Builsa North (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Builsa North(About this soundpronunciation of"Builsa North")  Builsa Atifi fam (Builsa North) yɛ mpɛsoa no mu baako a ɛgyenam wɔ mmarahyɛbadwa a ɛwɔ Ghana mu. Wɔn faa first past the post abatoɔ nhyehyɛeɛ anaa sɛ abatoɔ kwan so de too aba yii mmarahyɛbadwani baako. Yɛ bɛ hunu Builsa Atifi fam wɔ Builsa mansini no mu wɔ Atifi Apueɛ Mantan mu wɔ Ghana (Upper East Region of Ghana).[1] Amanyɔkuo a ɛte so siesie wɔ saa mpɛsoa no soɔ ne kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress (NDC) a James Agalga yɛ wɔn mmarahyɛbadwani. James Agalga firii Ɛkuro a yɛ frɛ no sɛ Chuchuliga na wɔn woo no ɛda Kwasiada wɔ Bosome kutawonsa ne da a ɛtoso du wɔ mfei apem ahankron aduoson nkron (10 June 1979) a na manyɔkuo ne National Democratic Congress (NDC).[2]

Builsa North
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniBuilsa District
MantamUpper East Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPHon. James Agalga

Ahyeɛ sesa

Builsa mpɛsoa no wɔ Builsa mansini a ɛwɔ Atifi Apueɛ Mantan mu wɔ Ghana (Upper East Region).

1.1 Farebae sesa

Builsa Atifi (North) 23 mansini no ka amammuo mansini dummiɛnsa (13)a ɛwɔ (Upper East) Atifi Apueɛ Mantam mu wɔ Ghana. Wɔnyaa Builsa Atifi (North) mansini no de firii Builsa Mansini no mu wɔ Ɔbɛnem bosome no ne da a ɛtɔ so dunum wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dummienu (15th March 2012) no mu de firi tumi a mmerahyɛ badwamfoɔ de di dwuma mu (Act of Parliament), afe apem ahankron ne aduokron mmiɛnsa (1993) (Act 462) a Sandema yɛ Mansini no amammuo kuropɔn. Deɛ ɛhia pa ara nti a wɔn tee saa mansini ne sɛ ɛde aban ndwuma bɛbrɛ Ghanafoɔ a wɔn tete hɔ no nyinaa pono ano. Builsa Atifi (North) mansini no kura nnipa dodoɔ mpem aduonum nsia, ahanan ne aduoson nson (56,477) a wɔn wɔ mpɔtam aduokron nwɔtwe (98).[3]

Nneɛma a ɛda adi sesa

1.2.1 Beaeɛ a ɛwɔ ne ne kɛseɛ sesa

Mpɛsoa no tenten mu (longitudes) da 10 05"West ne 10 35" West ne latitudes 100 20" North. Builsa North mantam ɛhyeɛ ne Kassena-Nankana West mantam a ɛwɔ ne atififam, wɔ ne atɔeɛfam ne Sissala East mantam, wɔ ne apueeɛfam ne Kassena-Nankana East Municipal na wɔ anaafoɔfam ne Builsa South mantam. Mantam no kata nsase bɛyɛ 816.44030 Km2 so.

1.2.2 Ahotɔ ne asuka ho nsɛm

Beaeɛ no asase mfonini no kyinkyim na esiane firi susufidie ( meters) ahanu (200) de kɔsi ahasa (300) wɔ atɔeɛ ne atifi fam a ɛwɔ mansini ne mu ne titire deɛ ɛwɔ Bachonsa ne Chuchuligu beaeɛ. Wɔ Sissili, Kulpawn, Tono, Asibelika ne Azimzim mmɔnka mu no, nsianeeɛ no nyɛ gidigidi na efiti susufidie (meters) ɔha ne aduonum (150) de kɔsi ahanu (200) mu.

1.2.3 Ewiem tebea

Mansini no wɔ bosome a ɔhyɛw ne awɔ wɔ mu a efiti 21.90 C ne 34.10 C. Mansini no ɔhyɛw anaa awɔ a ɛwɔ soro paa no baa wɔ Ɔbɛnem bosome mu na ebetumi akɔ soro 450 C, na deɛ ɛwɔ fam koraa no nso ba wɔ Ɔpɛpɔn bosome no mu. Berɛ a nsuo ntɔ no deɛ ɛba ne ɔpɛ mframa. Nsutɔberɛ yɛ baako pɛ, a ɛhyɛ ase nketenkete firi Oforisuo bosome de kɔsi akɛseɛ mu wɔ Ɔsaana-ɛbɔ bosome mu, na ɛtete ntam a egyae koraa wɔ Ahinime bosome no mfinimfin mu berɛ a ɔpɛberɛ no bɛhyɛ aseɛ no.

1.2.4 Afifideɛ sesa

Nea wobɛhunu wɔ mansini no ho ne Savannah kwae a ɛwɔ nnua a ne haban no po wɔ mmerɛ ne mmerɛ mu, egya a agye ntam kwan kɛseɛ, ne nnua a ɔpɛ ntumi wɔn a wɔn akɛseɛ gu mu ahodow bebere ne nwura a ahwete afebɔɔ a nhaban nso ka ho bi. Ɛnam nipa dwumadie nti, Savannah kwae no so ate a abɛyɛ asase tam a nnua a ekuta bi ne baobab, acacia, sheanut ne dawadawa a ɛso mfasoɔ de sika ba.

1.2.5 Anwea sesa

Wɔnya Builsa North anwea firi sɛnea yɛsi yɛ aboɔ bi te sɛ Granite, Birimian rocks, Voltaian shale, kane ne siesie Alluvium of mixed origin ne terraces asubɔnten dada. Ɛwɔ yienom mu no, anwea a yɛtae hunu wɔ mansini no mu ne granite origin a ɛkata mansini no nsase bɛyɛ ɔha nkyekyɛmu aduoson (70%) ( bɛyɛɛ 153,300ha) so.

Amanyɔsɛm Amammuo sesa

Builsa North mansini no nhyiam no kuta nnipa dodoɔ aduanan num (45) a ɛmu aduasa baako (31) yɛ nnipa a wɔtoo aba yii wɔn, emu dunan (14) nso yɛ nnipa a wɔyii wɔn ne ex-officio nkurɔfoɔ a wɔyɛ mmarahyɛbadwamfoɔ ne mansini no mpanimfoɔ (DCE). Mansini no mprempren nhyiamfoɔ wɔ mmaa nsia (6) a wɔ wɔn mu no, wɔtoo aba yii mu nan (4) na mmienu (2) nso nyɛ abatoɔ na wɔde yii wɔn. Mansini no wɔ Town Councils mmienu (2) ne Area Councils mmiɛnsa (3) ne beaeɛ a yɛto aba aduasa baako (31). Yeinom ne Sandema Town Council, Wiaga Town Council, Siniensi Area Council, Kadema Area Council ne Chuchuliga Area Council. Amanmuo mu no, mansini no nhyiam wɔ ekuo kuo a adidisoɔ yi a wɔde dwuma wɔ District Coordinating Director; Health Service Directorate, Ghana Education Service (GES), Department of Community Development, Birth and Deaths Registry, District Environmental Health unit, Department of Agriculture ase. Aman agyinananfoɔ a adidisoɔ yi nka ekuo kuo a ɛwɔ mansini no nhyiam no ho nso di dwuma wɔ mansini no mu; National Service Secretariat, the National Commission for Civic Education (NCCE), Immigration Service, CEPS, ne Polise adwumakuo no.

1.3.1 Agyinatukuo a ɛwɔ mansini no nhyiam sesa

Agyinatukuo a adidisoɔ wɔ ammamuo mmara mu na wɔdi dwuma wɔ amanyɔsɛm ne ammamuo wɔ mansini no mu. Agyinatukuo mpanimfoɔ (a agyinatukuo nketewa a adidisoɔ yi boa wɔn): Sikasɛm ne Ammamuo, Nnwuma, Atɛntenenee ne Ahobammɔ, Mpuntuo ho nhyehyɛeɛ, Apɔmuden ne Atenaeɛ, Nwomasua, Kuadwuma, Mma ne Mmɔfra. Agyinatukuo afoforo a ɛwɔ mansini no mu: Mansini HIV/AIDS agyinatukuo, Mansini ahobambɔ agyinatukuo, Mansini ntɔtɔfeewa agyinatukuo, Mansini ntɔtɔfeewa nhwehwɛ mu bio agyinatukuo, mpanimfoɔ ho nsɛm agyinatukuo, ne Mansini no Sikasɛm ho ntotoeɛ.

Asetena ne Amammerɛ Tebea sesa

1.4.1 Amammerɛ nhyehyɛeɛ sesa

Wɔ Builsa North mansini mu no ahenie a ɛkorɔn yɛ baako pɛ a ɛwɔ Sandema Traditional Area. Amammerɛ beaeɛ a ɛwɔ tumi no wɔ akandifoɔ nkyekyɛmu dummienu a yɛfrɛ wɔn sɛ„Kanbunabas“ a wɔhyɛ Sandema Nab ase. Saa akandifoɔ mu nkyekyɛmu nketewa yi hwɛ nsɛm bi te sɛ ahenie, amammerɛ, amaneɛ ne nsɛm bi a ɛfa amammerɛ kuo ne ankorɛankorɛ akandifoɔ nkyekyɛmu nketewa a Sandema Nab di wɔnyina soɔ. Ahenie nhyehyɛdeɛ ne adwumakuofoɔ bi bɔm di dwuma a ɛde asomdwoeɛ bɛba beaeɛ hɔ.

1.4.2 Mmusua sesa

Abusua a agye afa mansini no mu nyinaa ne Builsa. Builsafoɔ yɛ bɛyɛ ɔha nkyekyɛmu aduowɔtwe mmiɛnsa (83) wɔ nnipa dodoɔ no nyinaa mu. Ɔha nkyekyɛmu dunson (17) a aka no yɛ mmusua nketewa a ɛyɛ Kantosi, Mamprusi, Sissala, Nankani, Mossi ne mansini no akwantufoɔ adwumayɛfoɔ kakra a wɔfiri Burkina-faso. Saa mmusua yi akyɛ wɔ mansini no mu yiye a wɔboa mansini no mpuntuo.

1.4.3 Ɔsom ahodoɔ sesa

Ɔsom akuo titire a ɛwɔ mansini no mu ne Akristofoɔ, Nkramofoɔ, ne amammerɛfoɔ. Ɔsom a ɛdɔɔso ne abibifoɔ amammerɛ som, a ɛyɛ ɔha nkyekyɛmu aduanan nsia (46) wɔ mansini no nnipa dodoɔ nyinaa mu nea adi so ne Kristo som a ɛyɛ ɔha nkyekyɛmu aduonu nwɔtwe (28) na Nkramo som nso yɛ aduonu mmiɛnsa (23). Ɔsom a aka no nso yɛ bɛyɛ ɔha nkyekyɛmu mmiɛnsa ne akyirepɔ ohunu (3.0) wɔ asomfoɔ dodoɔ no nyinaa mu. Sunsum dibea yi boa ma asomdwoe ne mpuntuo ba.

1.4.4 Afahyɛ sesa

Afahyɛ yɛ dwumadie bi a ɛho hia pa ara wɔ Builsa North mansini mu. Feok afahyɛ yɛ afahyɛ bi a wɔdi no afe afe de kae nkunim a Builsa nananom nsamanfoɔ dii no wɔ Babatu ne ne mammɔfoɔ nkoa kafoɔ so wɔ nineteenth century. Afahyɛ yi tae ba wɔ Ɔpɛnimma nanwɔtwe a ɛtɔ so mmiɛnsa na abɛyɛ buronya mfitiaseɛ wɔ mansini no mu. Ɛnam sɛ mansini no abakɔsɛm ho hia nti nsrahwɛfoɔ dodoɔ no ara de wɔn ho hyɛ afahyɛ yi die mu.

1.4.5 Awareɛ sesa

Amammerɛ awareɛ nhyehyɛeɛ wɔ akwan soronko anaa ayeforɔ yere ho sika tua, ɛyɛ nhyehyɛeɛ a ayeforɔ kunu abusua yɛ awareɛ ahyɛdeɛ a wɔde nneɛma bi te sɛ base, schnapp ne sika dodoɔ bi ba. Nhyehyɛeɛ a ɛwɔ soro yi boa ma ayɔnkofa a ɛda mmusua yi mu yɛ den.

1.4.6 Adedie

Mansini no di agyadeɛ. Ɔbabarima panin na ɔdi ne papa a wawuo no adeɛ a abusuafoɔ nyinaa gye tum. Nhyehyɛeɛ no mma ho kwan ma mmammaa nnya agyapadeɛ ho kwan wɔ wɔn amammerɛ mu a agyapadeɛ bi te sɛ asase nso ka ho.

1.4.7 Ayiyɛ

Ayiyɛ ka dwumadie a ɛho hia pa ara wɔ Builsa mansini no mu. Ɛho hia pa ara a ɛkyerɛ akwantuo a ɛtwa toɔ wɔ asase so de ma owuofoɔ ne dea ɛde no rekɔ nananom nsamanfoɔ hɔ anaa „awiase foforo mu.“ Wakyɛ ayiyɛ ho nhyehyɛeɛ no mu mmienu. Deɛ adi kan no wɔfrɛ no "Kumka“ wɔyɛ no mmerɛ kumaa bi mu firi berɛ a nipa no bɛwu. Wɔde nnawɔtwe yɛ ayie no ne ho nhyehyɛeɛ nyinaa ma owufoɔ no. Deɛ ɛtwa toɔ no nso wɔfrɛ no "Juka“ wɔyɛ saa ayie wɔ berɛ a abusua mpanimfoɔ akɔ nhyiamu bebree na wɔn nyinaa adwene akɔ bɛnkorɔ mu.

1.4.8 Asase din ne wɔn wura sesa

Builsa North mansini no asase nyɛ ankorɛankorɛ bi dea na mmom abusua mpanimfoɔ a wɔhwɛ asase no so wɔ wɔn abusua ananmu dea. Ɔhene no na mmom ɔhwɛ asase no nkyekyɛeɛ ne ne tɔn so. Tindanafoɔ (kuromafoɔ anaa wɔn a wɔbɛ tenaa asase no so kane) ne asase no wuranom ankasa.

Sikasɛm sesa

Builsa North mansini no yɛ akuraase bi a dwuma a ebu afa so wɔ hɔ ne kuadwuma a ɛyɛ adwuma titire a akuafoɔ a wɔn anakasa yɛ wɔn dwuma yɛ de nya sika. Builsa North mansini no wɔ beaeɛ a ɛyɛ pa ara a ɛtwetwe nsrahywɛfoɔ. Deɛ ɛka ho bi ne Sissili Central kwae a wɔde asie a ne beaeɛ wɔ 155.09sq km, Abuga Crocodile pond a ɛwɔ Uwasi, Fiisa Abosomfie ne Doninga nkoa dwa.

Mmarahyɛbadwafoɔ sesa

Election Member Party
1992 Sylvester Azantilow National Democratic Congress
1996 Theodore Basil Anuka National Democratic Congress
2004 Agnes Asangalisa Chigabatia New Patriotic Party
2008 Timothy Awotiirim Ataboadey National Democratic Congress
2012 James Agalga National Democratic Congress

Abatoɔ sesa

Mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) Ghanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ[4]

Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) Timothy Awotiirim Ataboadey Mpem nwɔtwe ahanu ne aduonum nkron (8,259) Aduanan mmiɛnsa ne akyirepɔ baako (43.1)
Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) Agnes Asangalisa Chigabatia Mpem nsia ahankron ne aduowɔtwe nwɔtwe (6,988) Aduasa nsia ne akyirepɔ num (36.5)
People's National Convention

(PNC)

Thomas Akum-Yong Mpem mmiɛnsa ahasa ne aduosia baako (3,361) Dunson ne akyirepɔ num (17.5)
Akokɔ Kɔkɔɔ Amanyɔkuo (CPP) Dominic Davinus Atibil Ahanum ne aduonum nson (557) Mmienu ne akyirepɔ nkron (2.9)
Mma dodoɔ Apem ɔha ahanu ne aduoson baako (1,271) Nsia ne akyirepɔ nsia (6.6)
Deɛ ɛkɔ baeɛ

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. "Archive copy". Archived from the original on 2021-12-04. Retrieved 2021-12-04. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. https://www.parliament.gh/mps?mp=262
  3. https://web.archive.org/web/20160518142403/http://statsghana.gov.gh/docfiles/2010_District_Report/Upper%20East/BUILSA%20NORTH.pdf
  4. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/election2008/parliament.constituency.php?ID=266