Victoria Osei

Vctoria Osei yɛ Ghanani a yɛ woo no wɔ Ghana Man yi mu. Yɛ woo no wɔ bo Kitawonsa bosme no mu ne da a ɛtɔso aduasa wɔ mfei mpem mmiemu ne mmienu no mu ( July 30th 2002).[1]

Abakwasɛm sesa

Osei yɛ abaayiwa a yɛ woo no wɔ Ghana man yi mu a ɔyɛ Ghanani. wɔ mfei mpem mmienu ne mmienu no mu na ɔwoo saa abaayiwa yi wɔ bosome Kitawonsa no mu. ɔyɛ ɔbaa bi a ne dwuma a ɔdie ɛne bɔɔlubɔ ɛno nti ɔyɛ okununi wɔ bɔɔlubɔ mu a ɔdi ne dwuma sɛ bɔɔlubɔni wɔ Ɔman Ghana mu. Ɔyɛ ɔbaa bɔɔlubɔ okununi wɔ Ghana man mu a ɔsi nakae wɔ mmaa bɔɔlubɔ akansie no mu wɔ Ghana. Wɔ agoropramasoɔ saa ɔbaa yi bɔ bɔɔlubɔ anaa wɔ akansie mu no ɔsi nakae wɔ mfinfini afam.[2]

Bɔɔlubɔ kuo

Ɔbaa bɔɔlubɔ kununi yi bɔ bɔɔlu anaasɛ ɔsi nakae de ma mmaa bɔɔlubɔ kuo bi a ɛwɔ Ghana man mu a ɔfrɛ wɔn sɛ Apem Darkoa Mmaa bɔɔlubɔ kuo (Apem Darkoa Ladies FC).[3] Wɔ bɔɔlubɔ akansie mu no ɔbɔ ne bɔɔlu no wɔ mfinfini afam wɔ agoropramaso. Wasi akae bebiree de ama ne bɔɔlubɔ kuo a ɔfrɛ wɔn sɛ Apem Darkoa Mmaa Bɔɔlubɔ kuo no wɔ Ghana mmaa bɔɔlubɔ ago kansie no mu. Wɔ Ɔman Ghana mmaa bɔɔlubɔ ago kansie mu no ɔgyina mfinfini afam wɔ agoprama no so na ɔsi nakae.[3] Wasi akae ahodoɔ no ara de ama ne bɔɔlubɔ kuo no na ɛfiri mfei mpem mmienu ne aduonu mmienu de bɛ si mfei mpem mmienu ne aduonu mmiensa (2022 -2023) no mu no na wagyinamu asi akae de ama ne bɔɔlubɔ kuo no sima aduonu, ɔha ne aduokron nan (2194 minutes).

Beaɛ menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. Ghana - V. Osei - Profile with news, career statistics and history - Soccerway
  2. Ghana - V. Osei - Profile with news, career statistics and history - Soccerway
  3. 3.0 3.1 Victoria Osei - Soccer player profile & career statistics - Global Sports Archive