Sylvester Azantilow

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Sylvester Ateteng Azantilow Audio file "tw-Sylvester Ateteng Azantilow.ogg" not foundNhwɛsoɔ:Category handler yɛ Ɔman Ghana mmarahyɛbedwani wɔ ne amanyɔni wo ɔman no mmarahyɛbedwam a ɛtɔ so nan a na ɔyɛ anamɔnsini de ma Builsa Atifi mpɛsoaso wɔ Apuiɛ mantam wɔ Ɔman Ghana mu. Na ɔyɛ National Democratic Congress NDC amanyɔkuo ba.

ABRABƆ AHYƐASEƐ NE SUKUU sesa

Wowoo Azantilow wo afe apem ahankron aduonum baako wo etifi ɛpuiɛ mantam wɔ Ghana ɛnkanee (Gold Coast). Onyaa ne nwoma mu nteteeɛ wɔ '' (Notre Dame Seminary Senior High School)" a ɛwɔ Navrongo, ɛhɔ na onyaa ne GCE abodin krataa.

AMANYƆSƐM sesa

Oyii Azantilow kɔɔ mmarahyɛbedwam wo amanyɔkuo NDC din mu wo afe apem ahankron aduokron mmienu mmarahyɛbedwam abatoɔ no mu sɛ ogyina mu ama Builsa etifi mantam mu. Onyaa mma ɔha mu nkyekyemu aduonum nsia akyiri pɔ du (56.10%) kyɛn Avaasi Solomon Akumboa a onyaa apem mmiɛnsa, aha nan ne aduanan (3,440) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekye mu dunum akyiri pɔ du (15.10%) ne Atulisi Alankawon Andrew a onyaa mma aha nsɔhwe ne aduasa nson a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu mmiɛnsa akyiri pɔ aduoson (3.70%) ne Azaanab Waksman Akuobey a onyaa aha num ne aduonu nan a ɛgyina ho ma ɔhamu nkyekyeɛ mu mmienu akyiri pɔ aduasa(2.30%) ne George Kwado Amarnah a ɔno nso nyaa mma ɔha mmiɛnsa ne dunson a ɛgyina ho ma ɔhamu nkyekyɛmu baako akyiri pɔ aduanan (1.40%).[1][2]

NNWUMA sesa

Na Azantilow yɛ ɔpanin a ɔkra nnoɔma firi Amanɔne ba ɔman mu nipa baako ne mmarahyɛbedwani de ma Builsa ɛtifi mpɛsoaso wɔ Apuiɛ mantam. Na ɔsane nso yɛ Ɔsoafoɔ abɛdiakyire de ma mmabunu ne Agokansie mu nsɛm.[3]

N'ABRABƆ NNWUMA sesa

Na Azantilow yɛ Kristoni.

NE WUO sesa

Azantilow wuu wɔ Kitawonsa bosome da a ɛto so aduonu baako, afe mpem mmienu aduonu mu (21st July,2020), na wɔ koraa n'akyi koraa wo Ɔsanaa bosome da a ɛtɔ so nwɔtwe wɔ afe Koro no mu wɔ Ahemfo esieɛ a ɛwɔ Sandema.[4][5][6][7]

BEAƐ A MENYAA MMOA FIRIIƐ sesa

  1. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/uppereast/168/index.php
  2. http://thinkghana.com/pages/1996/parliament/uppereast/168/index.php
  3. https://www.modernghana.com/news/122848/former-deputy-minister-3-others-before-court.html
  4. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Faction-of-late-Azantilow-s-family-invade-Mortuary-118259
  5. Archive copy, archived from the original on 2021-07-29, retrieved 2021-07-29{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  6. "Archive copy". Archived from the original on 2021-07-29. Retrieved 2021-07-29. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  7. "Archive copy". Archived from the original on 2021-07-29. Retrieved 2021-07-29.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)