Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Yaa(About this soundpronounciation of "Yaa" ) yɛ Akanfoɔ kradin.[1] Ɛyɛ edin a yɛde to ɔbaa a yɛwoo no Yawoada. Bɛrima a yɛwo no yawoada biara no yɛfrɛ no Yaw.[1][2] Asantefoɔ, Fantefoɔ, Akyemfoɔ ne Akuapemfoɔ na ɛto saa din no wɔ Ghana ha. Sɛ yɛwo obi da pɔtee bi a ɛwɔ sɛ saa nipa no fa saa da no su anaa ne nneyɔeɛ.[1]

Abakɔsɛm. sesa

Wɔ Akan amammerɛ mu no, yɛ nya nna din firi abosom hɔ. Yɛ nyaa edin Yaa firii Yawoada a ɛkyerɛ sɛ ɛdaa yɛrebɛso aba. Yaa mmrane de bosuo anaa seandze a ɛkyerɛ sɛ akokoɔduro.[1] Mmaa a yɛ wo wɔn Yawoada yɛ akokoɔdurofoɔ[2], wɔn bɔ afoforɔ ho ban, wɔn ani nsɔ adeɛ biara wobɛyɛ ama wɔn, wɔ pɛ atɛmmuo.

Sɛdeɛ Akanfoɔ dodoɔ no ara frɛ edin no sesa

Akanfoɔ dodoɔ no ara wɔ sɛdeɛ wɔ twerɛ wɔn din Yaa ɛne ne bɛrima din. Ɛbinom atwerɛ no yɛ pɛ na ebinom nso deɛ sesa.

☢Akan kasa Mmaa din Mmɛrima din
Asante Yaa Yaw
Akuapem Yaa Yaw
Fante Aba Ekow

Atitiriwfoɔ a yɛfrɛ wɔn saa din no sesa

Nipa titiriw a yɛfrɛ wɔn Yaa yɛ,

  • Yaa Asantewaa, Asantefoɔ hemaa bi a ɔkoo de gyee Asanteman.[3][4][5]
  • Nana Yaa Brefa, Ghana nsɛntwerɛni.[6]

Nnwoma ahodoɔ a menyaa mmoa firii mu. sesa

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 Archive copy (PDF), archived from the original (PDF) on 2021-02-20, retrieved 2021-04-22{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. 2.0 2.1 https://yen.com.gh/115080-akan-names-meanings.html
  3. https://www.ghanaweb.com/person/Yaa-Asantewaa-175
  4. https://www.thefamouspeople.com/profiles/yaa-asantewaa-40813.php
  5. https://www.encyclopedia.com/women/encyclopedias-almanacs-transcripts-and-maps/yaa-asantewaa-c-1850-1921
  6. https://www.pulse.com.gh/entertainment/celebrities/adom-tvs-nana-yaa-brefo-also-resigns-from-the-multimedia-group/65vkhbm