Suame (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Mmarahyɛbadwafie mpɛsoa a ɛwɔ Ghana Ashanti Mantam mu
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Suame (About this soundpronunciation of "Suame " ) yɛ mpɛsoa nom baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam.[1] Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Na Suame wɔ Kumase Metropolitan mansini mu nanso seisei deɛ ɛwɔ mansini adantam a ɛwɔ Asante mantamGhana.[1] Wɔte mpɛsoa no akonnwa berɛ a wɔreto mfeɛ mpem mmienu ne nan mmarahyɛbedwafoɔ aba a Old Tafo-Suame mpɛsoa nom kyɛ yɛɛ Old Tafo ne Suame mpɛsoa wɔ ne nnidisoɔ so.

Suame
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniKumasi Metropolitan District
MantamAshanti Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2004
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPOsei Kyei Mensah Bonsu

Ɛhyeɛ sesa

Mpɛsoa no akonnwa no hyɛ Kumase Metropolitan Assembly ɛne Tafo Nhyiaeso, Afigya Kwabre South,Bantama na ɛbɔ hyeɛ.

Abakɔsɛm sesa

Ghana abatoɔ kɔmisa ne nnipa afoforɔ bɛyɛ aduonu nkron na wɔdikan tee mpɛsoa no wɔ mfeɛ mpem ne nan, a ɛtoo mpɛsoa nom firii ahanu dekɔɔ ahanu ne aduasa.[2]

Mmarahyɛbedwafoɔ sesa

Wɔ afe mpem mmienu ne nan (2004) abatoɔ mu no, amannyɔkuo ahodoɔ nan na wɔde wɔn ananmusini babɛgyinaa wɔ Suame mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu sɛ yɛnto wɔn so aba ma wɔn mmɛyɛ mmarahyɛbadwafoɔ mma ɔmanfoɔ a wɔwɔ Suame abatoɔ mpesua no so. Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party de Owura Osei Kyei Mensah Bonsu na ɛbɛgyinaeɛ, Kyiniiɛ amannyɔkuo National Democratic Congress nso de Owura Paul Richard Yeboah na ɛbɛgyinaeɛ, amanyɔkuo a yɛfrɛ wɔn convention peope's party a wɔn ahyɛnsodeɛ ne Akokɔ no nso de Owura Frederick Antwi na ɛbɛgyinaeɛ, afei People's National convention nso de Owura Young Sampson Agonno na ɛbɛgyinaeɛ. Abatoɔ no nyinaa baa awieɛ no na Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party ananmusini Owura Osei Kyei Mensah Bonsu na adi nkunim wɔ Suame mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu

Abatoɔ Ekuoba Amanyɔkuo
Mfeɛ mpem mmienu ne nan
Mfeɛ mpem mmienu ne nan Osei Kyei Mensah Bonsu Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party

Abatoɔ sesa

Mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ:suame sesa

Wɔ afe mpem mmienu ne nan (2004) abatoɔ mu no wɔ Suame mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu, Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party de Owura Osei Kyei Mensah Bonsu na ɛbaeɛ, abatoɔ no baa awieɛ no na wanya mma no mu Mpem aduanan nwɔtwe ne ahanum (48,500) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a, ɛgyina hɔ ma Ɔha mu nkyekyɛmu aduowɔtwe mmienu ne akyire pɔ baako (82.1%). Owura Osei Kyei Mensah Bonsu de mma Mpem aduanan nwɔtwe ne ahanum (48,500) na ɛdii nkunim wɔ Suame mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

Saa ara nso na Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso de Owura Paul Richard Yeboah na ɛbaeɛ, abatoɔ no baa awieɛ no na wanya mma no mu Mpem ahannwɔtwe,ahanan ne aduanan nwɔtwe (8,448) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a, ɛgyina hɔ ma Ɔha mu nkyekyɛmu du-nan ne akyire pɔ mmiɛnsa (14.3%). Owura Paul Richard Yeboah de mma Mpem aha nwɔtwe,ahanan ne aduanan nwɔtwe (8,448) na ɛtɔɔ so mmienu wɔ Suame mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

Amanyɔkuo a yɛfrɛ wɔn convention peope's party a wɔn ahyɛnsodeɛ ne Akokɔ no nso de Owura Frederick Antwi na ɛbɛgyinaeɛ, na berɛ a abatoɔ no baa awieɛ no na wanya mma no mu apem , ɔha ne aduonum nson (1157), a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a, Owura Frederick Antwi mma no gyina hɔ ma Ɔhamu nkyekyɛmu mmienu ne akyiri pɔ hwee (2.0%). convention peope's party ananmusini no de mma apem , ɔha ne aduonum nson (1157), na ɛtɔɔ so mmiensa wɔ Suame mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

Afei People's National convention nso de Owura Young Sampson Agonno na ɛbɛgyinaeɛ, na abatoɔ no baa awieɛ no na wanya mma no mu aha nkron ne aduasa nan (934) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a, Owura Young Sampson Agonno mma no gyina hɔ ma Ɔha mu nkyekyɛmu baako ne akyire pɔ nsia (1.6%). People's National convention ananmusini no de mma aha nkron ne aduasa nan (934) na ɛtɔɔ so nan wɔ Suame mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

Amanyɔkuo Anamsini Mma Ɔhamu nkyekyɛmu +-%
Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party Osei Kyei Mensah Bonsu Mpem aduanan nwɔtwe ne ahanum Ɔhamu nkyekyɛmu aduowɔtwe mmienu akyirepɔ baako N/A
Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress Paul Richard Yeboah Mpem ahannwɔtwe,ahanan ne aduanan nwɔtwe Ɔhamu nkyekyɛmu du nan akyirepɔ mmiɛnsa N/A
Akokɔ amanyɔkuo convention peope's party Frederick Antwi Apem , ɔha ne aduonum nson Ɔhamu nkyekyɛmu mmienu N/A
People's National convention Young Sampson Agonno Ahankron ne aduasa nan Ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ nsia N/A
Nnipa dodoɔ Mpem aduanan ne aduonum mmienu Ɔhamu nkyekyɛmu aduosia nson akyirepɔ nnwɔtwe N/A

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. 1.0 1.1 http://www.citypopulation.de/en/ghana/admin/
  2. FAQ's". Parliament of Ghana. Archived from the original on 2007-09-27. Retrieved 2007-07-26.