Professor Aba A. Bentil Andam (a wɔwoo no wɔ afe apem ahankron aduanan nwɔtwe mu [1948]) yɛ Ghanani a ne dwuma titirew a wɔdi ne particle physicist a na ɔyɛ panin paa a ɔda Ghana Academy of Arts and Sciences ano firi afe mpem mmienu ne du-nson mu (2017) de kɔ si – afe mpem mmienu ne du-nkron mu (2019). ɔno ne ɔbaa a ɔfiri ɔman Ghana mu a ɔyɛɛ physicist.[1]

Professor

Aba A. Bentil Andam
Awo bere1948
Ajumako Kokoben.
CitizenshipGhanaian
AdesuaUniversity of Cape Coast in Ghana . University of Birmingham . Durham University
Sukuu a w'akɔMfantsiman Senior High School.
N'adwumachartered physicist
OrganizationKwame Nkrumah University of Science and Technology,
Notable work
researcher,
TitleProfessor
NehokaniProfessor Kwesi Akwansah Andam
Partner(s)UNESCO , Kumasi's Nuclear Research Laboratory
Childrenfour

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nwomasua sesa

Aba A. Bentil Andam a wɔwoo no wɔ Ghana wɔ afe apem ahankron aduanan nwɔtwe mu (1948) wɔ kuro a wɔfrɛ no sɛ Ajumako Kokoben. ɔkɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ Mfantsiman Senior High School.[2] ɔgyee n'abɔdin krataa a ɛdi kan wɔ suapɔn a wɔfrɛ no sɛ University of Cape Coast a ɛwɔ ɔman Ghana mu wɔ afe apem ahankro aduosia nkron mu de kɔ si afe apem ahankron aduoson mmiensa mu (1969-1973),[3] a na ade titirew a na ɔsua ne physics ɛna afei nso na ɔsane nso sua biribi kakra fa nkontabuo nso ho (mathematics). Afei ɔkɔtoaa ne nwomasua no so wɔ Britain aborɔkyi man mu a ɛhɔ na ɔkɔnyaa n'abɔdin krataa a ɛtɔ so mmienu a wɔfrɛ no borɔfo kasa mu sɛ master's degree ɛfirii suapɔn a wɔfrɛ no sɛ University of Birmingham wɔ afe apem ahankron aduoson nsia mu de kɔ si afe apem ahankron aduoson nson mu (1976-1977)[3] afei ɔtoaa so sua adeɛ gyee abɔdin krataa a wɔfrɛ no Ph.D ɛfirii Durham University wɔ afe apem ahankron aduoson nwɔtwe mu de kɔ si afe apem ahankron aduowɔtwe baako mu (1978-1981).[3] Berɛ a na ɔregye nteteɛ wɔ University of Cape Coast ɛne Durham University nyinaa mu no, na ɔno nkɔ ara ne ɔbaa a ɛyɛ physicist wɔ saa mmerɛ no mu.[4]

Adwumayɛ sesa

Wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe nsia mu no (1986) ɔbɛyɛɛ chartered physicist ɛna afei nso na ɔsane nso yɛ Institute of Physics kuoba amapa[3]. sɛ wode n'abodin krataa ahodoɔ a wagye no wɔ abɔdeɛ mu nyansapɛ nwomasua mu no to nkyɛn a, na ɔsane nso te French kasa no a na ɔtumi ka no yie pa ara, ɛna na ɔsane nso wɔ abɔdin krataa ahodoɔ beberee wɔ French kasa no nkorabata ahodoɔ pii mu, a ɛbi mpo ne Diplome de Langue d’Alliance Francaise de Paris; the French Proficiency Certificate of Ghana Institute of Languages; and the Certificate of Translation, Alliance Francaise de Paris.[3]

Abɔdin ne Animuonyamhyɛ ahodoɔ sesa

Ɔne nnwumakuo ahodoɔ pii na adi dwuma a ɛbinom ne; The World Innovation Foundation (ɛfiri afe mpem mmienu ne mmienu mu 2002), Ghana Academy of Arts and Sciences (ɛfiri afe mpem mmienu ne mmiensa mu 2003), ɛna the Institute of Physics (ɛfiri afe mpem mmienu ne nan mu 2004). ɔno na na ɔyɛ panin paa a na ɔda Ghana Academy of Arts and Sciences kuo no ano (ɛfiri afe mpem mmienu ne du-nson mu 2017- de kɔ si ɛfiri afe mpem mmienu ne du-nkron mu 2019), ɔno ne ɔbaa a na ɔtɔ so mmienu a ɔbɛkuraa saa diberɛ yi mu.[5][6]

Awaresɛm sesa

Aba A. Bentil Andam hokafoɔ a ɔwaree no ne Professor Kwesi Akwansah Andam a na ɔno nso yɛ Civil Engineer, afei nso na ɔsane nso yɛ nwomanimfoɔ a woayɛ suapɔn Vice Chancellor mpo pɛn. [7]wɔwoo mma nan.[8]

Ntotoho sesa

  1. https://www.ghanabusinessnews.com/2016/03/12/ghanas-first-female-physicist-calls-for-gender-parity-in-science/
  2. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Hall-of-Fame-These-19-popular-figures-are-old-girls-of-Mfantsiman-1022614
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 https://web.archive.org/web/20180726201848/https://gnra.org.gh/index.php/contact-us/84-profile/92-professor-aba-bentil-andam-phd
  4. https://books.google.com/books?id=428i2UdWRRAC&q=aba%20andam&pg=PA6
  5. "Archive copy". Archived from the original on 2019-03-27. Retrieved 2022-03-26.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  6. http://citifmonline.com/2017/02/03/ghana-academy-of-arts-and-sciences-gets-2nd-female-president/
  7. https://www.modernghana.com/amp/news/895365/late-prof-kwesi-andam-honoured.html
  8. https://en.wikipedia.org/w/index.php?title=Aba_Andam&editintro=Template%3ABLP_editintro#cite_note-10