Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Wasawasa yɛ aduane(About this soundpronounciation of "Wasawasa" ) bi a agye din, yɛdi no wɔ atifi mantam baabi wɔ Ghana ha ne abibirem atɔeɛ man binom te sɛ Burkina Faso. Yɛnya saa aduane yi firi bayerɛ hono a yahata ama no aho, a yayam ama no ayɛ esam na yɛde ntutuo a ɛfiri nsuom ayɛ. Mpɛn pii no yɛde Wasawasa di mako a ano yɛhye ɛna ɛtɔ mmerɛ bi nso a yɛde ahabamma siesie so sane de nkateɛ a yɛnnyam yɛ anwa ne nsuomunam a yakye ka ho ma no yɛ anika.[1] Ɛtɔ mmerɛ bi nso a nkuro a yanane ne gyeene a yɛatwitwa ka Wasawasa ho di.[2]

Wasawasa akadeɛ. sesa

Yɛwɔ akadeɛ ahodoɔ bebree a yɛde yɛ Wasawasa deɛ nanso akadeɛ a wɔde bɛyɛ no gyina nea ɔbɛdi aduane no apɛdeɛ so nanso akadeɛ a ɛho nyɛ na anaa deɛ edimu ntintimma paa ara ne bayerɛ sam, mako mono sam, nsuo a ɛbɛdane ntutuo ama wɔde ayɛ, gyeene, nkateɛ anwa anaa nkuro a yanane.[3]

Apomuden mfasoɔ. sesa

Ɛma yɛnya honam mu ahoɔden nnuro bi te sɛ kabohidrat ne nnuane nnuro papa a ɛtumi ma nipadua no nyini yie.[4]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ. sesa

  1. EPIC. "Wasa Wasa with Scotch Mango Aioli & Mushrooms". Food Forever. Retrieved 2020-01-18.
  2. "Recipe: 5 delicious Ghanaian meals with strange names". www.ghanaweb.com. Retrieved 2020-01-18.
  3. Ayitey, Charles (2016-05-31). "5 delicious Ghanaian meals with strange names". Yen.com.gh - Ghana news. Retrieved 2020-01-25.
  4. Zulaiha, Ziblim (2018-04-24). "WASAWASA is an African food widely eaten by the Dagombas in the Northen [sic] region of Ghana it is…". Medium. Retrieved 2020-06-18.