Bono East Region

Bono East mantam a ɛwɔ Ghanamantam foforɔ a wayi afiri Brong Ahafo mantam. N'ahenkuro ne Techiman.[1] [2] Ɛnam Ɔsono amanyɔkuo New Patriotic Party bɔ a wɔhyɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia abatoɔ mu a wɔpɛ sɛ wɔdi so so na wɔtee. Wɔnyaa aba no Nana Akuffo Addo tee asoeɛ a mantam nhyehyɛeɛ so sɛ ɔnhwɛ ɔkwan a nhyehyɛeɛ no bɛdi dwuma. Mantam nsia na wɔbɛyi afiri mantam du a ɛwɔ Ghana nom. Mantam a aka ne Bono, Western North, Ahafo, Savannah, North East ne Oti mantam.[3] Asoeɛ foforɔ a wɔtee a wɔfrɛ no mantam ne mpuntuo nhyehyɛeɛ a na Hon Dan Botae no na ɛboa maa mantam foforɔ a wɔpɛ sɛ wɔte no tumi yɛɛ adwuma. Ghana Aban hyɛɛ wɔn ma wɔhwɛ tee mantam foforɔ a ɛwɔ Ghana no.[4]ɔbɛnem bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson mu no, asoeɛ no de krataa a yɛatintim so kɔɔ council of State hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔne afoforɔ reebɛte mantam foforɔ no. Ekuo no hyiaa mprɛ aduasa nsia firi berɛ wɔde kɔeɛ de kɔpem ɔsanaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson mu.[5] Wɔne nnipa a ɛwɔ mantam foforɔ hɔ no too aba ɛda a ɛtwatoɔ a wɔredwene kwan a wɔbɛfa so asi mantam wɔ ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe.[6][7]

Abakɔsɛm sesa

Aba a wɔtoo wɔ ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe mu no nnipa mpem nan aduonum, ahannwɔte ne du mmienu na ɛtoo aba a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyem aduowɔtwe num akyiripɔ aduowɔtwe mmienu firii mpem ahanum ne aduonu num, ahanu ne aduoson num a wɔtwerɛ wɔn din.mpem ahanan aduanan nwɔtwe, ahanum ne aduanan num(ɔha mu nkyekyem aduokron nkron akyiripɔ aduonum) na ɛtoo sɛ wɔnte mantam foforɔ a apem, ahasa ne aduowɔtwe nan to tiaa saa anamɔntuo no. Mma ahannwɔte ne aduowɔtwe mmiɛnsa (0.20%) na wɔyi firii mu.[8][9][10]

Asaase ne emu nnipa ho adesua ne ewiem nsakraeɛ sesa

Baabi a ɛwɔ ne ne su

Bono East mantam wɔ Savannah mantam Atifi hyeɛ so, wɔ atɔeɛ fam no yɛ Bono mantam, wɔ anaafoɔ fam yɛ Asante mantam ɛna Volta lake nso wɔ apueɛ fam.

Ewiem Nsakraeɛ sesa

Bono East mantam ka Ghana mfudeɛ ho, a ɛhɔ deɛ ewiem nsakraeɛ no yɛ wɔ hɔ. Kwaeɛ ne anhwea paa na ɛka bom yɛ mfudeɛ no wɔ ɔpɛnimaa ne Oforisuo ntam a ɛyɛ ɔpɛ berɛ no.Ɛtɔ da nso nsutɔ berɛ no ba wɔ Kitawonsa ne ahinime bosome ntam a nsuo no tɔ no bɛyɛ sɛ 750 to 1050mm(30-40 inched). Ɛpɛ rekɔ awieeɛ a na temperature a ano yɛ den ba, nea ɛwɔ fam no ba ɔpɛnimaa ne ɔpɛpɔn bosome mu. Saa nso na mframa a ano yɛ den a ɛfiri Sahara no ba wɔ ɔpɛnimaa ne ɔpɛpɔn ahyɛaseɛ ntam a ɛyɛ hye na ano aho. Sɛ ewiem bɛyɛ nwini anaasɛ hye no tumi sesa wɔ 14°c(59 °F)anadwo ne 40°c(104 °F) ntam anɔpa berɛ.

Nnɔbaeɛ ne mfudeɛBayerɛ dua yɛ adeɛ ɛdi ntontom a wɔ woodland Savannah zone a ɛwɔ Techiman,Yini,Nkoranza, Kintampo, Kwame Danso, Prang ne nea ɛkeka ho.wɔdua adua, aburo, bankye,mankani, ɛmoo, borɔdeɛ ne nnoɔma pii wɔ saa mantam yi mu,saa nso na nsuomunam adwuma nso ka ho.

Nsrahwɛ sesa

Nsrahwɛ bea ahodoɔ pii wɔ hɔ.

  • Boabeng Fiema Monkey Sanctuary
  • Buoyem Caves and bats colony, which is within the locality of Buoyem in Techiman municipality of a dry semi-deciduous forest, house a large colony of rosetta fruit bats, caves, sandstone rocks and waterfalls.
  • Kintampowater fall
  • Kintampo fullefall

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. Archive copy, archived from the original on 2021-09-28, retrieved 2022-07-04{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. "Archive copy". Archived from the original on 2021-04-18. Retrieved 2022-07-04.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. http://www.presidency.gov.gh/index.php/briefing-room/news-style-2/703-creation-of-6-new-regions-in-the-hands-of-ec-ghanaians-president-akufo-addo
  4. https://web.archive.org/web/20170731040155/http://www.myjoyonline.com/politics/2017/January-11th/2nd-ministerial-list-out-akufo-addo-creates-new-ministries-re-aligns-old.php
  5. https://web.archive.org/web/20171212193348/https://www.ghanacrusader.com/council-of-state-met-36-times-on-creation-of-new-regions-nana-otuo-siriboe-ii/
  6. https://web.archive.org/web/20171211071727/http://presidency.gov.gh/index.php/2017/10/06/creation-of-new-region-in-your-hands-president-akufo-addo-to-nayiri/
  7. "Archive copy". Archived from the original on 2018-12-21. Retrieved 2022-07-04.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  8. https://www.ghanabusinessnews.com/2018/12/29/all-six-proposed-regions-meet-constitutional-threshold-requirements-ec/
  9. https://www.graphic.com.gh/news/politics/confirmed-results-of-the-2018-referendum-on-new-regions.html
  10. https://www.pulse.com.gh/news/local/referendum-6-new-regions-get-massive-yes-votes/6l8qds7