Upper East Region

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Upper East Region wɔ North a ɛwɔ Ghana na ɛyɛ mantam a ɛwɔ Ghana [1]a ɛtɔ mmiɛnsa a ɛsua wɔ mantam du nsia num. Ɛfa mpem nnwɔtwe, ahannwɔte ne aduanan mmienu square kilometres asaase anaa ɔhamu nkyekyɛmu mmienu akyiripɔ nson wɔ Ghana. Upper East Region ahenkuro ne Bolgatanga, a ɛtɔ mmerɛ a wɔfrɛ no Bolga. Nkuro akɛseɛ a ɛwɔ mantam hɔ ne Navrongo, Paga,Bawku ne Zebilla.

Asaase ne emu nnipa ne ewiem nsakraeɛ sesa

Baabi a ɛwɔ ne sɛdeɛ ɛteɛ

Upper East Region wɔ north-western nkyɛn baabi wɔ Ghana na ɛbɛn Burkina Faso de kɔ North ne Togo dekɔ East. Ɛwɔ longitude 0°ne 1°west ne latitude 10° 30'N ne 11°N ntam. Mantam no ne Burkina Faso a ɛkɔ North, Togo a ɛkɔ East, upper West Region a ɛkɔ west ne Northern Region a ɛwɔ South na ɛbɔ ahyeɛ. Wakyɛ upper East Region mu mansini du num, a emu biara district chief Executive na ɛda ano.

Nsrahwɛ sesa

Parks sesa

  • Paga Crocodile Pond
  • Sombo Bat Sanctuary
  • Jafiiri Sacred Royal Python Sanctuary

Baabi a wɔgye wɔn ani sesa

  • Tongo rocks
  • Bongo Rocks
  • Tono Dam

Beaeɛ a ɛfa abakɔsɛm ho sesa

  • Naa Gbewaa's abosomdan
  • Navrongo's mud-built asɔre
  • Pikworo Slave camp

Afahyɛ ahodoɔ sesa

Mantam no di afa pii afe no mu nyinaa, a pii no ara tumi ma mfudeɛ yɛyie anaa wɔde di afahyɛ no de kae mfudeɛ a wanya.

  • Samanpiid afahyɛ
  • Damba afahyɛ (Mamprusi)
  • Gologo afahyɛ
  • Fao afahyɛ
  • Paragbiele afahyɛ
  • Willa afahyɛ
  • Zumbenti afahyɛ
  • Feok festival builsa
  • Zekula afahyɛ, a Bissafoɔ na ɛdi
  • Boaram afahyɛ[2]
  • Bolgatanga International Craft and Arts Festival Organized by TradeAID Integrated*
  • Tengana afahyɛ, a nnipa a ɛwɔ Balungu, Winkongo ne Pwalugu na ɛdie
  • Ndaakoya afahyɛ, a nnipa a ɛka frafra, Talensi and Nabdam wɔ mpɔtam hɔ na ɛdie
  • Upper East Regional Museum
  • Sirigu Pottery and Arts Center
  • Bolga market - a market for farmers and livestock, held twice weekly.
  • Bolgatanga Craft Village

Demographics sesa

  • Nnipa dodoɔ a ɛwɔ hɔ
  • Bolgatanga a ɛwɔ Upper East Region na nnipa pii wɔ. Nnipa dodoɔ a ɛwɔ nkuro nketewa nom no bɛyɛ (79%) na wɔn ato apete mmeaɛ pii. Nnipa a ɛwɔ nkuro akɛseɛ mu bɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduowɔtwe nson akyiripɔ baako wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nan ne ɔhamu nkyekyɛmu aduowɔtwe nan akyiripɔ mmiɛnsa wɔ mfeɛ mpem mmienu mu. Wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nan ne mfeɛ mpem mmienu ntam mu no nnipa a ɛwɔ nkuro nketewa no so tee bɛyɛ sɛ ɔhamu nkyekyɛmu mmienu akyiripɔ nwɔtwe ɛna mfeɛ mpem mmienu ne mfeɛ mpem mmienu ne du ntam no ɛso sane tee bɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu num akyiripɔ mmiɛnsa. [3]Nnipa bɛyɛ sɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonu baako a na wɔte kuro kɛseɛ mu no, mantam no ne nea ɛwɔ Ghana a ɛwɔ kuro ketewa. Wɔne Upper West kabom a wɔn ne mantam a nnipa a ɛwɔ wɔn kuro akɛseɛ mu sua kyɛn ɔhamu nkyekyɛmu aduonu. Ghanafoɔ. Wɔn a wɔwoo wɔn wɔ hɔ, wɔn mmɔfrase anaa mpaninnie kabom yɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduokron mmienu akyiripɔ num wɔ Upper East Region. Wɔn a wanwo wɔn wɔ ha na wɔyɛ ɔmanni nso yɛ ɔhamu nkyekyɛmu num akyiripɔ mmiɛnsa. Nnipa a ɛwɔ Upper East Region yɛ ɔpepepem baako, mpem mmiɛnsa ne baako, ahanu ne aduonu baako wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu baako efie ne nnipa akenkan mu.

Kwan a yɛfa so kɔ hɔ sesa

Ɔman no wɔ kwantenpɔn mmiɛnsa -N2, N10 ne N11 ne mantam kwantenpɔn kakra bi a ɛno ne R113,R114,R116 ne R181 a ɛsom mantam no. N10 no firi Yemoransa a ɛwɔ mfimfini mantam na ɛfa kumase a ɛwɔ Asante mantam na akɔsi paga a ɛwɔ Upper East Region. Ɔman no ahenkuro nso nam N10 so ne ɔman no nya twaka a ɛkɔsi wɔ Kulungugu a ɛwɔ Upper East Region. Ɔman ne akwan mmienu no nam N11 so nya twaka a ɛka Bolgatanga a ɛyɛ mantam no ahenkuro bom kɔ Bimpiela, a ɛno nso wɔ mantam hɔ.

Adwumayɛ nkyekyemu sesa

Mantam amanyɔsɛm adwuma no nam mpɔtam amammuo so  Wɔ saa nhyehyɛeɛ yi so no, wakyɛ mantam no mu akɔ MMDA du num(kabom mayɛ nya mansini nan, ordinary Assembly du baako). [4]Mansini, mansini adantam anaa Metropolitan Assembly biara no chief Executive, a ɔgyina hɔ ma Central government na nso ɔnya ne tumi firi ekuoba bi a ɔmanpanin ayi no wɔ wɔn mu a ɔda Assembly no ano.Edin no na ɛdidisoɔ yi;

 
Old Map of the Districts of the Upper East Region (2016)
Districts of the Upper East Region[5]
# MMDA Name Capital MMDA Type Population
1 Bawku Bawku Municipal
2 Bawku West Zebilla Ordinary
3 Binduri Binduri[6] Ordinary
4 Bolgatanga Bolgatanga Municipal
5 Bolgatanga East Zuarungu Ordinary
6 Bongo Bongo Ordinary
7 Builsa North Sandema Municipal
8 Builsa South Fumbisi[7] Ordinary
9 Garu Garu Ordinary
10 Kassena Nankana East Navrongo Municipal
11 Kassena-Nankana West Paga Ordinary
12 Nabdam Nangodi Ordinary
13 Pusiga Pusiga[8] Ordinary
14 Talensi Tongo Ordinary
15 Tempane Tempane Ordinary

Adesua sesa

Ntoasoɔ sukuu

  • Awe Senior High/Tech
  • Bolga Girls Senior High School
  • Awe Senior High/Tech School
  • Bawku Senior High/Tech School
  • Bolgatanga Senior High School
  • Bongo Senior High School
  • Chiana Senior High School
  • Fumbisi Senior High School
  • Gowrie Senior High Tech School
  • Gambigo Day Community SHS
  • Garu Day Community SHS
  • Kongo Senior High School
  • Kusanaba Senior High School
  • Navrongo Senior High School
  • Nabango Senior High
  • Notre Dame Sem/ Senior High School
  • Mirigu Community Day SHS
  • O. L. L. Girls Senior High School
  • Paga Senior High School
  • Queen Of Peace Senior High School
  • Sandema Senior High/Tech School
  • Sandema Senior High School
  • Sirigu Senior High School
  • St John's Integrated Senior High/Tech
  • Tempane Senior High School
  • Zamse Senior High/Tech School
  • Zebilla Senior High/Tech School
  • Zorkor Senior High School
  • St John's Integrated SHTS
  • Zuarungu Senior High School
  • Bawku Senior High School
  • Bawku Technical School

Tertiary Institutions 1). Bolgatanga Technical University 2). St. John Bosco's College of Education 3). Gbewaa College of Education, Pusiga 4). UDS (University for Applied Science & Technology), Navrongo.

Amamma a wɔyɛ atitirefoɔ sesa

Notable native citizens of Upper East region
# Citizen Settlement
1 Joseph Kofi Adda Navrongo
2 Roland Agambire Sirigu
3 Roger A. Agana Soe
4 David Atanga Namoo
5 Theresa Lardi Awuni Winkongo
6 Adam Kwarasey Navrongo
7 Abedi Pele Paga
8 Mark Woyongo Navrongo
9 Hawa Yakubu Kulungungu
10 Stephen Yakubu Binduri
11 Adabere Adabre Donald Bolgatanga

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. https://citinewsroom.com/2021/05/upper-east-region-group-pushes-for-sex-education-to-reduce-teenage-pregnancies/
  2. "Archive copy". Archived from the original on 2019-04-28. Retrieved 2022-07-05.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. "Archive copy" (PDF). Archived from the original (PDF) on 2013-09-25. Retrieved 2022-07-05.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. https://web.archive.org/web/20130118104107/http://www.ghanadistricts.com/region/?r=8
  5. Upper East Region – Districts
  6. "Ghana Districts - A repository of all districts in the republic of Ghana". www.ghanadistricts.com. Archived from the original on 2012-10-18.
  7. "Ghana Districts - A repository of all districts in the republic of Ghana". www.ghanadistricts.com. Archived from the original on 2012-10-18.
  8. "Ghana Districts - A repository of all districts in the republic of Ghana". www.ghanadistricts.com. Archived from the original on 2012-10-18.