Dambai yɛ kuro a ɛwɔ Ghana ɛna n'ahenkuro ne Oti Region a wɔtee nkyɛɛ.[1]

Asaase ne ɛmu nnipa ho adesua[2] sesa

Baabi a ɛwɔ

Oti Region ahenkuro ne Dambai.[3]Ɛwɔ apueɛ fam a ɛwɔ Oti River a ɛbɛn Volta lake. Wɔdaa no adi sɛ n'ahenkuro a wɔyii no firii Volta Region mu. Ɔmanpanin Nana Akuffo Addo de mmara hyɛɛ no nsa wɔ ɔgyefoɔ bosome da a ɛtɔ so du num wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nkron berɛ a wɔyi no sɛ ahenkuro akyi no. Ɛda Savannah Accelerated Development Authority (SADA) akoma so.

Flora ne Fauna[4] sesa

Dambai abɔnten so kura mmoa bi te sɛ gyata ne ɔsono, duikers, cobs nsuo mmoa ne awɔwɔ bi te sɛ vipers, nanka ne bufalo a wɔn ho yɛ hu. Nsuomunam a ɛwɔ mu ne tilapia,cat fish,Nile perch, electric fish, puff fish. Yɛwɔ Oysters ne clams ne dɛnkyɛm ahodoɔ pii a ɛbi ne Nile dɛnkyɛm[5]

SikasɛmAdwuma a wɔn a wɔte hɔ no yɛ yɛ kuadwuma ne nam yie wɔ River oti mu a nnipa kakraa bi na wɔyɛ adwuma wɔ nnwumakuo a ɛwɔ mansini ne adekyerɛ.

Nnwomasua sesa

Kuro no wɔ Teachers training School, Dambai College of Education ne ntoasoɔ sukuu pii. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa mu no, wɔteeTeachers training School ne nursing school, Aim professional training college ne Mon Reve Institute. Kuro no wɔ ntoasoɔ sukuu ka ho. Ɛno ne Oti Senior High, Yantam Community Day Senior High ne pii.

Nnipa ne Amammerɛ sesa

Nnipakuo pii wɔ Dambai. Wakyɛ abusuakuo a ɛwɔ Nchumuru mu nson: Kachenki,Susuro, Munkuri, Agyimbra,Abraman , Boyayi ne Wankanyaw. Mmusuakuo no bi ne Zabarama ne Hausa a wɔde wɔn ho gyee dwadie mu, kotokoli, Ewe ne Ada a wɔyi nam wɔ Oti River mu, Konkomnam ne Basari yɛ akuafoɔ, ɛna fulanifoɔ pii nso hwɛ nantwie so. Wɔn a wɔte hɔ no di Kipor nna nsia biara. Ɛne Jewish homeda yɛ pɛ: saa da no obiara nkɔ afuom anaasɛ ɔyɛ adeɛ bi a adɔ wɔm na wahyɛ ato hɔ. Wɔde mmabunu no si hɔ ma wɔnho wɔn a wɔbu mmara no so, wɔma wɔn tua odwan anaa apɔnkye ne nsa sika a wɔde bɔ afɔdeɛ ma nananom. Wɔsane wɔ Fofie da, a ɛsi ɛda Efiada. Wɔyɛ amammerɛ pii ma nananom abosomfoɔ.

Dambai Nchumurus wɔ asa sononko bi. Wɔsa wɔ ayie ase. Sukudai a mpanin asa a wɔsa no wɔ ayie ase, ne titire abusua yi ne ɔbɔmmɔfoɔ a wagye din paa. Wɔsane wɔ Mbofou ma abɔmmɔfoɔ a sɛ wɔkum aboa kɛseɛ a. Nchuso a aseɛ ne sɛ nsuo asa yɛ Nchumuru barima anaasɛ ɔbaa kɛkɛ biara asa sɛ wɔwie a. Atokoiatokoi yɛ mmaa mpanimfoɔ a wɔda abusua bi ano asa.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. "Archive copy". Archived from the original on 2019-09-04. Retrieved 2022-07-04.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. https://www.myjoyonline.com/10-year-old-boy-allegedly-commits-suicide-at-dambai/
  3. https://www.myjoyonline.com/10-year-old-boy-allegedly-commits-suicide-at-dambai/
  4. http://voltaregion.gov.gh/index.php/dambai-is-capital-of-new-oti-region/
  5. http://voltaregion.gov.gh/index.php/dambai-is-capital-of-new-oti-region/