Alex Kyeremeh

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Alex Kyeremehmmrahyɛbagua no muni a ɔhwɛ Techiman North so wɔ Brong Ahafo mantam mu wɔ Ghana .

Mfitiase asetra ne nhomasua sesa

Wɔwoo no Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so 7, afe 1962. Ɔfiri Krobo-Techiman a ɛwɔ Brong Ahafo mantam mu.

Wɔ afe 2002 mu no, ɔkɔɔ Ghana Institute of Management and Public Administration baabi a ɔyɛɛ ne Bachelor of Science wɔ Accounting ne Finance mu. Wɔ afe 2015 mu no, ɔnyaa Certificate in Management nso firii Ghana Institute of Management and Administration.

Adwuma sesa

Na Kyeremeh yɛ Freda and Rose Limited adwumakuw no kwankyerɛfo panyin. Ɔayɛ adwuma sɛ Techiman Municipality Assembly no Municipal Chief Executive firi April 2009- Ɔpɛpɔn 2013. Kyeremeh yɛ Akontaabufoɔ ne Sikasɛm sohwɛfoɔ wɔ n’adwuma mu.

Amanyɔsɛm sesa

Kyeremeh yɛ Ɔman Demokrasi mmrahyɛbagua no muni . Wɔdii kan paw no sɛ mmrahyɛbaguani wɔ Techiman North mantam mu wɔ afe 2004 Ghana amansan abatoɔ no mu.[1] Ɔnam saayɛ so gyinaa amansin no ananmu wɔ Ghana republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan no mu. Wɔde abatow 12,877 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 24,731 mu. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu 52.1% yɛ pɛ.[2] Wɔpaw no sen Christopher Ameyaw Akumfi a ofi New Patriotic Party ne Kofi Kwaw Sarpong a ɔyɛ obi a ɔde ne ho. Eyinom nyaa abatow 11,447 ne abatow 407 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu.[2] Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 46.3% ne 1.6% yɛ pɛ.[2] Wɔpaw Kyeremeh wɔ National Democratic Congress tekiti so.[2] Ne mansin no yɛɛ mmrahyɛbagua nkongua 10 no fa wɔ nkongua 24 a National Democratic Congress dii wɔ Brong Ahafo Mantam mu maa saa abatow no mu. Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, National Democratic Congress no dii nkonim wɔ nnipa kakraa bi a wɔka bom yɛ mmrahyɛbagua ananmusifoɔ 94 wɔ nkongua 230 a ɛwɔ mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan a ɛwɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mu.

Wɔsan paw Kyeremeh sɛ mmrahyɛbaguani mma Techiman North mantam no wɔ afe 2012 Ghana amansan abatow mu.[3] Ɔnam saayɛ so gyinaa amansin no ananmu wɔ Ghana republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 6 no mu. Wɔde abatow 16,537 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 30,876 mu.[3] Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 53.56% yɛ pɛ.[3] Wɔpaw no sen mmrahyɛbaguani a ɔwɔ hɔ mprempren, Christopher Ameyaw Akumfi sɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo, Kwakye Kofi a ofi Progressive People’s Party, Agartha Ampomaa a ofi Convention People’s Party ne Agyemang Badu Opambour a ofi National Democratic Party.[3] Eyinom nyaa abatow 13,727, abatow 155, abatow 337 ne abatow 120 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu.[3] Eyinom ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 44.46%, 0.5%, 1.09% ne 0.39% yɛ pɛ.[3] Wɔsan paw Kyeremeh wɔ National Democratic Congress tekiti so.[3] Na ne mansin no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 16 fa wɔ nkongua 29 a National Democratic Congress dii wɔ Brong Ahafo mantam mu wɔ Ghana no nyinaa mu.

Ankorankoro asetra sesa

Alex aware. Ɔyɛ Kristoni (Katolekni).

Nsɛm a wɔde gyinaa so sesa

  1. Bose, K. S.; Sarma, R. H. (1975-10-27). "Delineation of the intimate details of the backbone conformation of pyridine nucleotide coenzymes in aqueous solution". Biochemical and Biophysical Research Communications. 66 (4): 1173–1179. doi:10.1016/0006-291x(75)90482-9. ISSN 1090-2104. PMID 2.
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. November 2005. p. 138.
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 3.5 3.6 Elections 2012. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2015. p. 148. ISBN 978-9988-572-19-8.