R. S. Amegashie

Raphael Sylvanus Amegashie, yɛ Ghana nii a wɔwoo no wɔ Ahinime bosome da a ɛtɔ so aduonu nan wɔ afe apem aha nkron aduonu nson mu, na ɔyɛ adwumayɛnii a ɔwɔ ɔnoankasa na dwuma, na ɔsan nso yɛ nkontabufoɔ ne ɔmanyɔnii. Owui wɔ mfeɛ mpem ne du mmiɛnsa mu.[1][2]Ɔyɛɛ adwuma sɛ Aban nanmusini ma adwadiekuo ne Ɔman nnwuma Twerɛtwerɛfoɔ.[3] Ɔsane yɛɛ Aban nanmusini maa nsaase ne abɔdeɛ nnoɔma a abɛyɛ asoeɛ a ɛhwɛ nsaase ne abɔdeɛ nnoɔma so. Na ɔka Ɔman Fahodie Fotufoɔ a ɛnam asraafoɔ abantuguo so baa aban mu ho wɔ Ɔbenem bosome da a ɛtɔ so aduonu-nan, afe apem ahankron aduosia-nsia mu. Afei nso, ɔsomm sɛ Ɔman agyapadeɛ nhyɛananmu adwumakuo atitenafoɔ no mu baako wɔ ne mfitiaseɛ.[4]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Sukuu sesa

Wɔwoo Raphael Sylvanus Amegashie wɔ Keta Anwonaman mu Ghana wɔ Ahenimi bosome da a ɛtɔ so Aduonunan wɔ afe apem ahankron aduonunson. Ɔkɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ Achimota nna ɔtoaso kɔɔ University of Durham wɔ Abrokyiman mu England.

Adwumasɛm ne Amanyɔsɛm sesa

Amegashie yɛ nkontabufoɔ. W'asom adwumakuo bebree. Ɔyɛɛ adwuma sɛ nkontaabufoɔ maa Gold Coast machinery ne trading company limited. Ɛfiri afe apem aha-nkron aduonum num (1955) de kɔ si afe aha-nkron aduonu nkron (1959), na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛnii panin wɔ Kumasi college of technology a seisei yɛ ferɛ no Kwame Nkrumah University of Science and Technology, ɔkyerɛɛ nkotaabuo ne 'subjects' afoforɔ nso, akyirei, ɔbɛyɛɛ Panin wɔ college of Administration firi afe apem aha-nkron aduosia (1960) de kɔ si afe apem aha-nkron aduosia mmienu (1962). Amegashie som sɛ oti tena nii ma Capital investment board ne negotiating committee of the State enterprises secretariat. Afei nso na ɔyɛ director ma former School of Administration a seisei ɛyɛ University of Ghana Business School of the University of Ghana and president of the Institute of Chattered Accountants Ghana. Afei nso ɔyɛ founder of the Ghana Institute of Chartered Accountants.

Coup no twaa mu wɔ Ɔgyefoɔ 1966 no, na Amegashie yɛ a member of the economic committee of the ruling National Liberation Council.

Ɔnoankasa N'abrabɔ sesa

Amegashie wareɛ a na ɔwɔ mma num..

Literature sesa

Amegashie nnwoma ahodoɔ a w'atwerɛ no bi ne:

  1. "The contract function in Management"
  2. "The Management Process"[5]
  3. "In Defense of Business Enterprise"[5]
  4. "Africa's Socialist Development"[5]
  5. "Reflection of Productivity Drive in Ghana"[5]

Ne wuo ne N'agyadeɛ sesa

Amegashie wui wɔ Johannesburg asɔpiti bi a ɛwɔ South Africa Obubuo 2013. Owuiɛ no na w'adi mfeɛ aduowɔtwe nsia (86). Ɛnam ne mmɔdenmɔ nti ɔde R. S. Amegashie auditorium a ɛwɔ University of Ghana Business School too no.

Beaɛ a me nyaa moa firiiɛ sesa

  1. "RS Amegashie passes on - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). Retrieved 13 January 2021.
  2. "RS Amegashie passes on - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). Retrieved 13 January 2021.
  3. Ocran, J. K. (6 August 1967). Sunday Mirror: Issue 730, August 6 1967 (in English). Graphic Communications Group.
  4. "Governance – Celebrating Galant Leadership > Golden 50". www.sic-gh.com. Archived from the original on 15 January 2021. Retrieved 13 January 2021.
  5. 5.0 5.1 5.2 5.3 Mfomsoɔ wɔ beaɛ hɔ:Invalid <ref> tag; no text was provided for refs named :0