Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Bede Anwataazumo Ziedeng (wɔwoo no Fida, 22 Ɔkɔtɔberɛ 1954) a nnipa pii frɛ no Bede Ziedeng yɛ Ghana amammuifoɔ. Wɔ afe 2008 mu no, Bede Ziedeng de Democratic Freedom Party tekiti sii akan wɔ Lawra-Nandom Mmarahyɛ Bagua no mu. Ɔdii nkogu wɔ Hon. Ambrose Dery of the New Patriotic Party.[1] Ziedeng yɛɛ Democratic Freedom Party (DFP) no Ɔkyerɛwfo Panyin wɔ afe 2006 mu.[2]

Mfitiase asetra sesa

Bede Ziedeng fi Eremon-Lawra a ɛwɔ Upper West Region no mu.[3] Na ɔwɔ ne Ordinary ne Advance level adansedie krataa wɔ afe 1978. Bede Ziedeng nyaa LLB Hons wɔ afe 1984 mu ne Barrister at Law wɔ afe 1986 mu.[3]

Adwuma sesa

Bede Ziedeng yɛ sikakorabea kyerɛwfo a ɔhwɛ adan ne adansi so. Ná ɔyɛ ɔmantam guamtrani wɔ Office of Revenue Commissioners (Northern & Upper East). Ɔsom sɛ Ɔmantam Ɔsoafo Abadiakyiri a ɔhwɛ Atifi ne Atifi Atɔe Mantam so. Ɔka Mmarahyɛ Bagua Boayikuw no ho sɛ Oguamtrani Abadiakyiri wɔ mmarahyɛ bagua no mu. Bede Ziedeng nso som wɔ Akwan ne Transport Boayikuw mu wɔ mmarahyɛ bagua no mu.[3]

Wɔ afe 2008 mu no, Ziedeng de Democratic Freedom Party tekiti sii akan wɔ Lawra-Nandom Mmarahyɛ Bagua no mu, nanso ɔdii nkogu wɔ Hon. Ambrose Dery a ɔwɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no mu. Afei ɔsii akan wɔ afe 2016 mmarahyɛ bagua abatoɔ mu, na ɔsan dii nkogu bio. Bede Ziedeng sii akan wɔ afe 2020 mu na odii nkonim. Ɔyɛ mmarahyɛ baguani (MP) ma Lawra Mantam a ɛwɔ Upper West Region.[4][5]

Ankorankoro asetra sesa

Bede Ziedeng yɛ Kristoni.[3][6]

Beaɛ a menyaa mmoa fii sesa

  1. http://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/election2008/parliament.constituency.php?ID=286
  2. https://www.ghanaweb.com/person/Bede-Ziedeng-3556
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 https://www.parliament.gh/mps?mp=251
  4. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2020/parliament/upperwest/lawra/
  5. https://ec.gov.gh/2020-presidential-election-results/2020-parliamentary-results/
  6. https://www.wikidata.org/wiki/Q16733370