Old Tafo (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Old Tafo sɛnea yɛbɔ Old Tafo (help·info) yɛ amansin a wɔgyina hɔ ma wɔ Ghana Mmarahyɛ Bagua mu no mu baako. Ɛpaw Mmarahyɛ Bagua no muni biako (MP) denam nea odi kan a atwam wɔ post nhyehyɛe a wɔde paw nnipa no so
Old Tafo | |
---|---|
Mpɛsoa a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam | |
Mansini | Kumasi Metropolitan Assembly |
Mantam | Ashanti Region of Ghana |
Mprenpren mpɛsoa | |
Amanyɔkuo | New Patriotic Party |
MP | Vincent Ekow Assafuah |
Vincent Ekow Assafuah na ɔyɛ mmarahyɛbadwani de ma saa mpasua no. Wɔtoo ne so aba de ma Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) no maa no dii nkonim wɔ Mmarahyɛbadwam abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ Old Tafo Mpasua so wɔ mfe mpem mmienu ne aduonu wɔ Ɔpɛnimma bosome (December 2020) no mu. Odii nkonim wɔ abatoɔ no mu a onyaa mma mpem aduanan mmienu ahansia ne dunsia (42,616) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduoson nan akyiri pɔ aduonum num (74.55%) de tia neɛ ɔbɛn no Sahmudeen Mohammed Kamil a na ɔyɛ anamsini de ma Kyinie Amanyɔkuo (NDC) no a onyaa mma mpem dunan ahanan ne num (14,405) wɔ abatoɔ no mu a na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonu num akyiri pɔ aduonu (25.20%).[1]
Old Tafo Mpasua a ɛwɔ Ghana Mmarahyɛbadwam sesa
Vincent Ekow Assafuah yɛ Mmarahyɛbadwani de ma Ɔsono Amanyɔkuo wɔ Asante Mansini no mu wɔ Asante Mantam wɔ Ghana.[2]