Thomas Kwesi Nasah

Ghana amanyɛfo
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Thomas Kwesi Nasah (wɔwoo no Oforisuo 5, 1972) yɛ Ghana amanyɔni, na ɔyɛ Ghana Ɔmanpanin mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nsia no muni a ɔgyina Gushiegu Mansin ananmu wɔ Atifi Mantam mu wɔ National Democratic Congress tekiti so.

Mfitiase asetra ne nhomasua sesa

Wɔwoo Nasah wɔ March 5, 1972. Ɔfiri Zamamshiegu, kuro bi a ɛwɔ Ghana Atifi Fam Mantam mu . Owiee Salaga Ntoaso Sukuu, Ghana na onyaa ne GCE Ordinary Level wɔ afe 1992.

Adwuma sesa

Na Thomas yɛ adwumayɛfo, okuafo ne kuayɛfo. Na ɔsan nso ka Adwumayɛ Boayikuw, Boayikuw a ɛhwɛ Ohia so Tew Ho Nhyehyɛe, Adwumayɛ ne Adan Ho.

Amanyɔsɛm sesa

Nasah yɛ Ɔman Demokrasi mmrahyɛbagua (NDC) no muni. Wɔ afe 2012 mu no, ɔsii akan maa Gushiegu atenaeɛ no wɔ NDC mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nsia a ɛwɔ republic a ɛtɔ so nnan no tekiti so na ɔdii nkonim. Ɔhyɛɛ n’amammui adwuma ase wɔ afe 2009 mu bere a wɔbɔɔ no dawuru sɛ odii nkonim wɔ afe 2008 Ghana Amansan Abatow mu maa ne mansin no na wɔpaw no sɛ ɔmmɛyɛ mmrahyɛbagua a ɛto so 5 wɔ 4th Republic no mu.

Ankorankoro asetra sesa

Nasah yɛ Kristoni na ɔkɔ Pentekoste Asɔre. Ɔwaree na ɔwɔ mma baanum.

Nsɛm a wɔde gyinaa so sesa