Aowin (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Mathias Kwame Ntow ne mmarahyɛbadwani ma Aowin (About this soundpronunciation of"Aowin") mpɛsoa no. Wɔyii no sɛ mmarahyɛbadwani wɔ bere a kyiniiɛ amanyɔkuo ( NDC ) no de mma mpem mmieɛnsa aha nwɔtwe ne aduokron nwɔtwe( 3898) dii nkunim no. Owura Mathias Kwame Ntow bɛgyee Aowin abatoɔ no mmarahyɛbadwam akonnwa no firii NPP Ɔsono amanyɔkuo no ananmusini a yɛfrɛ no Samuel Adu Gyamfi a ɔno na na ɔte akonnwa no so saa mmerɛ no nsam maa kyiniiɛ amannyɔkuo NDC wɔ mpasua no so kɔsii Aowin manfoɔ no anan mu wɔ mmarahyɛbadwam.

Aowin
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAowin/Suaman Mantam
MantamWestern North Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPNtow, Mathias Kwame
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Aowin mpɛsoa no mansini ne Aowin/Suaman mansini a ɛwɔ atɔeɛ atififam mantam mu wɔ Gaana. Amanyɔkuo a ɛte so seisie wɔ Aowin mpɛsoa no so ne kyiniiɛ amannyɔkuo NDC a Owura Mattias Kwame Ntow ne wɔn mmarahyɛbadwani. Aowin abatoɔ mpesua no yɛ abatoɔ mpesua nkron a ɛwɔ Western North mantam no mu wɔ Ghana.[1] Nkane no na wɔfrɛ wɔn Aowin/Suaman abatoɔ mpesua so firi afe apem aha nkron aduowɔtwe nwɔtwe (1988)[2] mu a wɔnyaa wɔn abatoɔ mpesua no firii Aowin-Amenfi abatoɔ mpesua no mu de kɔsi sɛ wɔtee mansini no atifi-atɔeɛ fam firii mansini no mu maa yɛnyaa Aowin abatoɔ mpesua no wɔ ayɛwohomumɔ bosome no da a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe (28) wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu (2012) abatoɔ mu. Aowin abatoɔ mpesua no ahenkron ne Enchi.

Beaɛe a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. "New Districts & Nominated DCEs" (PDF). ghanadistricts. Archived from the original (PDF) on 5 March 2013.
  2. "All Districts". ghanadistricts. Retrieved 8 June 2018.