Shai-Osudoku (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Shai-Osudoku(About this soundpronunciation of"Shai-Osudoku")  yɛ mansini no baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Shai-Osudoku wɔ Tema mansini adantam a ɛwɔ Nkran punpuni mantam wɔ Ghana.

Shai-Osudoku
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniTema Municipal District
MantamGreater Accra Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPDavid Tetteh Assumeng

Mmarahyɛbedwafoɔ sesa

Michael Afedi Gizo a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress mu peree mpɛsoa no akonnwa no wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) ɛna David Tetteh Assumeng a ɔno nso wɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress mu nso gyina maa mpɛsoa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2094) mu.

Abatoɔ sesa

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Shai-Osudoku no nnipa nan na ɛperee mpɛsoa no akonnwa. Abatoɔ no kɔɔ awieeɛ no na kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress anamsini David Tetteh Assumeng anya mma mpem du nan, ahanson ne aduonu num(14,725) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduosia nsia akyirepɔ nan. Daniel Christian Dugan a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nso nyaa mpem num,ahanum ne aduosia num (5,565) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonu num akyirepɔ baako (26.1%). Emmanuel Martey Tetteh a ɔwɔ People's National convention nyaa apem, ahannwɔtwe ne aduoson nsia (1,876) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu nnwɔtwe akyirepɔ num. Albert Nartey a ɔwɔ People's National convention anya mma biara.

Ghanaian parliamentary election, 2008:Shai-Osudoku
Source: Ghana Home Page
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
National Democratic Congress David Tetteh Assumeng 14,725 66.4
New Patriotic Party Daniel Christian Dugan 5,565 25.1
Convention People's Party Emmanuel Martey Tetteh 1,876 8.5
People's National Convention Albert Nartey 0.0 0.0
Abatoɔ dodoɔ 9,160 41.3
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba