Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Pɔɔfo / Boflootu - Asante sesa

Puff-puff,( pronounciation of "Puff-puff" ) sɛdeɛ wɔfrɛ no wɔ Alata (Nigeria) ne Sierra Leone, ɛna ɛtɔ da a Ghana, ne Cameroonfoɔ a wɔka Borɔfo no mu no yɛ Abibifoɔ aduane a ɛmu yɛ hare a wɔde esam a wɔakye ayɛ. Edin foforɔ a wɔtumi de ma saa aduane yi wɔ Ghana ne Boflootu, Ivory Coastfoɔ nso frɛ no bofloto, Congofoɔ nso frɛ no mikate, Angolafoɔ nso frɛ micate anaa bolinho, cameroonfoɔ a wɔka French kasa no nso frɛ no beignet(Ɛwom sɛ esam a wɔde yɛ saa aduane yi wɔ French no yɛ sononko firi aduane korɔ yi ara bi a wɔyɛ no wɔ hɔ a Ɛne yei di nsɛ no ho), Sudanfoɔ nso frɛ no ligemat, ɛnna Liberiafoɔ nso frɛ no kala. Aduane yi asan agye din wɔ Atɔeɛ fam Afrika, a wɔfrɛ no mandazi wɔ apuiɛ ne atifi fam.[1]

Nneama A Wɔde Yɛ sesa

Nneɛma ahodoɔ a wɔde fra mmɔre de yɛ pɔɔfo no bi ne esam, "yeast," asikyire, bɔta, nkyene, nsuo ne nkosua(yeinom deɛ sɛ wopɛ a, na wode fra), na afei wɔde agu anwa mu akye ama n'ahosuo no asesa ayɛ nnodoeɛ, sɔ woanya "yeast" no bi a, wobɛtumi de esam a wɔde yɛ paanoo no bi ayɛ, nanso deɛ wɔtaa de yɛ pa ara ne "yeast." Sɛ wokye wie a, wobɛtumi de asikyire afefa ho. Sɛdeɛ wɔyɛ Frenchfoɔ beignet ne Italyfoɔ zeppole no, sɛ wopɛ nso a, wokye wie a, wobɛtumi de ahwamhwamdeɛ bi te sɛ senamɔn, vanila anaa nɔtmɛɛgi afefa no.

Akadeɛ sesa

Sɛ woredi pɔɔfo yi a, saa kwan sononko yi so na wobɛtumi de adi "Strawberry" anaa "raspberry." Wobɛtumi adi pɔɔfo sa ara a womfa biribiara nka ho, sɛ wopɛ nso a, wobɛtumi de biribi foforɔ aka ho adi. Hwɛ nhwɛsoɔ yi; Cameroomfoɔ tumi de pɔɔfo di adua, kɔfe ne anonneɛ foforɔ a wɔtaa nom no anɔpa no mu biara.

Nwoma a Imbolo Mbundu twerɛeɛ a wɔfrɛ no "Behold the Dreamers" no, wɔbɔɔ pɔɔfo din wɔ mu.[2]

Wobɛtumi nso ahwɛ sesa

    • Buñuelo
    • Chin Chin
    • Gulab jamun
    • Kuli-Kuli
    • List of doughnut varieties
    • Loukoumades
    • Oliebol
    • Boortsog

Baabi a menyaa mmoa sesa

  1. https://en.wikipedia.org/wiki/Puff-puff#cite_note-1
  2. https://en.wikipedia.org/wiki/Puff-puff#cite_note-2