Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Afia(About this soundpronounciation of "Afia" ) yɛ kradin[1] a Akanfoɔ dodoɔ no ara de to mmɔfra mmaa a y'awo wɔn Ɛfiada.[2] Asantefoɔ, Fantefoɔ, Akyemfoɔ ne Akuapemfoɔ a wɔn na yɛ ka wɔn bom a yɛ frɛ wɔn sɛ Akanfoɔ na ɛto saa din no wɔ Ghana Sɛ yɛwo abɔfra bi ɛfiada na ɔyɛ ɔbɛrema a yɛfrɛ no Kofi.[1].

Abakɔsɛm. sesa

Akan amammerɛ mu no, yɛ nya nna din firi abosom din mu. Yɛ nyaa edin Afia firii Kwaofida. Na wɔ Akanfoɔ amammerɛ mu no edin biara wɔ ne mmrane na Afia nso mmrane. Afia mmrane ne Baafi anaa nkosuo a ɛkyerɛ sɛ obi a ɔpɛ akwantuo[2][1] na ɛkyerɛ sɛ nkwa nyame Fiada.[1] Nkorɔfoɔ a yɛwoo wɔn Ɛfiada wɔ atwerɛdeɛ ne suban bi. Ɛno ne sɛ, wɔn pɛ dwumadie a anigyeɛ ne ahomka wɔ mu.Na wɔn san nso yɛ nkrɔfoɔ bi a wɔ wɔn mmɔfra berɛmu no wɔn kyɛre ansa na w'atenase, wɔ san yɛ nkrɔfoɔ bi a wɔn hyɛ wɔnho nkuran na wɔ san nso yɛadeɛ pa ara wɔ biribiara mu. Sɛ yɛ wo obi wɔ ɛda pɔtee bi a, ɛwɔ sɛ saa nipa no fa saa da no su anaa ne nneyɔeɛ no bi.

Sɛdeɛ Akanfoɔ dodoɔ no ara frɛ edin no sesa

Akan kasa gu ahodoɔ ,na wɔn nyinaa wɔ sɛ nea wɔn si fa twerɛ edin Afia ɛne sɛ neɛ wɔn si bɔ no fa. Ɛpono yi kyerɛ sɛ nea Akanfoɔ dodoɔ no ara twerɛ edin Afia ɛne ne mmarima din Kofi. Afia yɛ edin a yɛde to mmɔfra mmaa a w'awoo wɔn Ɛfiada. Na mmɔfra mmarima a y'awoo wɔn Ɛfiada nso wɔ edin a yɛ de frɛ wɔn.Kofi ne edin a yɛde to mmɔfra mmarima a yɛ woo wɔn Ɛfiada.

Akan kasa Mmaa din Mmarima
Asante Afia kofi
Fante Efua/Efe[1] Kofi /Coffie
Akuapem Afua Kofi /Koffie
Akyemfoɔ Afia Kofi

Atitiriwfoɔ a yɛfrɛ wɔn saa din no sesa

  • Afia Pokua, Ghana nsɛntwerɛnii.[3][4]
  • Efua Sutherland, Ghana nhomakyerɛwfo ne agorukyerɛwfo.[5][6]

Nwoma ahodoɔ a menyaa mmoa firii mu.    sesa

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 ttps://www.researchgate.net/publication/239815297_The_Sociolinguistic_of_Akan_Personal_Names,
  2. 2.0 2.1 https://www.modernghana.com/lifestyle/8691/the-akan-day-names-and-their-embedded-ancient-symb.html
  3. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/entertainment/I-just-don-t-complain-Afia-Pokua-shares-video-of-her-painting-schools-1236955
  4. https://yen.com.gh/138151-afia-pokua-age-family-quits-adom-fm-current-job-instagram.html
  5. https://www.britannica.com/biography/Efua-Sutherland
  6. https://www.ghanaweb.com/person/Efua-Sutherland-135