2015 Topae a Ɛpae wɔ Nkran

2015 Topae a Ɛpae wɔ Nkran
gas explosion, fire
ƆmanGhana Sesa
located in the administrative territorial entityNkran Mantam Sesa
locationNkran Sesa
coordinate location5°34′5″N 0°12′55″W Sesa
point in time4 Ayɛwohomumɔ 2015 Sesa
Map

Topae a Ɛpaeɛ wɔ Nkran (2015 Accra explosion) no sii wɔ Ayɛwohomumɔ 3, 2015. Nneɛma a ɛpaee, a ɛde ogya bae no sii wɔ pɛtro adwumayɛbea bi a ɛwɔ Ghana ahenkurow Nkran mu, na ekunkum nnipa bɛboro 250.[1][2][3]

Ma ɔsii

sesa

Na osiane nsu kɛse bi ɔretɔ nti wɔde GOIL fango bea a ɛbɛn Kwame Nkrumah Interchange a ɛwɔ kuropɔn no mfimfini no ayɛ guankɔbea afi nsuyiri a efi nsu a ɛtɔe nna pii wɔ kurow no mu na ɛbae no, na na nnipa, kar ne bɔs ahyɛ hɔ ma, na na wɔretwɛn sɛ wobefi hɔ akɔ mmeae ahorow a wɔrekɔ bere a ɔtopae no paee gui no.[4][5] Wonnim faako a ɔtopae no fi bae nanso wogye di sɛ esii wɔ beaɛ a pɛtro gu no. Obi a onyaa ne ti didii mu wɔ asiene yi mu kae sɛ na anyinam ahoɔden nni hɔ ahyeɛse no, nanso bere a wɔsan de anyinam ahoɔden no bae akyi no, wɔtee "dede kɛse" bi na afei ogya no paeɛ.[2] Ogya no kum nnipa bɛyɛ 96 aber na wɔrepɛ guankɔbea afi nsu no mu no.

Esiane nsuyiri no nti, na nsu afra pɛtro (fango) no mu, na bere a fangokorabea ahorow no paeɛ no, nsu no maa ogya no trɛw kɔɔ adan a ɛbɛn hɔ no mu kɛse, na ekunkum ɔman mma foforo. Osu a na ɛretɔ ne nsuyiri a ɛkɔɔ so no maa mmɔden a wɔbɔe sɛ wobegye nkurɔfo no yɛɛ den.[6][7] Wɔde afunu pii kɔɔ 37 Military Hospital, ayaresabea titiriw a ɛsõ sen biara wɔ Ghana, ma enti amu dan no mu yɛɛ ma.[8][9]

Anamɔntu ahorow

sesa

Ghana ɔmanpanyin dada John Dramani Mahama kɔsraa beaeɛ hɔ, na ɔfrɛɛ sɛ wɔnni awerɛhoɔ nnansa wɔ esiane a ɛfiri aseɛ wɔ Ayɛwohomumɔ 8, 2015 no ho. Ɔsan nso maa kwan sɛ wɔmfa sika GH₵ ɔpepem 60 (dɔla ɔpepem 14.5) mma mmfa mmoa.[10][11] Ɔmanpanyin Mahama kaa sɛ ɔbɛhyɛ aseɛ ahyɛ mmara a ɛbɛma wɔasiw adan a wɔsi wɔ nsuo kwan so no ano sɛdeɛ ɛbɛyɛ a akwanhyia a ɛte saa no rensi bio.

Beaɛ a menyaa mmoa fii

sesa
  1. Over 200 killed in Ghana gas station explosion (in English), retrieved 2024-08-01
  2. 2.0 2.1 "Ghana petrol station inferno kills about 150 in Accra", BBC News (in British English), 2015-06-04, retrieved 2024-08-01
  3. Toll rises in petrol-station explosion in Ghana (in English), retrieved 2024-08-01
  4. "European Colonialist Perspectives on Athenian Power: Before and After the Epigraphic Explosion", Interpreting the Athenian Empire, Bristol Classical Press, ISBN 978-0-7156-3784-5, retrieved 2024-08-01
  5. http://www.graphic.com.gh/news/general-news/44119-disaster-many-dead-in-fuel-station-fire.html
  6. Adam Nossiter (2015-06-04), "Gas Station Explosion in Ghana's Capital Kills Around 100", The New York Times (in American English), ISSN 0362-4331, retrieved 2024-08-01
  7. "Ghana petrol station inferno kills about 150 in Accra", BBC News (in British English), 2015-06-04, retrieved 2024-08-01
  8. Accra floods: More than 100 feared dead after explosion – Daily Guide Ghana, 2015-07-07, archived from the original on 2015-07-07, retrieved 2024-08-01{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  9. Ghana gas station fire: City of Accra struggles to cope with flooding…, 2015-06-04, retrieved 2024-08-01
  10. Ghana News - Floods: Mahama declares 3 days of mourning, 2016-03-03, archived from the original on 2016-03-03, retrieved 2024-08-01{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  11. President Mahama Announces 3-days of National Mourning & 60 Million GH. Cedis to Support Flood Victims, 2015-06-06, archived from the original on 2015-06-06, retrieved 2024-08-01{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)