Takoradi Nsaano Nnwuma Suapɔn.

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Takoradi nsaano dwuma suapɔn yɛ sukuu a mmaa ne mmarima adi afra a ɛwɔ takoradi. Wɔsii sukuu no wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe mmienu a Ghana a aban ne German aban a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ a wɔboa sane tae akyi na wɔpagyaa suapɔn no.[1] sukuu no agye din ɛnam nsaano nnwuma mfidie a ɛwɔ hɔ a wɔde kyerɛkyerɛ asuafoɔ no adeɛ sane boa wɔn na wɔnya nimdeɛ firi adeɛ a wɔrekyerɛ wɔn no ho.

Abakɔsɛm. sesa

Takoradi nsaano nnwuma suapɔn no wɔdaa no adi wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe mmienu mu ɛna wɔde asuafoɔ aduasa mmienu hyɛɛ aseɛ. Na saa asuafoɔ yi hyɛ atadeɛ a soro no ahosuo yɛ wiemhyɛn ne trɔsa.

Sukuu no nkorabata. sesa

  1. Ɔtomfoɔ.
  2. Anyinam ahoɔden ho nnwuma
  3. Fangoo
  4. Nnuane dwuma
  5. Obi a ɔsiesie kaa
  6. Adansie ne akwanyɛ nnwuma
  7. Adepam
  8. Obi a ɔkora asukɔkyea adaka
  9. Sɛdeɛ wɔsi si agyanan bea
  10. Mfidi nnwuma

Adan. sesa

Sukuu no wɔ adan nan a asuafoɔ no biara wɔ mu, ɛno ne,

  1. Tewiah dan
  2. Yankey dan
  3. Sekyere dan

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ. sesa

  1. Takoradi Technical Institute". Takoradi Technical Institute. Retrieved 5 September 2015.