Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Oti Region(About this soundsɛnea yɛbɔ "Oti Region" ) ka mantam nsia foforɔ a wɔtee wɔ Ghana[1] [2]ɔpɛnimaa bosome, mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe mu.[3] Wɔyii mantam no firii atifi fa baabi a ɛwɔ Fram mantam na ɛnam ɔsono amanyɔkuo New Patriotic Party aporɔbɔ bɔhyɛ so na ɛbɛma no aba mu. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia abatoɔ nom na Nana Akuffo Addo a na ɔyɛ anamusini kaa sɛ, sɛ wɔto aba yi no sɛ ɔmanpanin a, ɔbɛte mantam foforɔ afiri mantam a ɛwɔ hɔ dada no na ama temamufoɔ abɛn aban no.[4][5]

Abakɔsɛm sesa

Hon. Dan Botwe a ɔda asoeɛ foforɔ a wɔtee, asoeɛ a ɛhwɛ mantam nhyehyɛeɛ bio ne ne mpuntuo ho no, [6] maa nsusueɛ a wɔsusu faa mantam tee no ho yɛɛ adwuma.[6]ɔbɛnem bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson mu no,asoeɛ no ne afoforɔ bi de krataa a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛdi saa dwuma no kɔɔ council of State hɔ. Berɛ a wɔde krataa no kɔeɛ no, agyinatufoɔ no hyiaa bɛboro mpere aduasa nsia kɔpem ɔsanaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson mu.[7] Nnipa a ɛwɔ mantam foforɔ hɔ no too aba dwumadie no awieɛ wɔ ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe mu dekyerɛ sɛ ɛwɔ sɛ wɔte mantam foforɔ[8] Nnipa mpem ahasa ne aduonu mmiɛnsa, ahanson ne nnwɔtwe na wɔtoo aba nanso nnipa mpem ahasa ne aduosia nsia, ahanan ne aduowɔtwe baako(88.33%) na ɛtwerɛɛ wɔn din. Nnipa dodoɔ bɛyɛ 319,296 (98.64%) too aane ɛna 2878(0.89%) too dabi na aba a wɔyi firii mu yɛ 951(0.24%).[9]

Adwumayɛ nkyekyemu sesa

Mantam amanyɔsɛm adwuma no nam mpɔtam amammuo so  Wɔ saa nhyehyɛeɛ yi so no, wakyɛ mantam no mu akɔ MMDA nnwɔtwe (kabom mayɛ nya mansini mmienu,ordinary Assembly nsia). [10] Mansini, mansini adantam anaa Metropolitan Assembly biara no chief Executive, a ɔgyina hɔ ma Central government na nso ɔnya ne tumi firi ekuoba bi a ɔmanpanin ayi no wɔ wɔn mu a ɔda Assembly no ano.Edin no na ɛdidisoɔ yi;

 
Districts of the Oti Region
# MMDA Name Capital MMDA Type Chief Executive
1 Biakoye Nkonya Ahenkro Ordinary Comfort Attah
2 Jasikan Jasikan Ordinary Lawrence Aziale
3 Kadjebi Kadjebi Ordinary Michael Kofi Asiedu
4 Krachi East Dambai Municipal Patrick Jilima
5 Krachi Nchumuru Chindiri Ordinary Augustine Appiah
6 Krachi West Kete Krachi Ordinary Douglas Osei-Nti
7 Nkwanta North Kpassa Ordinary Jakayi Jackson
8 Nkwanta South Nkwanta Ordinary John Tarsun
9 Guan District Andrews Teddy Ofori


Asaase ne emu nnipa ne ewiem nsakraeɛ nsɛm sesa

Baabi a ɛwɔ ne sɛdeɛ ɛteɛ

Oti Region ne North a ɛbɛn Northern Region bɔ ahyeɛ, wɔ south no ɛne Volta Region na ɛbɔ hyeɛ, ɛna wɔ west nso ɛne Volta lake. Mansini nkron na ɛwɔ Oti Region.

Ewiem Nsakraeɛ ne mfudeɛ

Oti Region yɛ beaɛ ɛpɛ wɔ hɔ paa sene Southern mmeaɛ a ɛwɔ Ghana,ɛnam sɛ ɛbɛn Sahel ne North nti. Nwura no pii no ara yɛ ɛserɛ ne titire Savannah a ɛwɔ nnua ahodoɔ bi a ɛho yɛ na te sɛ baobab,anaa acacias. Wɔ ɔpɛnimaa ne Oforisuo bosome ntam na ɛyɛ ɔpɛ berɛ. Nsutɔberɛ no yɛ Kitawonsa ne ahinime bosome ntam a nsuo no tɔ no bɛyɛ sɛ 750-1050mm (30-40 inched). Ɛpɛ berɛ na ewiem yɛ hye paa na ano ba fam ɔpɛnimaa ne ɔpɛpɔn bosome mu. Saa ara nso ɔpɛ a ano yɛ den mframa firi Sahara na abɔ afiri ɔpɛnimaa ne ɔpɛpɔn ahyɛaseɛ. Ewiem hyeɛ ne ne nwunu no tumi sesa firi 14°c(59°F) anadwo ne 40°c(104°F anɔpa ntam.

Abɔdeɛ nnoɔma a ɛwɔ hɔ

Ghana Geological Survey Authority ahunu iron ore wɔ Akokrowa, mpɔtam a wɔyɛ kua wɔ Oti mantam a ɛwɔ Ghana. nhwehwɛmu a ɛfiri wɔn hɔ kyerɛ sɛ iron ore no mu duru yɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum num akyiripɔ aduonu mmienu (Fe) na ne boɔ yɛ den. Wɔkyerɛ sɛ nnipa a wɔde wɔn ho gye mu wɔ iron ore no tuo mu wɔ Oti no bɛboa ama wɔn anya adwuma ayɛ na ama wɔn ne ɔman no anya sika nso.[11]

Nsrahwɛbea sesa

  • Kyabobo National Park
  • Lake Volta
  • Breast Mountain, Chilinga
  • Chaiso Forest Reserve

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. https://www.myjoyonline.com/ncce-urges-protection-of-water-bodies/
  2. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/new-ghana-map-with-16-regional-capitals.html
  3. https://citinewsroom.com/2018/12/referendum-oti-residents-okay-new-region-with-99-yes-vote/
  4. https://www.myjoyonline.com/lack-of-facilities-impede-healthcare-service-delivery-in-oti-osei-kufuor-afreh/
  5. http://www.presidency.gov.gh/index.php/briefing-room/news-style-2/703-creation-of-6-new-regions-in-the-hands-of-ec-ghanaians-president-akufo-addo
  6. 6.0 6.1 https://web.archive.org/web/20170731040155/http://www.myjoyonline.com/politics/2017/January-11th/2nd-ministerial-list-out-akufo-addo-creates-new-ministries-re-aligns-old.php
  7. https://web.archive.org/web/20171212193348/https://www.ghanacrusader.com/council-of-state-met-36-times-on-creation-of-new-regions-nana-otuo-siriboe-ii/
  8. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Referendum-Massive-YES-votes-for-6-new-regions-711692
  9. https://www.ghanabusinessnews.com/2018/12/29/all-six-proposed-regions-meet-constitutional-threshold-requirements-ec/
  10. http://www.1district1factory.gov.gh/list-district?r=11
  11. Archive copy, archived from the original on 2022-07-01, retrieved 2022-07-06{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)