The Africa Prize For Engineering Innovation

'The Africa Prize For Engineering Innovation' yɛ abasobɔdeɛ a wɔde ma wɔn a wɔbɔ mmɔden wɔ nfidiedwuma mu wɔ Afrika Sahara Anafoɔ fam.[1][2] Wɔ abasobɔdiɛ ahodoɔ a wɔde bɔ wɔn a wɔyɛ nfidiedwuma aba so wɔ Abibirem ha no nyinaa mu no, saa abasobɔdiɛ yi na ɛwɔ soro paa.[2] Ɛbɔ Abibifoɔ a wɔde nimdeɛ foforɔ boa ma nfidiedwuma nya nkɔanim no aba so afe biara. Wɔde abosome nnwɔtwe si hɔ boa akansifoɔ no ma wosiesie wɔn ho ma akansie no.Berɛ duru so a,akansifoɔ no mu biara de n'adwuma to dwa wɔ edwabɔ no ase. Wowie a, nea odi nkunim no nya £25,000, na wɔn a wɔtɔ so mmienu,mmiɛnsa ne nnan no mu biara nso nya £10,000. [3]

Abakɔsɛm sesa

'The Royal Academy of Engineering' a ɛwɔ United States na ɛde abasobɔdiɛ yi bae wɔ Ɔbɛnem bosome mu wɔ afe 2014 mu. Firi saa berɛ yi no,dwumadie yi so aboa nnwumakuo ahodoɔ bɛboro ɔha ne mmienu (102) wɔ aman dun-nsia so.[1]

Wɔn A Wotumi Si Akan No Bi sesa

Ɛsɛ sɛ onii yɛ obi a ofiri Afrika Sahara Anafoɔ famu na ɔwɔ nimdeɛ wɔ mfididwuma ho. Afei nso ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔwɔ mfididwuma ho nimdeɛ foforɔ bi a ɔde ayɛ biribi anaa ogu so de reyɛ biribi aboa ne mpɔtamfoɔ ne ne man.[4]Ɛwɔ sɛ akansifoɔ no de si wɔn ani so sɛ wobebue nnwuma a ɛde wɔn nimdeɛ no bɛto dwa.

Ɛwɔ sɛ nfididwuma ho nimdeɛ a akansifoɔ wɔ no yɛ biribi a ne botae ne sɛ ɛbɛboa ɔman bi anaa aman a ɛwɔ Afrika Sahara Anafo fam mpuntuo ne ne yiyedi. Afei nso,ɛsɛ sɛ nimdeɛ no yɛ biribi a ebetumi aboa mpontudwuma pɔtee bi anaa ebetumi adi nsɛnnennen bi a ɛwɔ ɔman no mu ho dwuma.[5]

Mfasoɔ A Ɛwɔ So sesa

Afe biara, wɔpaw akansifoɔ dunnsia a wɔwɔ nfidiedwuma ho nimdeɛ ma wɔn mmoa biara a wobehia wɔ abosome nson ne akyire ntamu ma wɔde wɔn nnwuma. Wɔma saa akansifoɔ yi nteteɛ ne mmoa ahodoɔ nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi wɔn nnwuma no ho dwuma yie. Wonya hokwan ne animdefoɔ a wɔwɔ UK ne Afrika mpatam di nkitaho. Nea odi nkonim wɔ akansie no mu nya £25000 na wɔn a wɔtɔ so mmienu, mmiɛnsa ne nnan no nso nya £10000.[6]

Wɔn A Wɔanya Abasobɔdiɛ No Bi sesa

Afe Edin Ɔman
2015 Dr. Askwar Hilonga ne ne nkurɔfoɔ[7] Tanzania
2016 Arthur Zang[8] Cameroon
2017 Godwin Benson[9] Nigeria
2018 Brian Gitta ne ne nkurɔfoɔ[10][11] Uganda
2019 Neo Hutiri[12][13] South Africa
2020 Charllette N'Guessan[14] Ghana
2021 Noël N'guessan[15][16] Cote d'Ivoire

Beae A Minyaa Mmoa Firiiɛ sesa

  1. 1.0 1.1 https://www.raeng.org.uk/global/sustainable-development/africa-prize
  2. 2.0 2.1 https://www.opportunitiesforafricans.com/africa-prize-for-engineering-innovation-2022-in-sub-saharan-africa/
  3. https://www.raeng.org.uk/global/sustainable-development/africa-prize
  4. https://concoursn.com/africa-prize-for-engineering-innovation-2016/
  5. https://www.ideassonline.org/public/pdf/AfricaPrizeEngineeringInnovation-ENG.pdf
  6. https://www.ideassonline.org/public/pdf/AfricaPrizeEngineeringInnovation-ENG.pdf
  7. https://www.raeng.org.uk/global/sustainable-development/africa-prize/current-and-recent-awardees/2015
  8. https://www.raeng.org.uk/global/sustainable-development/africa-prize/current-and-recent-awardees/2016
  9. https://disrupt-africa.com/2017/05/26/nigerias-tuteria-wins-africa-prize-for-engineering-innovation/#:~:text=Godwin%20Benson%2C%20the%2027%2Dyear,US%2432%2C000)%20in%20prize%20money.
  10. "Archive copy". Archived from the original on 2021-07-16. Retrieved 2022-03-19. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  11. https://thisisafrica.me/africans-rising/uganda-africa-prize-engineering/
  12. https://www.africa.com/first-south-african-innovation-wins-the-africa-prize-for-engineering-innovation/
  13. https://ventureburn.com/2019/06/neo-hutiri-africa-prize-engineering/
  14. https://edition.cnn.com/2020/09/07/africa/africa-engineering-prize-intl/index.html
  15. https://venturesafrica.com/first-ivorian-based-innovation-wins-the-africa-prize-for-engineering-innovation/#:~:text=Chemical%20Engineer%20No%C3%ABl%20N'guessan,and%20generate%20income%20from%20biowaste.
  16. https://www.fenews.co.uk/resources/first-ivorian-based-innovation-wins-the-africa-prize-for-engineering-innovation/