Western North Region

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Western North Region yɛ mantam foforɔ nsia a wɔtee wɔ Ghana wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nkron mu.[1] Mantam no bɔ Ivory Coast(come mansini) mu wɔ atɔeɛ fam, mfimfini mantam a ɛwɔ southeast ne Asante,Ahafo,Bono East ne Bono mantam wɔ North. Western North Region na ɛwɔ nsutene kɛseɛ paa wɔ Ghana., asaase pa ne ludu green Hilla. Wɔwɔ dwumakuo a ɛtu agudeɛ wɔ mantam hɔ. Sefwi na ɛdi abusuakuo no amammerɛ a ɛwɔ mantam hɔ. Kasa titire a wɔka ne, Sefwi,Akan,French ne English.

Abakɔsɛm sesa

Western North Region a ɛwɔ Ghana yɛ mantam foforɔ a woayi afiri Western atɔeɛ mantam a ɛwɔ hɔ dada wɔ Ghana. Ɛnam ɔsono amanyɔkuo New Patriotic Party amanyɔkuo bɔhyɛ a wɔhyɛɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia abatoɔ mu a wɔpɛ sɛ wɔdi so nti na wɔtee saa mantam foforɔ yi. Ɔdii nkunim wɔ abatoɔ nom no, ɔmanpanin Nana Akuffo Addo tee asoeɛ a ɛhwɛ mantam nhyehyɛeɛ so sɛ ɔnhwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ama saa nhyehyɛeɛ no ayɛ adwuma. Mantam nsia na wɔte firii Ghana mantam du a na ɛwɔ hɔ dada no. Mantam foforɔ no ne Bono East, Ahafo, Savannah, North East ne Oti mantam.[2]

Hon. Dan Botwe a ɔda asoeɛ foforɔ a wɔtee, asoeɛ a ɛhwɛ mantam nhyehyɛeɛ bio ne ne mpuntuo ho no, [3]maa nsusueɛ a wɔsusu faa mantam tee no ho yɛɛ adwuma.[3]ɔbɛnem bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson mu no,asoeɛ no ne afoforɔ bi de krataa a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛdi saa dwuma no kɔɔ council of State hɔ. Berɛ a wɔde krataa no kɔeɛ no, agyinatufoɔ no hyiaa bɛboro mpere aduasa nsia kɔpem ɔsanaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson mu.[4] Nnipa a ɛwɔ mantam foforɔ hɔ no too aba dwumadie no awieɛ wɔ ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe mu dekyerɛ sɛ ɛwɔ sɛ wɔte mantam foforɔ.[5][6]

Nsrahwɛbea sesa

Mantam no wɔ kwaeɛ biretuo pii a wɔagyae ato hɔ sɛ nsrahwɛ bea

Adesua sesa

Western North mantam wɔ sukuu a wɔbɛtumi akɔ sɛ wowie ntoasoɔ sukuu a atikyafoɔ ne anɛɛsefoɔ kɔlegyi ka ho

Apomuden sesa

Wɔ ɔsanaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu baako mu no, mantam no nyaa yareɛ bi a ate atese wɔ hɔ a yɛfrɛ no H5N1 avian influenza.[7]

Adwumayɛ nkyekyemu sesa

Mantam amanyɔsɛm adwuma no nam mpɔtam amammuo so  Wɔ saa nhyehyɛeɛ yi so no, wakyɛ mantam no mu akɔ MMDA nsia(kabom mayɛ nya mansini mmiɛnsa 6 ordinary Assembly). [8][9]Mansini, mansini adantam anaa Metropolitan Assembly biara no chiec Executive, a ɔgyina hɔ ma Central government na nso ɔnya ne tumi firi ekuoba bi a ɔmanpanin ayi no wɔ wɔn mu a ɔda Assembly no ano.Edin no na ɛdidisoɔ yi;

 
Districts of the Western North Region
Districts of the Western North Region[10]
# MMDA Name Capital MMDA Type Population
Census 2010[11]
Population
2019 Projected[11]
1 Aowin[12] Enchi Municipal 117,886 154,661
2 Bia East Adabokrom Ordinary 27,393 37,108
3 Bia West Essam Ordinary 88,939 111,355
4 Bibiani/Anhwiaso/Bekwai Bibiani Municipal 123,272 160,844
5 Bodi Bodi Ordinary 53,314 68,055
6 Juaboso Juaboso Ordinary 58,435 77,678
7 Sefwi-Akontombra Sefwi Akontombra Ordinary 82,467 108,266
8 Sefwi-Wiawso Wiawso Municipal 139,200 182,510
9 Suaman Dadieso Ordinary 20,529 27,832
Total 658,835 928,309

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. https://citisportsonline.com/2021/05/21/betway-extends-support-to-volleyball-teams-in-the-western-and-western-north-regions/
  2. http://www.presidency.gov.gh/index.php/briefing-room/news-style-2/703-creation-of-6-new-regions-in-the-hands-of-ec-ghanaians-president-akufo-addo
  3. 3.0 3.1 "Archive copy". Archived from the original on 2017-07-31. Retrieved 2022-07-05.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. Archive copy, archived from the original on 2017-12-12, retrieved 2022-07-05{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. "Archive copy". Archived from the original on 2017-12-11. Retrieved 2022-07-05.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  6. "Archive copy". Archived from the original on 2018-12-21. Retrieved 2022-07-05.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  7. https://citibusinessnews.com/2021/08/western-north-region-records-bird-flu-cases/
  8. https://africafeeds.com/2018/12/28/ghana-six-new-regions-created-after-a-referendum/
  9. https://web.archive.org/web/20130118104048/http://www.ghanadistricts.com/region/?r=5
  10. Western North Region – Districts
  11. 11.0 11.1 Ghana Statistical Service.
  12. "Residents of Abrokyire carry woman in labour on wooden door due to poor road - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). Retrieved 2021-05-19.