nana Dokua Asiamah Adjei
MP ɛwɔ Akuapem North
Mprenpren
Bere
21 April 2021
OdikanfoCarlos Kingsley Ahenkorah
Deputy Minister of Trade and Industry
Mprenpren
Bere
March 2017
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
Ne ho asɛm
Awo bere24 July 1982 (1982-07-24) (age 41)
Wiamoase, Ashanti Region
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma3
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
St Roses Senior High
University of Exeter

Ne mmɔfrase ne nhomasua sesa

Wɔ woo Adjei wo 24 July, afe 1982 mu a n'awofo ne Owura ne Owura yere Aforo Asiama-Adjei a wɔn firi Akropong, wɔ Apuei Mantam no mu. Ɔkɔɔ ne mfitiase ne ntoasoɔ sukuu wɔ Alsyd Academy ne St Roses Senior High. Okura suapɔn abodin krataa a ɛne Bachelor's Degree in Psychology a onyaa firii suapɔn a ɛde University of Ghana, na afei abodin krataa foforo a ɛde Masters Degree a onyaa firii Exter University bre a owie n'adesua a ɛfa Logistics and Supply Chain ho wɔ United Kingdom[5].[6]

N'abrabɔ mu nsɛm sesa

Adjei yɛ ɔwarefoɔ a ne kunu din de Charlse Bissue. Ɔyɛ Kristoni.

Ntotoho sesa

  1. Election 2016: Know your female parliamentary candidates (4) - Graphic Online
  2. https://web.archive.org/sry
  3. Page not found – ukgcc
  4. Mahama is Africa's "most incompetent election observer" - Ama Dokua (citinewsroom.com)
  5. enewsgh.com
  6. MPs - Ghana MPS