Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Adowa(About this soundpronunciation of "Adowa" ) yɛ asa a Akanfoɔ a wɔwɔ Ghana sa. Ɛyɛ asa a agye din wɔ Ghana paa na wɔtaa sa wɔ dwumadie bi te sɛ ayie, afahyɛ ne ayeforohyia ase. Adowa yɛ asa a ɛma wɔn a wɔsa no tumi da wɔn atenka ne nea wɔdwen wɔ asɛm bi ho adi denam sɛnea wɔto wɔn nsa ne wɔn nan bere a wɔresa no. Ɛsono dwumadie biara ne sɛnea sɛnea wɔ keka wɔn ho berɛ a wɔresa Adowa. Wɔ ayeforohyia ase no, wɔsa de kyerɛ sɛ wɔn ani agye nanso wɔsa de kyerɛ awerɛhoɔ wɔ ayie ase.[1][2]

Mmaayewa mmienu a wɔresa Adowa



Abakɔsɛm sesa

Abakɔsɛm a wɔde ano ka ma yehu sɛ, bere a akokoakoko firii aseɛ no, yareɛ bɔɔ Asantefoɔ Hemaa Panyin bi. Berɛ a wokobisaa mu no, Ɔkɔmfo Panyin no ma wohuu sɛ ansaana ne ho bɛtɔ no no, gye sɛ adowa a ɔte ase de yi apaeɛ ma abosom no. Eyi nti wɔpaw mmarima kɔɔ kwaeɛ no mu sɛ wɔnkɔpɛ adowa no bi mmra. Bere a wokohunuu bi no, sɛnea na aboa no tutu ne nan dannan ne ho no yɛɛ wɔn fɛ na wosuasuae. Berɛ a wɔde aboa no baa fie wiei no, wɔbɛyɛɛ nea wohunii no kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ fie no na wɔn nso ani gyee ho. Mmaa no suae na wɔdanee ani kakra de yɛɛ asa.[3]


Ahosiesie A Wɔde Sa sesa

Wɔn a wɔsa no taa fura Kente na wokuta ntama fitaa a wohim bere a wɔresa no. Dwumadie no na ɛkyerɛ Kente ahosuo a wofura. Wɔ dwumadie bi te sɛ ayie ase no, wofura tuntum ne kɔɔgyan anaa fitaa dekyerɛ sɛ wɔwɔ awerɛhoɔ mu. Wɔ dwumadie afoforɔ ase no nyinaa no, wofura Kente ahosuo ahodoɔ a ɛyɛ fɛ na ani da hɔ. Wofura Kente no firi wɔn koko besi wɔn nkotodwe. Wɔn a wɔsa no de anhwene gu wɔn nsa ne wɔn nan. Mmaa a wɔn ti nhwi yɛ tenten no de ade tuntum hyɛ so ma no yɛ korokorowa na wɔn a wɔn ti nhwi nnyɛ tenten no nso yi Dansinkran na eyi ma wɔn ho yɛ fɛ paa.[4]


Ntwene A Wɔbɔ sesa

Ntwene a wɔbɔ de sa Adowa no bi ne Atumpan, Apentemma, Petia ne Donno. Ɛtɔ da wɔde ntama kɔɔgyan dura twene no ho berɛ a wɔreyɛ ayie. Wɔde nsamubɔ nso tumi ka twene no ho sa.[5]

Baabi a minyaa mmoa no firii sesa

https://web.archive.org/web/20210729134011/http://www.cwu.edu.cn/SIE/showcase/ourstudents/56160.htm

  1. http://music.africamuseum.be/instruments/english/ghana/ashanti/adowa.html
  2. "Archive copy". Archived from the original on 2014-10-06. Retrieved 2021-12-24. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. Archive copy, archived from the original on 2021-07-29, retrieved 2021-07-29{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. Archive copy, archived from the original on 2021-07-29, retrieved 2021-07-29{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. Archive copy, archived from the original on 2021-07-29, retrieved 2021-07-29{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)